Ɔfã 1—Munnwen Afoforo Ho
1 Yɛn ani gye sɛ yehu Yehowa nkurɔfo honhom mu yiyedi a ama asafo ahorow no redɔɔso no. Wɔ mmeae bi, titiriw nkurow akɛse mu no, wohyiam wɔ Ahenni Asa ahorow so bere biara, na ɛtɔ mmere bi a, ɛhwehwɛ sɛ asafo pii hyiam wɔ Ahenni Asa koro so.
2 Ɛsɛ sɛ asafo a wohyiam wɔ Ahenni Asa no so no mu biara siesie hɔ fɛfɛɛfɛ ma anuanom a wodi hɔ a wɔbɛba no. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ nkongua no fɛfɛɛfɛ, de nhoma biara hyɛ ne hyɛbea, na wɔsesaw wɔn ankasa nneɛma biara a wogyaw guu Ahenni Asa no so fi hɔ. Ɛsɛ sɛ wosiesie beae a wogya wɔn anan wɔ hɔ no fɛfɛɛfɛ, hwɛ hu sɛ wɔde samina ne mpopaho agu hɔ de krataa a wɔde gya wɔn anan foforo ahyɛ nea asa no ananmu na wɔatow nwura agu.
3 Sɛ ɛnkyɛ na wɔafi nhyiam foforo ase a, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔka hɔ wɔ nhyiam a edi kan no akyi no kyɛ dodo, na wotwitware wɔn ananmu wɔ ahosiesie a wɔyɛ ma nhyiam a edi hɔ no ho. Ebia faako a wɔde kar sisi wɔ Ahenni Asa no ho sua, na ɛbɛyɛ ayamye sɛ wobefi hɔ ntɛm na ama wɔn a wɔreba no anya baabi de wɔn de asi. Ɔkwan foforo so no, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ nhyiam a edi hɔ no du hɔ ntɛm dodo, na wɔma nkyereso a ɛho nhia ba.
4 Faako a asafo pii hyiam wɔ hɔ no, ɛho hia titiriw sɛ wɔde biakoyɛ kɛse yɛ Ahenni Asa no so a wobesiesie dapɛn biara no ho nhyehyɛe. Sɛ edu mo asafo no so a, monhwɛ nhu sɛ mubesiesie hɔ nyinaa fɛfɛɛfɛ ntɛm.
5 Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ asafo ahorow no mu biara sesa ne nhyiam bere, te sɛ bere a ɔmansin sohwɛfo bɛsra wɔn no. Sɛ ɛka asafo foforo a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di kan ka kyerɛ saa asafo no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi abɔ wɔn adawurubɔfo no amanneɛ ntɛm. Afei nso, sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ dwumadi bi a wɔma ho kwan, te sɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu anaasɛ ɔmansin no mpanyimfo nhyiam a, ɛsɛ sɛ wodi kan hu asafo afoforo ne amansin so ahwɛfo biara a ɛbɛka wɔn no ntɛm; ɛno remma wɔnyɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia wɔ Ahenni Asa no so wɔ bere koro no ara mu.
6 Asafo ahorow pii a ɛsono ɔmansin a wɔwom wɔ hɔ a wohyiam wɔ asa ahorow so. Ɛho hia sɛ ahwɛfo akwantufo a wɔrekɔsom wɔ asa ahorow yi so no ka nsrahwɛ no ho asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ ahwɛfo akwantufo baanu yɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe wɔ dapɛn koro no ara mu a, nea ebetumi afi mu aba ne nsakrae a ɛka akyi anaasɛ nsɛnnennen afoforo.
7 Afoforo a asafo ahorow no befi ɔdɔ mu asusuw wɔn ho, nkitahodi pa, nhyehyɛe a wobedi kan ayɛ, ne biakoyɛ bɛboa ma abusuabɔ a ɛyɛ anigye atra wɔn ntam, na ‘wɔayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’—1 Kor. 14:40.