Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/10 kr. 3
  • So Wutu Hyɛ Da?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wutu Hyɛ Da?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wutu Hyɛ Da?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • So Woasiesie Wo Ho Ama Ɔyare a Ebetumi Akyere Wo Denneennen Mpofirim?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 1/10 kr. 3

So Wutu Hyɛ Da?

Dɛn na wutu hyɛ da? Sɛ́ wobɛhyehyɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi) krataa a wɔayɛ ama Adansefo a wɔabɔ asu no. Esiane sɛ ‘wunnim nea ɛbɛto wo ɔkyena’ nti, ɛho hia paa sɛ wudi kan hu aduruyɛ ko ne ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare, bere a ɔyare a emu yɛ den akyere wo mpofirim no, na wokyerɛw to hɔ. (Yak. 4:14; Aso. 15:28, 29) Wɔayɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no na aboa wo. Hwɛ video no, na fa mpaebɔ ne nsɛmmisa a ɛwɔ ase ha no susuw ho.—Hyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔyɛ oprehyɛn kakra wɔ video no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw ho sɛ ebia wɔne wɔn mma nkumaa bɛhwɛ anaa.

(1) Dɛn nti na nnuruyɛfo binom asan asusuw mogya a wɔde ma no ho? (2) Ma oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔayɛ a wɔamma mogya wom ho nhwɛso abiɛsa. (3) Nnuruyɛfo baahe na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsa yare a wɔmfa mogya mma? Dɛn nti na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? (4) Dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ayaresabea nnansa yi ama wɔahu wɔ mogya a wɔde di dwuma no ho? (5) Ayaresa mu ɔhaw ahorow bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (6) Nsɛm bɛn na nnuruyɛfo pii aka wɔ mfaso a ɛwɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu ho? (7) Dɛn na ɛma obi mogya so tew koraa? Sɛ ɛso tew koraa a, nna ahe na obetumi atena nkwa mu? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa ɔyarefo a ne mogya so atew koraa no? (8) Dɛn na wobetumi ayɛ na ɔyarefo no atumi anya mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ pii? (9) Akwan bɛn na wɔfa so na obi anhwere mogya pii wɔ oprehyɛn mu? (10) So nnuru a wɔde si mogya ananmu betumi aboa mmofra anaa wɔn a wɔyare denneennen no? (11) Ayaresa a ɛyɛ papa ho mmara atitiriw no mu biako ne dɛn? (12) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo di kan paw ayaresa a wɔmma mogya wom? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa begyina n’ahonim a ɔde Bible atete no so asi ho gyinae. So woasi aduruyɛ a wopɛ ne ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo ne wo mma yare ho gyinae ma enti woahyehyɛ DPA kratasin no? Sɛ wopɛ nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu yiye a, hwɛ “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no ti 7 ne nhoma afoforo a wɔatwe adwene asi so no. Afei nso hwɛ krataa a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu a n’asɛmti ne “Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so De M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?” Awiei koraa no, hwɛ sɛ woakyerɛw nea woapaw no nyinaa yiye ahyɛ wo DPA krataa no so. Ɛsɛ sɛ woka gyinae a woasi no ho asɛm kyerɛ w’ayaresa ho kasamafo ne obusuani biara a ɔnyɛ Ɔdansefo.

[Kratafa 3 adaka]

• So woasi nnuru a wɔde si mogya ananmu a wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma gye no ho gyinae?

• So woahyehyɛ wo DPA ahyɛ wo ho a sɛ asɛm bi si mpofirim a, wode bɛkyerɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena