Video a Ɛma Yehu Nea Ɛrekɔ So Wɔ Ayaresa Mu
Mmaranimfo ne ayaresafo de nidi kɛse ma ayarefo na wɔyɛ nea wɔpɛ ma wɔn. Eyi ama wɔanya akwan foforo a wɔfa so sa yare a Yehowa Adansefo betumi anya so mfaso. (Aso. 15:28, 29) Ɛno na Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights (Ayaresa a Wɔmma Mogya Wom—Ayarefo Apɛde a Wɔyɛ Ma Wɔn) video no twe adwene si so. Hwɛ na susuw nea wuhui no ho.—Hyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔyɛ oprehyɛn kakra wɔ video no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo de anifere di dwuma bere a wɔne wɔn mma nkumaa rehwɛ no.
(1) Dɛn nti na nnuruyɛfo asan susuw mogya a wɔde ma no ho? (2) Fa oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔmma mogya wom ho nhwɛso abiɛsa ma. (3) Nnuruyɛfo baahe na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsa ayarefo yare a wɔmma wɔn mogya? Dɛn nti na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? (4) Dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ayaresabea nnansa yi ama wɔahu wɔ mogya a wɔde di dwuma no ho? (5) Ayaresa mu ɔhaw ahorow bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (6) Gyinae bɛn na abenfo pii asi wɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu so mfaso ho? (7) Dɛn na ɛma obi mogya so tew? Sɛ ɛso tew a, nna ahe na obetumi atra ase? Dɛn na wobetumi ayɛ de anya bi asi ananmu? (8) Dɛn na wobetumi ayɛ na ɔyarefo no atumi anya mogya mu nkwaboaa kɔkɔɔ pii? (9) Akwan bɛn na wɔfa so na amma obi anhwere mogya pii wɔ oprehyɛn mu? (10) So nnuru a wɔde si mogya ananmu betumi aboa mmofra anaa nnipa a wɔyare denneennen no? (11) Ayaresa a ɛyɛ papa ho mmara atitiriw no mu biako ne dɛn? (12) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo di kan paw ayaresa a wɔmma mogya wom? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa na obesi ho gyinae ma ɛne n’ahonim a ɔde Bible atete no ahyia. So woasi nnuru a wɔde si mogya ananmu a wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma gye no ho gyinae? Ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo gyinae no ne nea enti a woasi no mu kyerɛ abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15 2004, ne October 15, 2000 Ɔwɛn-Aban no mu no.