Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/11 kr. 2
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wutu Hyɛ Da?
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • So Wutu Hyɛ Da?
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 1/11 kr. 2

So Wunim Nea Wobɛpaw?

Wɔyɛ oprehyɛn wɔ ayaresabea ahorow pii mu wɔ wiase nyinaa a wɔmmma mogya. So wunim akwan a wɔfa so yɛ aduru a wɔmfa mogya nka ho a ɛwɔ hɔ seesei no? Ɛsɛ sɛ wuhu na woatumi agyina so asi ayaresa ne oprehyɛn ho gyinae pa. Hwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no. Ɛno akyi no, fa mpaebɔ susuw ho hwɛ sɛ nea woasua no betumi aboa wo ma wabua nsɛmmisa a edidi so yi anaa.—Monhyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔatwa oprehyɛn a wɔreyɛ ho mfonini kakra aba video yi mu nti, sɛ awofo ne wɔn mma rehwɛ video yi a, ɛsɛ sɛ wɔde nhumu di dwuma.

(1) Ade titiriw bɛn nti na Yehowa Adansefo nnye mogya? (2) Dɛn na Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn wɔ aduruyɛ mu? (3) Hokwan titiriw bɛn na ayarefo wɔ? (4) Dɛn nti na ntease ne nyansa wom sɛ wobɛpaw nnuru a wɔde si mogya ananmu? (5) Sɛ mogya pii tu obi a, nneɛma abien a ɛho hia bɛn na nnuruyɛfo betumi ayɛ no ntɛm? (6) Akwan anan bɛn na wɔfa so de nnuru a wɔde si mogya ananmu di dwuma? (7) Dɛn na nnuruyɛfo betumi ayɛ na (a) mogya antu obi pii, (b) amma ɔyarefo anhwere mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ pii, (d) ɔyarefo anya mogya ntɛm (e) ɔyarefo asan anya mogya a wahwere no? (8) Kyerɛkyerɛ (a) hemodilution ne (b) cell salvage mu. (9) Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu wɔ aduru biara a wɔde si mogya ananmu ho? (10) So wobetumi ayɛ oprehyɛn ahorow a ɛyɛ den na ɛyɛ hu a wɔremfa mogya nni dwuma wom? (11) Adepa bɛn na nnuruyɛfo reyɛ?

Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa begyina n’ahonim a ɔde Bible atete no no so asi ho gyinae. So woasi nnuru a wɔde si mogya ananmu a wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma gye no ho gyinae, na woahyehyɛ wo DPA krataa no? Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo tɔ wo bo ase kenkan “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15, 2004, ne October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no mu no. Afei fa krataa a wubegyina so apaw nea wopɛ a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som no mu a ɛne, “Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so de M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?” no di dwuma fa si nea wopɛ ne nea wompɛ ho gyinae. Awiei koraa no, hwɛ sɛ woakyerɛw nea woapaw no nyinaa ahyɛ wo DPA krataa no so yiye. Ɛsɛ sɛ woka gyinae a woasi no ho asɛm kyerɛ w’ayaresa kasamafo ne obusuani biara a ɔnyɛ Ɔdansefo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena