Ɛsɛ sɛ Wohwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no Bi
Nimdeɛ a wowɔ wɔ aduruyɛ a wɔmfa mogya nka ho a wubetumi apaw no ho mu dɔ kodu he? So wote nnuru a wɔde si mogya ananmu no bi ne sɛnea ɛyɛ adwuma no ase? Hwɛ saa video yi na fa nsɛmmisa a edidi so yi sɔ wo nimdeɛ hwɛ.—Monhyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔatwa oprehyɛn a wɔreyɛ ho mfonini kakra aba video yi mu nti, ɛsɛ sɛ awofo de atɛmpa di dwuma bere a wɔne mmofra nkumaa rehwɛ no.
(1) Ntease titiriw bɛn nti na Yehowa Adansefo nnye mogya, na Bible mu hefa na saa nnyinasosɛm no wɔ? (2) Ɛdefa aduruyɛ ho no, dɛn na yɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn? (3) Hokwan titiriw bɛn na ayarefo wɔ? (4) Dɛn nti na ntease wom na wowɔ hokwan sɛ wunnye mogya? (5) Sɛ obi hwere mogya pii a, hokwan atitiriw abien bɛn na nnuruyɛfo wɔ a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ntɛm? (6) Akwahosan mu asiane bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (7) Dɛn ne nnwinnade a nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn wɔ a wobetumi de adi dwuma na amma obi anhwere mogya pii bere a wɔreyɛ oprehyɛn bi no? (8) Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu wɔ nnuru a wotumi de si mogya ananmu ho? (9) So wobetumi ayɛ oprehyɛn ahorow a ɛyɛ hu na ɛyɛ den bere a wɔmfa mogya nni dwuma wom? (10) Dɛn na nnuruyɛfo pii pɛ sɛ wɔbɛyɛ de aboa Yehowa Adansefo, na dɛn na bere bi akyi no wobegyina so ahwɛ ayarefo nyinaa?
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ mmoa sɛ wo ne wo Bible suani biara, wo hokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo anaa w’abusuafo, wo mfɛfo adwumayɛfo, akyerɛkyerɛfo, ne wo mfɛfo sukuufo a ebia wobebisa yɛn gyinabea wɔ mogya ho asɛm no bɛhwɛ No Blood video yi. Ɔkwan a wɔfa so sa yare a wɔada no adi wɔ video no mu a obi begye atom no yɛ n’ankasa gyinae a ofi ahonim pa mu si.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15 ne October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban mu no.