Mmofra a Wɔhyerɛn sɛ Akanea
1. Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛ sɛ Kristofo bɛda nsow, na nsɛm yi fa Kristofo mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho dɛn?
1 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone wiase hann.” (Mat. 5:14, 16) Obiara behu wɔn te sɛ kurow a ɛda bepɔw so a owia hann atɔ so. Ɛnnɛ Kristofo mmofra pii nam wɔn abrabɔ pa ne nsi a wɔde di adanse no so ‘rehyerɛn sɛ akanea wɔ wiase no mu.’—Filip. 2:15; Mal. 3:18.
2. Akwan bɛn so na wubetumi afa so adi akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo adanse?
2 Wɔ Sukuu Mu: Wobɛyɛ dɛn adi adanse wɔ sukuu mu? Mmabun binom de hokwan a wonya bere a wɔresusuw nsɛm bi te sɛ nnubɔne, adannandi ne nnapɔnnadi ho wɔ sukuu mu no adi dwuma. Bere a wɔmaa onuawa bi dwumadi a ɛfa amumɔyɛsɛm ho no, ɔde hokwan a onyae no dii Onyankopɔn Ahenni ho adanse sɛ ɛno ne adesamma anidaso koro pɛ. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee ne nsɛm a emu da hɔ no ho, na ebuee kwan ma ɔsan dii no adanse.
3. Ɔkwan bɛn so na wo nneyɛe betumi ama woahyerɛn sɛ kanea wɔ sukuu mu?
3 W’abrabɔ pa ne ntade a ɛfata a wobɛhyɛ no nso yɛ ɔkwan foforo a wubetumi afa so ahyerɛn sɛ kanea. (1 Kor. 4:9; 1 Tim. 2:9) Sɛ wo mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo no hu sɛ w’ahokeka yɛ soronko a, wo nneyɛe pa no betumi ama ebinom anya nokware no ho akɔnnɔ na ɛbɛma woanya kwan aka Bible mu nokwasɛm akyerɛ wɔn. (1 Pet. 2:12; 3:1, 2) Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛda suban pa adi, nanso Yehowa behyira wo pii. (1 Pet. 3:16, 17; 4:14) Nea ɛbɛyɛ na afoforo akyerɛ asɛmpa no ho anigye no, wubetumi akenkan Bible ho nhoma bere a moregye mo ahome wɔ sukuu mu anaasɛ wubetumi agyaw ato baabi a afoforo behu.
4. Adanse a wodi wɔ sukuu mu so mfaso no bi ne dɛn?
4 Wo kanea a wobɛma ahyerɛn wɔ sukuu mu no bɛhyɛ wo gyidi den na aboa wo ma woanya Yehowa a woresom no no ho adwempa. (Yer. 9:24) Ɛsan nso bɔ wo ho ban. Onuawa bi kae sɛ: “Sɛ meka me gyidi ho asɛm a, mfaso a minya fi mu bi ne sɛ, me mfɛfo sukuufo no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma mayɛ biribi a ɛne nea Bible ka no nhyia.”
5. (a) Ɔkwan bɛn so na mmerante ne mmabaa binom retrɛw wɔn som adwuma mu? (b) Honhom fam botae bɛn na wode asi w’ani so?
5 Yɛn Som a Yɛbɛtrɛw Mu: Ɔkwan foforo a mmabun pii nam so hyerɛn sɛ akanea ne sɛ wɔtrɛw wɔn som adwuma mu. Bere a onua bi wiee ntoaso sukuu no, ɔkɔ kɔsom baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse. Ná ɔpanyin biako pɛ na ɛwɔ asafo ketewa a ɔwɔ mu no mu. Ɔkyerɛwee n’adamfo bi sɛ: “M’ani gye wɔ ha paa. Asɛnka yɛ dɛ! Sɛ yɛkɔ ofie biara mu a, yetumi de simma 20 kasa, efisɛ obiara pɛ sɛ otie nea yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn no.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛkaa me nko a, na anka aberante anaa ababaa biara reyɛ nea mereyɛ yi bi na ama n’ani agye te sɛ me. Biribiara nni hɔ a ɛsen sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛsom Yehowa.”
6. Dɛn na w’ani gye ho wɔ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ w’asafo mu no ho?
6 Yɛn ani gye mo a moyɛ mmofra a morehyerɛn sɛ akanea wɔ wiase mu no ho! (1 Tes. 2:20) Bere a wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa som Yehowa no, wubenya ɛho akatua “mmɔho ɔha saa bere yi, . . . ne daa nkwa wɔ bere a ɛreba no mu.”—Mar. 10:29, 30; 12:30.