Abrabɔ Pa a Yɛde Bedi Adanse
1 Wɔ nnɛ wiase a wɔma biribiara ho kwan mu no, mmofra pii de nnubɔne, ɔbrasɛe, atuatew, ne basabasayɛ sɛe wɔn asetra. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛyɛ abotɔyam sɛ yehu sɛ mmofra a wɔn ho tew yɛ abrabɔ ho nhwɛso pa wɔ Kristofo asafo no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ ade a Yehowa ani gye ho. Ɛyɛ adanse a edi mũ a ebetumi atwetwe afoforo aba nokware no mu.—1 Pet. 2:12.
2 Osuahu pii kyerɛ sɛ ɔbra pa a Kristofo mmofra bu no anya wɔn a wohu no so nkɛntɛnso pa. Bere a sukuu kyerɛkyerɛfo bi reka Ɔdansefo abofra bi a ɔkyerɛ no ade ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade no nyinaa sɛ saa abeawa yi Nyankopɔn, Yehowa, no ne nokware Nyankopɔn no. Ɔkaa eyi efisɛ abeawa no abrabɔ yɛ nea nidi wom bere nyinaa. Ɔkyerɛkyerɛfo foforo kyerɛw Asafo ti no sɛ: “Mepɛ sɛ mekamfo mo wɔ mmofra pa a mowɔ wɔ mo som no mu ho. . . . Mo mmofra no yɛ nhwɛso pa ankasa. Wobu wɔn mpanyimfo, wobu ade, na wɔn ahosiesie fata. Na wonim Bible yiye nso! Saa na nyamesom kyerɛ ankasa!”
3 Sukuu kyerɛkyerɛfo foforo nso ani gyee Ɔdansefo bi a wadi mfe ason a ɔkyerɛ no ade abrabɔ pa ho. Ná n’ani gye abarimaa no ahobrɛase ne ne suban pa a na ɛma ɔda nsow koraa wɔ mmarimaa a wɔaka ho no ho. N’ani gyee sɛnea abofra no bu ne som mu gyidi ahorow aniberesɛm—na ɛnyɛ no aniwu koraa sɛ esiane ne gyidi nti ɔyɛ soronko no ho. Ná otumi hu sɛ wɔatete abarimaa no ahonim ma otumi ‘yiyi papa ne bɔne mu.’ (Heb. 5:14) Awiei koraa no, abarimaa no maame kɔsraa ɔkyerɛkyerɛfo no, na wofii Bible adesua ase. Bere bi akyi no, wɔbɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no asu, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ daa ɔkwampaefo!
4 Ɔdansefo bi bra pa nyaa aberante bi a ɔwɔ ne sukuu mu so nkɛntɛnso. Ná abeawa no yɛ soronko ampa—obu ade yiye, ɔmfa n’adesua nni agoru, na na n’ahosiesie di mũ bere nyinaa; afei nso, nea ɛnte sɛ mmeawa a aka no, na ɔmfa ne ho nhyehyɛ mmarimaa no. Ná aberante no tumi hu sɛ abeawa no de Bible nnyinasosɛm na ɛbɔ ne bra. Aberante no bisabisaa no nsɛm faa ne som mu gyidi ahorow ho, na nea ohui no maa ne ho dwiriw no. Ofii ase suaa ade, na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu, na awiei koraa no ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma ne Betel som adwuma mu.
5 Sɛ woyɛ Kristoni abofra a wopɛ sɛ wudi afoforo adanse pa a, hwɛ w’abrabɔ yiye akwan nyinaa mu. Nnyae wo ho mu denam nneyɛe, nsusuwii, anaa asetra kwan a wiase no ma ho kwan ho anigye a wobɛkyerɛ so. Yɛ nhwɛso pa wɔ wo kasa, wo ntadehyɛ, ne w’ahosiesie mu, ɛnyɛ bere a woreyɛ asɛnka adwuma ne bere a wowɔ asafo nhyiam ahorow ase nko, na mmom bere a wowɔ sukuu mu ne bere a woregye w’ani nso. (1 Tim. 4:12) Sɛ obi kyerɛ nokware no ho anigye esiane sɛ womaa ‘wo kanea hyerɛn’ denam w’abrabɔ pa so nti a, w’ani betumi agye yiye.—Mat. 5:16.