So Woasiesie Wo Ho Ama Ɔyare a Ebetumi Akyere Wo Denneennen Mpofirim?
Ɔyare a emu yɛ den betumi akyere wo mpofirim. (Yak. 4:14) Enti, onitefo besiesie ne ho asie sɛnea obetumi. (Mmeb. 22:3) So woasi aduruyɛ ne akwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare ho gyinae, na woakyerɛw wo gyinaesi no ato hɔ? Wɔayɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video a ɛno na ɛto so abien wɔ DVD a wɔato din, Transfusion-Alternatives—Documentary Series no so na aboa wo. Sɛ worehwɛ video no a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa. Esiane sɛ wɔyɛ oprehyɛn kakra wɔ video no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw ho sɛ ebia wɔne wɔn mma nkumaa bɛhwɛ anaa.
(1) Dɛn nti na nnuruyɛfo binom asan asusuw mogya a wɔde ma no ho? (2) Ma oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔayɛ a wɔamma mogya wom ho nhwɛso abiɛsa. (3) Dɛn nti na nnuruyɛfo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa akyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsa yare a wɔmfa mogya mma? (4) Dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ayaresabea nnansa yi ama wɔahu wɔ mogya a wɔde di dwuma ho? (5) Ayaresa mu ɔhaw ahorow bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (6) Nsɛm bɛn na nnuruyɛfo pii aka afa mfaso a ɛwɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu so ho? (7) Dɛn na ɛma obi mogya so tew koraa, na dɛn na wobetumi ayɛ na ama wanya bi asi ananmu? (8) Dɛn na wobetumi ayɛ na ama ɔyarefo atumi anya mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ pii? (9) Akwan bɛn na wɔfa so na amma obi anhwere mogya pii wɔ oprehyɛn mu? (10) So nnuru a wɔde si mogya ananmu betumi aboa mmofra anaa wɔn a wɔyare denneennen no? (11) Ayaresa a ɛyɛ papa ho mmara atitiriw no mu biako ne dɛn?
Esiane sɛ obi begyina n’ahonim so na wagye ayaresa a wɔaka ho asɛm wɔ video no mu no bi atom nti, ɛnsɛ sɛ wotwɛn kosi sɛ ɔyare bi a emu yɛ den bɛkyere wo mpofirim ansa na woasusuw nea wobegye atom ho. “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no Ti 7 ne nsɛm afoforo a wɔatwe adwene asi so wom ne krataa a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu no bɛboa wo ma woagyina nea wɔasua so asi gyinae. Afei sɛ woabɔ asu a, kyerɛw nea woapaw no gu wo DPA krataa no so, na fa hyɛ wo ho bere nyinaa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
So woasi aduruyɛ ne akwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare ho gyinae, na woakyerɛw ato hɔ?