Hwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no na Nya So Mfaso
Aduruyɛ a mogya nka ho a wubetumi apaw no ho nimdeɛ a wowɔ no kodu he? So wunim nnuru a wɔde si mogya ananmu no bi na wote sɛnea ɛyɛ adwuma no ase? Hwɛ saa video yi na fa nsɛmmisa a edidi so yi sɔ wo nimdeɛ hwɛ.—Monhyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔatwa oprehyɛn a wɔreyɛ ho mfonini kakra aba video yi mu nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw ho hwɛ sɛ ebia wɔbɛma wɔn mma nkumaa ahwɛ bi.
(1) Ntease titiriw bɛn nti na Yehowa Adansefo nnye mogya, na Bible mu hefa na saa nnyinasosɛm no wɔ? (2) Ɛdefa aduruyɛ ho no, dɛn na yɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn? (3) Hokwan titiriw bɛn na ayarefo wɔ? (4) Dɛn nti na ntease ne nyansa wom sɛ wunnye mogya? (5) Sɛ mogya pii tu obi a, hokwan atitiriw abien bɛn na nnuruyɛfo wɔ a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ntɛm? (6) Akwahosan mu asiane bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (7) Dɛn ne nnwinnade a nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn wɔ a wobetumi de adi dwuma na amma mogya pii antu obi bere a wɔreyɛ oprehyɛn bi no? (8) Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu wɔ nnuru a wotumi de si mogya ananmu no ho? (9) So wobetumi ayɛ oprehyɛn ahorow a ɛyɛ hu na ɛyɛ den bere a wɔremfa mogya nni dwuma? (10) Dɛn na nnuruyɛfo pii pɛ sɛ wɔyɛ de boa Yehowa Adansefo, na dɛn na daakye ebia wobegyina so ahwɛ ayarefo nyinaa?
Ɔkwan a wɔfa so sa yare a wɔada no adi wɔ video no mu a obi begye atom no yɛ n’ankasa gyinae a ofi ahonim pa mu si.—Hwɛ June 15, 2004, Ɔwɛn-Aban, kr. 22-4, 29-31, ne October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban, kr. 30-1.