Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/95 kr. 8
  • San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Brochure Nyinaa Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Brochure Nyinaa Nkyɛn
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 7/95 kr. 8

San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Brochure Nyinaa Nkyɛn

1 Ɔsomafo Paulo kamfoo Filipifo efisɛ ‘wofii ase dwen ne ho bio.’ (Fil. 4:10) Sɛ yɛfa wɔn nhwɛso no sɛ asɛnka adwuma no ho nhwɛsode a, ‘yebefi ase adwen’ wɔn a yedi wɔn adanse no “ho bio,” na yɛayɛ ntɛm akɔsra wɔn bio.

2 Sɛ wode “Nniso a Ɛde Paradise Bɛba” “brochure” na ɛmae a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Ná meresusuw nkɔmmɔ a yɛbɔɔ no nnaano no ho, na kyerɛw nsɛm abien baa m’adwenem a mepɛ sɛ me ne wo susuw ho. Wobɛkae sɛ yɛkaa asase so tumidi a Onyankopɔn bɛfa ho asɛm. Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ wɔ Bible mu sɛ eyi bɛba. [Kenkan Daniel 2:44.] Wugye di sɛ ebetumi aba ampa? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Onyankopɔn ka wɔ tumi a otumi ma ne bɔhyɛ ahorow bam ho. [Kenkan Yesaia 55:11.] Ɛnsɛ sɛ ɛno hyɛ yɛn nkuran ma yenya Onyankopɔn Ahenni no mu ahotoso? Nanso bere bɛn na Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam?” Kyerɛkyerɛ mu sɛ wubebua saa asɛm no wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

3 Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ wɔ obi a ogyee “brochure” a ɛne “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” no hɔ a, wubetumi afa saa kwan yi so:

◼ “Esiane yɛn nkɔmmɔbɔ a ɛfa obi a yebetumi ahwere no wɔ owu mu ho no nti, mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛsan aba.” Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 30 no kyerɛ no na ka sɛ: “Wokae saa mfonini a ɛyɛ anigye a ɛfa nnipa a wɔrenyan wɔn ma wɔne wɔn adɔfo abom atra bio ho yi? Mibisaa wo baabi a eyi besi, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa asase so no ho asɛm. Ebia woahu mmuae a Bible no de ma a ɛwɔ saa brochure yi kratafa 26 no.” Mommɔ nkyekyem abiɛsa kosi nkyekyem anum no mu nsɛntitiriw ho nkɔmmɔ, na kenkan Yohane 5:21, 28, 29. Kenkan kyerɛw nsɛm a aka wɔ kratafa no mu no biara kyerɛ no sɛnea bere bɛma kwan.

4 Wufii adesua ase wɔ “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” mu? Sɛ wokɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi ayɛ eyi:

◼ Dan kɔ kratafa 30 so bio, na twe adwene si asemmisa a ɛne sɛ: “Akwan horow bɛn so na Bible no da nsow?” no so. Dan kɔ nkratafa 3 ne 4, na munsusuw nkyekyem 1-4 ne mfonini a ɛwɔ brochure no akyi no ho. Kenkan kyerɛw nsɛm biako anaa abien a wɔatwe adwene asi so wɔ kratafa 4 ase hɔ asɛm no mu no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ Bible nkutoo ne nhoma a ɛde anidaso a ɛte saa a ɛyɛ anigye ma. Yɛ wo nsrahwɛ a edi hɔ ho nhyehyɛe. Mo nhyiam a ɛto so abiɛsa akyi no, sɛ ɛda adi sɛ adesua no bɛkɔ so a, wubetumi afi ase abu ho akontaa sɛ ɛyɛ adesua foforo!

5 Wubetumi asan afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ “The Divine Name That Will Endure Forever” mu wɔ saa kwan yi so:

◼ “Bere bi a atwam no, mitumi kyerɛɛ wo Onyankopɔn din wɔ Bible no mu. Yehowa din a yebehu na yɛde adi dwuma no yɛ yɛn som fã a ɛho hia.” Dan kɔ kratafa 31, munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem anan a etwa to no ho, na monkenkan Yohane 17:3 ne Mika 4:5. Kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛwɔ Bible adesua nhyehyɛe a ebetumi akyerɛ sɛnea wɔbɛtew Onyankopɔn din ho ɔkwampa so, ne sɛnea yebetumi anya paradise asase so nhyira horow mu kyɛfa no.

6 Enti, fi ase susuw nkurɔfo a woakɔ wɔn nkyɛn no ho bio. Fa mmɔdenbɔ san kɔ wɔn nkyɛn, na siesie biribi a mfaso wɔ so a wobɛka akyerɛ wɔn. Wubetumi ayɛ obi a ‘ɔsow aba ankasa’ wɔ nnipa foforo a wɔyɛ wɔn asuafo no mu.—Mat. 13:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena