Onyankopɔn Ahenni—Worenya Mu Ntease?
“Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase.”—MATEO 13:23.
1. Gyidi a nkurɔfo taa nya wɔ ‘ɔsoro ahenni no’ ho no bi ne dɛn?
WOANYA nea Onyankopɔn Ahenni yɛ no mu ‘ntease’? Wɔ mfehaha a atwam mu no, adwene a nkurɔfo anya wɔ ‘ɔsoro ahenni no’ ho no adɔɔso pii. Gyidi a asɔrefo binom taa nya ne sɛ Ahenni no yɛ biribi a Onyankopɔn de hyɛ obi komam bere a wasakra no. Afoforo te nka sɛ ɛyɛ baabi a nnipa pa kɔ wɔ owu akyi konya anigye daa. Afoforo nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn agyaw ama nnipa sɛ wɔmfa Ahenni no mmra asase so denam mmɔden a wɔbɛbɔ de Kristofo nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ahyɛ asetra ne amansɛmdi mu no so.
2. Bible kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no mu dɛn, na dɛn na ɛbɛyɛ?
2 Nanso, Bible da no adi pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni nyɛ asase so ahyehyɛde bi. Ɛnyɛ komam tebea, na saa ara na ɛnyɛ adesamma abusua a wɔdan wɔn Kristofo nso. Ampa, dekode a saa Ahenni yi yɛ ho ntease a ɛfata no de nsakrae akɛse ba wɔn a wɔkyerɛ mu gyidi no asetra mu. Nanso Ahenni no ankasa yɛ ɔsoro nniso a Onyankopɔn na ɔde asi hɔ a edi Onyankopɔn apɛde ho dwuma, na eyi bɔne ne owu ho haw no fi hɔ de trenee tebea san ba asase so. Ahenni no redi tumi wɔ soro dedaw, na ɛrenkyɛ, “ebebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:15; 12:10.
3. Bere a Yesu fii ne som adwuma no ase no, hokwan bɛn na ebue maa nnipa?
3 Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kyerɛwee sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ saa Ɔsoro Ahenni nkyerɛkyerɛ yi a na ɛne Yesu kyerɛkyerɛ titiriw, a ɛyɛ biribi ketewaa bi wɔ Kristofo gyidi ahorow mu no, yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ soronko koraa sen biara a akanyan nnipa nsusuwii na asakra no pɛn no mu biako.” Efi mfiase pɛɛ no, na Yesu som adwuma no asɛmti ne: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Na ɔwɔ hɔ sɛ Ɔhene a wɔasra no, na anigye mu anigye, afei na ɛnyɛ sɛ hokwan no rebue ma nnipa anya saa Ahenni no mu nhyira horow nko, na mmom na wɔne Yesu bɛyɛ yɔnkodifo ne asɔfo wɔ saa Ahenni no mu nso!—Luka 22:28-30; Adiyisɛm 1:6; 5:10.
4. Wɔ afeha a edi kan no mu no, dɛn na nnipadɔm no yɛe wɔ “ahenni no ho asɛmpa no” ho, na ekowiee atemmu bɛn mu?
4 Ɛwom sɛ nnipadɔm na wɔtee “ahenni no ho asɛmpa no” de, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na egye dii. Ne fã bi fi nyamesom akannifo a ‘wɔtoo ɔsoro ahenni mu nnipa anim’ no. Wɔnam wɔn atoro nkyerɛkyerɛ so ‘faa nimdeɛ safe.’ Esiane sɛ nnipa dodow no ara pow Yesu sɛ Mesia, ne Onyankopɔn Ahenni no Hene a wɔasra no nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.”—Mateo 4:23; 21:43; 23:13; Luka 11:52.
5. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔtee Yesu mfatoho ahorow no dodow no ara kyerɛe sɛ wɔantie ante ase?
5 Bere bi a na Yesu rekyerɛkyerɛ nnipakuw kɛse bi no, ɔde mfatoho ahorow dii dwuma sɛnea na ɔtaa yɛ no de sɔɔ nnipakuw no hwɛe, na ɔde huu wɔn a na Ahenni no ho anigye a wɔwɔ no yɛ aniani de no. Na mfatoho a edi kan no fa ogufo bi a oguu aba wɔ nsase ahorow anan so ho. Na abiɛsa a edi kan no nyɛ nea wodua so ade a ɛyɛ yiye, nanso na nea etwa to no yɛ “asase pa” a ɛsow aba pa. Mfatoho tiawa no de afotu yi na ewiei: “Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!” (Mateo 13:1-9) Wɔn a na wɔwɔ hɔ no dodow no ara tee ne nsɛm no, nanso ‘wɔantie.’ Na biribiara nkanyan wɔn, na wɔn ani nnye ho ankasa sɛ wobehu sɛnea aba a wogu wɔ tebea horow mu no te sɛ ɔsoro Ahenni no. Wɔsan kɔɔ wɔn afie mu kɔtoaa wɔn da biara da asetra so, a ebia na wosusuw sɛ Yesu mfatoho ahorow no yɛ abrabɔ ho anansesɛm a ɛyɛ dɛ ara kwa. Hwɛ ntease a emu dɔ, ɛne hokwan ne mfaso akɛse ara a wɔhweree esiane sɛ na wɔn koma apirim nti!
6. Dɛn nti na Yesu asuafo no nkutoo na wɔde “ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no” mu ntease maa wɔn?
6 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.” Ɔfaa Yesaia asɛm no ka kaa ho sɛ: “Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔamuamua wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare. Na mo de, nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte.”—Mateo 13:10-16, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Marko 4:11-13.
Ahenni no ‘Mu Ntease a Wonya’
7. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebenya Ahenni no mu ‘ntease’?
7 Yesu kyerɛɛ nea ɔhaw no fi. Na ɛfa Ahenni asɛm no ‘mu ntease a wonya’ ho. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ kokoam sɛ: “Enti afei muntie ogufo ho bɛ no: Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nsase ahorow anan no gyina hɔ ma koma mu tebea ahorow a wobedua “ahenni no ho asɛm” wom no.—Mateo 13:18-23, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Luka 8:9-15.
8. Dɛn na amma “aba” a woguu no nsase ahorow abiɛsa a edi kan mu no ansow aba?
8 Na “aba” no nyinaa yɛ papa, nanso sɛ ɛbɛsow aba a, na ebegyina asase no tebea so. Sɛ koma mu asase no te sɛ ɔkwan a adagyew nni so a dwumadi pii a ɛnyɛ honhom mu de ama so ayɛ den a, ɛrenyɛ den sɛ nea ɔte Ahenni asɛm no de biribi beyi ne ho ano, na waka sɛ onnya bere mma Ahenni no. Wobetumi ahwim aba a wɔanhwɛ no yiye no ntɛm ansa na agye ntini. Na sɛ woguu aba no wɔ koma a ɛte sɛ abotan asase so nso ɛ? Ebia aba no befifi, nanso ɛbɛyɛ den sɛ ne ntini no benyin akɔ fam akodu baabi a ebenya aduan ne ahoɔden. Sɛ onii no susuw ho sɛ ɔreba abɛyɛ Onyankopɔn somfo ɔsoɔmmerɛfo, titiriw wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu a, ɛbɛyɛ no sɛ ɛyɛ ade a ɛboro ne so, na ɛbɛto no hintidua. Na afei nso sɛ dadwen anaa honam fam ahonyade ho akɔnnɔ a ɛte sɛ nsɔe ayɛ koma no asase mu ma a, ebemia Ahenni dua a ɛyɛ mmerɛw no. Wɔ saa asetra mu tebea abiɛsa yi mu no, wɔrensow Ahenni aba biara.
9. Dɛn nti na aba a woguu no asase pa mu no tumi sow aba pa?
9 Nanso, Ahenni aba a woguu no asase pa mu no nso ɛ? Yesu bua sɛ: “Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.” (Mateo 13:23, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ wonya Ahenni no mu ‘ntease’ a, wɔbɛsow aba pa sɛnea wɔn mu biara tebea te.
Ntease a Wonya De Asɛyɛde Ba
10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ Ahenni no mu ‘ntease’ a wonya no de nhyira ne asɛyɛde ba? (b) Na ahyɛde a Yesu de mae sɛ wɔnkɔyɛ asuafo no fa afeha a edi kan mu asuafo no nkutoo ho anaa?
10 Bere a Yesu de mfatoho foforo asia mae de kyerɛɛ Ahenni no ho nneɛma ahorow no akyi no, obisaa n’asuafo no sɛ: “Moate eyinom nyinaa ase anaa?” Bere a woyii ano sɛ “yiw” no, ɔkae sɛ: “Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.” Na nkyerɛkyerɛ ne ntetee a Yesu de maa n’asuafo no bɛma wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a wobetumi ayi honhom fam aduampa a enni ano afi wɔn ‘ademude’ mu aba. Na eyi mu pii fa Onyankopɔn Ahenni no ho. Yesu maa emu daa hɔ sɛ ɛnyɛ nhyira nko na obi a obenya Ahenni no mu ‘ntease’ benya, na mmom asɛyɛde nso. Ɔde ahyɛde mae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 13:51, 52; 28:19, 20, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
11. Bere a 1914 dui no, nsɛm a ɛfa Ahenni no ho bɛn na esisii?
11 Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, wakɔ so ne ne nokware asuafo no atra wɔ mfehaha no mu de abesi nnɛ. Wɔ saa nna a edi akyiri yi mu no, wama wɔn ntease nkakrankakra, na ɔde nokware hann a ɛrehyerɛn a wɔde bedi dwuma no nso ho asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa. (Luka 19:11-15, 26) Wɔ 1914 mu no, Ahenni ho nsɛm fii ase sisii ntɛmntɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Saa afe no, ɛnyɛ sɛ ‘wɔwoo’ Ahenni a wofi bere tenten hwɛɛ kwan no nko, na mmom “wiase awiei” no fii ase. (Adiyisɛm 11:15; 12:5, 10; Daniel 7:13, 14, 27) Esiane sɛ nokware Kristofo ahu nea nsɛm a ɛresisi nnansa yi kyerɛ no nti, wɔayɛ Ahenni asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu. Yesu kaa eyi ho asɛm too hɔ sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
12. (a) Dɛn na afi nnɛyi Ahenni no ho adanse a wɔadi akɔ akyiri no mu aba? (b) Wɔ saa akyinnye wiase yi mu no, asiane bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo?
12 Saa Ahenni adanse kɛse yi adu nsase bɛboro 230 so. Nokware asuafo bɛboro ɔpepem anum renya saa adwuma yi mu kyɛfa dedaw, na wogu so reboaboa afoforo nso ano. Nanso sɛ yɛde asuafo no dodow toto asase so nnipa ɔpepepem 5.6 no ho a, ɛda adi sɛ sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, adesamma mu nnipa dodow no ara nni Ahenni no ho ‘ntease.’ Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, nnipa pii di fɛw ka sɛ: “Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he?” (2 Petro 3:3, 4) Asiane a ɛwɔ hɔ ma yɛn Kristofo ne sɛ, gye a wogye wɔn ho di, nneɛma ho akyinnye a wogye, ne wɔn honam fam ade dodowpɛ su no betumi de nkakrankakra anya sɛnea yebu yɛn Ahenni hokwan ahorow no so tumi. Bere a wiase yi mu nnipa atwa yɛn ho ahyia no, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebefi ase anya wɔn su ne wɔn nneyɛe no bi. Hwɛ hia a ɛho hia sɛ yebenya Onyankopɔn Ahenni no mu ‘ntease’ na yɛakura mu denneennen!
Ahenni no Ho Adwene a Yɛwɔ a Yɛbɛhwehwɛ Mu
13. Ɛdefa ahyɛde a ese yɛnka Ahenni asɛmpa no ho no, yɛbɛyɛ dɛn ahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ yegu so reyɛ aso ‘atie’ no ntease mu?
13 Yesu kaa otwa bere a yɛte mu yi ho asɛm sɛ: “Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu . . . Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!” (Mateo 13:41, 43) Wugu so de asoɔmmerɛw ‘retie’ ahyɛde a ese yɛnka Ahenni no ho asɛm na yɛnyɛ asuafo no? Kae, “nea woguu no asase pa mu no” ‘tee asɛm no, na ɔtee ase’ na ɔsow aba pa.—Mateo 13:23.
14. Sɛ wɔde afotu ma a, ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ afotu a wɔde ama no mu ‘ntease’?
14 Bere a yɛreyɛ kokoam adesua ne bere a yɛrekɔ Kristofo nhyiam horow no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkom yɛn koma ma ntease.’ (Mmebusɛm 2:1-4) Sɛ wɔde afotu a ɛfa abrabɔ, ntadehyɛ, nnwom, ne anigyede ho ma a, ɛsɛ sɛ yɛma esian kɔ yɛn koma mu, na ɛka yɛn ma yɛyɛ nsakrae biara a ɛho hia. Ɛnsɛ sɛ wobrɛ no ase, hwehwɛ anoyi, anaa wofa kwan foforo so kwati sɛ wode bɛyɛ adwuma da. Sɛ Ahenni no yɛ paa ara wɔ yɛn asetra mu a, yɛde ne gyinapɛn ahorow bɛbɔ yɛn bra, na yɛde nnamyɛ abɔ no dawuru akyerɛ afoforo. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—Mateo 7:21-23.
15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan’?
15 Nea nnipa taa yɛ ne sɛ wobedwennwen aduan, ntade, ne atrae a wohia ho, nanso Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33, 34) Sɛ wode nneɛma a ɛho hia resisi hɔ a, fa Ahenni no di kan wɔ w’asetra mu. Mma w’asetra nnyɛ hwanyann, na ma nneɛma a ɛho hia nnɔɔ wo so. Ɛbɛyɛ nnaadaa sɛ yɛde nnwuma ne agyapade a ɛho nhia bɛhyɛ yɛn asetra ma, na ebia yɛasusuw sɛ eyi a yɛbɛyɛ no fata, efisɛ saa nneɛma yi nhyɛ da nyɛ bɔne ankasa. Ɛwom sɛ ɛno betumi ayɛ nokware de, nanso saa nneɛma a ɛho nhia no a yebenya na yɛde adi dwuma no bɛka kokoam adesua ho nhyehyɛe a yɛbɛyɛ, Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ, ne asɛnka adwuma a yɛbɛyɛ no dɛn? Yesu kae sɛ Ahenni no te sɛ oguadini bi a ohuu “ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:45, 46) Saa na ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho. Ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo, na ɛnyɛ Dema, a ‘esiane sɛ na wapɛ mprempren wi yi ase nti,’ ɔde ɔsom adwuma no too nkyɛn no.—2 Timoteo 4:10, 18; Mateo 19:23, 24; Filipifo 3:7, 8, 13, 14; 1 Timoteo 6:9, 10, 17-19.
“Wɔn a Wɔnteɛ no Rennya Onyankopɔn Ahenni No”
16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no mu ‘ntease a yebenya’ no bɛboa yɛn ma yɛakwati abrabɔ bɔne?
16 Bere a na Korinto asafo no rema ɔbrasɛe ho kwan no, Paulo kaa no pen sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ yenya Onyankopɔn Ahenni no mu ‘ntease’ a, yɛrennaadaa yɛn ho nsusuw sɛ bere tenten a Yehowa hu sɛ yɛn ani abere wɔ Kristofo som adwuma mu no de, ɔbɛma ɔbrasɛe bi ho kwan. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ahohwi din mpo wɔ yɛn mu. (Efesofo 5:3-5) Woahyɛ no nsow sɛ wiase yi nsusuwii anaa nneyɛe tantan no bi afi ase reba w’asetra mu? Twa fi w’asetra mu ntɛm ara! Ahenni no som bo dodo sɛ wode saa nneɛma no bɛsesa.—Marko 9:47.
17. Akwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no ho anisɔ bɛma ahobrɛase akɔ so, na ayi hintiduato afi hɔ?
17 Yesu asuafo no bisae sɛ: “Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?” Yesu de abofra ketewa bi gyinaa wɔn mfinimfini buaa wɔn sɛ: “Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofraa a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofraa yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:1-6) Ahantanfo, wɔn a hwee nsɔ wɔn ani, wɔn a wonnwen afoforo ho, ne amumɔyɛfo renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na ɛnyɛ ade a wɔbɛyɛ Ahenni no nkoa nso. So ɔdɔ a wowɔ ma wo nuanom, w’ahobrɛase, wo Nyankopɔn suro, ka wo ma wohwɛ sɛ womfa w’abrabɔ nto afoforo hintidua? Anaasɛ nea “ɛfata” wo ara na wohwehwɛ a sɛnea saa suban anaa abrabɔ yi bɛka afoforo no mfa wo ho?—Romafo 14:13, 17.
18. Sɛ Onyankopɔn Ahenni ma nea Ɔpɛ yɛ “asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” a, dɛn na ɛde bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo?
18 Ɛnkyɛ yɛn soro Agya, Yehowa, bebua mpaebɔ a efi koma mu yi koraa: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” Ɛnkyɛ koraa, Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no bɛba a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛtra n’atemmu agua so, na wapaapae “nguanten” ne “mpapo” mu. Wɔ saa bere a wɔahyɛ no mu no, “ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!” Mpapo no “befi hɔ akɔ daa ahoyeraw [daa ɔyera, NW] mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.” (Mateo 6:10; 25:31-34, 46) ‘Ahohiahia kɛse no’ beyi nhyehyɛe dedaw no ne wɔn a wɔmpɛ sɛ wobenya Ahenni no mu ‘ntease’ nyinaa afi hɔ. Nanso nnipa ɔpepem pii a wobetwa ‘ahohiahia kɛse no’ ne ɔpepepem pii a wobenyan wɔn no benya Ahenni nhyira horow a ɛto ntwa da wɔ Paradise asase a wɔbɛsan de aba no mu. (Adiyisɛm 7:14) Ahenni no yɛ asase so nniso foforo a efi soro redi tumi. Ebedi atirimpɔw a Yehowa wɔ ma asase ne nnipa no ho dwuma akosi ase, a ne nyinaa bɛtew ne din kronn a ɛkyɛn so no ho. Ɛno nyɛ agyapade a ɛfata yiye sɛ yɛyɛ ho adwuma, de nneɛma bobɔ afɔre wɔ ho, na yɛtwɛn? Saa na ɛsɛ sɛ Ahenni no mu ‘ntease’ a yebenya no kyerɛ ma yɛn!
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
◻ Dɛn nti na Yesu atiefo no dodow no ara annya Ahenni no mu ‘ntease’?
◻ Ɔkwan bɛn so na Ahenni no mu ‘ntease’ a wonya no de nhyira ne asɛyɛde ba?
◻ Ɛdefa asɛnka ho no, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛanya Ahenni no mu ‘ntease’?
◻ Ɔkwan bɛn so na yɛnam yɛn abrabɔ so kyerɛ sɛ yɛanya afotu a wɔde ama no mu ‘ntease’?
[Kratafa 17 mfonini ahorow]
Yesu asuafo no nyaa Ahenni no mu ‘ntease,’ na wɔsow aba pa