Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/1 kr. 15
  • ‘Wɔhyerɛn sɛ Akanea Ewiase’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔhyerɛn sɛ Akanea Ewiase’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɛsɛ sɛ Wohwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no Bi
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/1 kr. 15

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Wɔhyerɛn sɛ Akanea Ewiase’

YEHOWA ADANSEFO da nsow na wɔtaa ka wɔn ho nsɛmmɔne esiane sɛ wonnye mogya nti. Nanso gyinabea yi gyina Bible no so pintinn. Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kasa tia mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, esiane sɛ ɛsom bo wɔ n’ani so nti. (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:14) Esiane nhwehwɛmu a Yehowa Adansefo ayɛ wɔ asɛm yi ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nti, wɔka sɛ Bible no ahyɛde a ɛne sɛ ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ no fa nnɛyi adeyɛ a ɛne mogya a wɔde ma no ho pefee.—Asomafo no Nnwuma 15:19, 20, 29.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, nnuruyɛfo ne aman bi mu asennibea ahorow abegyina Yehowa Adansefo akyi wɔ saa ɔsɛmpɔw yi ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Denmark no, ɛna kumaa bi a onim Bible no adwene wɔ mogya ho no nam lɔre akwanhyia so wui. Esiane sɛ wannye mogya nti, aduruyɛfo a wɔhwɛɛ no no nam nsɛm amanneɛbɔ so kanyan nitan tiaa Yehowa Adansefo no ɔsram biako.

Ababaa no awofo srɛe sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu, na wɔ April 1994 mu no, Denmark Ayarefo Sobo Bagua de gyinaesi bi too gua. Ɛkae sɛ, ɛnyɛ mogya a ɔyarefo no annye no na ɛma owui, na mmom aduruyɛ mu anibiannaso nti. Wɔde gyinaesi no gyinaa nhwehwɛmu ahorow a Aduruyɛ mu Nokwasɛm ne Ɛho Mmara Ho Bagua ne nnuruyɛfo yɛe no so. Wɔ krataa bi a wɔde kɔmaa ayaresabea a ɛwɔ Denmark nyinaa mu no, Ɔman no Bagua a Ɛhwɛ Akwahosan So no kae sɛ, aduruyɛfo wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛfa ɔkwan foforo a eye sen biara so ahwɛ Yehowa Adansefo yare bere a wɔma pow a wɔpow sɛ wobegye mogya no tra wɔn adwenem no.

Asɛm foforo nso fa Dan, Ɔdansefo abarimaa bi a wadi mfe 15 a ɔyare bi a wɔfrɛ no leukemia kum no no ho. Wɔ asɛm yi mu no, aduruyɛfo no kyerɛɛ obu maa gyinae a Dan de akokoduru pow mogya a wɔde ma no. Eyi maa nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa ho asɛm pii de Dan wu no ho asodi too aduruyɛfo no so. Nanso nnipa pii annye wɔn nnaadaasɛm bɔne no antom.

Sɛ nhwɛso no, sukuu a na Dan kɔ no kyerɛkyerɛfo panyin baa Ahenni Asa so betiee ayi ase kasa no. Ɔdaa ahodwiriw adi wɔ Dan wu no ho amanneɛbɔ a ɛnteɛ no ho. Bere a ɔkɔɔ ne yɔnko dwumayɛfo bi a ɔyɛ Ɔdansefo nkyɛn bisabisaa no nsɛm pii faa Yehowa Adansefo ho no, ogyee Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no biako. N’ani gyee video no ho araa ma ɔyɛɛ nhyehyɛe maa sukuu no mu akyerɛkyerɛfo nyinaa hwɛɛ bi. Akyiri yi, woyii video no kyerɛɛ sukuufo no nyinaa, adesuakuw biara mmiako mmiako.

Denmark ɔsoafo a ɔhwɛ akwahosan so no nso annye nsɛm pii a ɛmfata a wɔka faa aduruyɛfo a wɔhwɛɛ Dan ho no antom. Ɔkae sɛ aduruyɛfo no ayɛ nea ɛteɛ denam obu a wɔkyerɛ maa Dan gyinaesi a ɛda ahokokwaw adi ne ne gyidi a ɛwɔ nnyinaso pa no.

Ahenni adawurubɔfo ɔpepem pii wɔ hɔ a wodi Onyankopɔn mmara horow so. Esiane wɔn setie no nti, wɔda nsow na ‘wɔhyerɛn sɛ akanea ewiase.’—Filipifo 2:12, 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena