Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/02 kr. 8
  • So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bu Asɛnka Ho Akontaa Pɛpɛɛpɛ
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Kɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Boa W’asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo No
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 12/02 kr. 8

So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?

1 Wobu nneɛma pɔtee ho akontaa wɔ Bible mu nsɛm pii mu, na ɛboa ma yetumi hu sɛnea nsɛm sisii ankasa. Sɛ nhwɛso no, Gideon de mmarima 300 pɛ na edii Midianfo nsra so nkonim. (Atem. 7:7) Yehowa bɔfo kunkum Asiria asraafo 185,000. (2 Ahe. 19:35) Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu, na ɛno akyi bere tiaa bi no, gyidifo no dodow kɔɔ soro bɛyɛ 5,000. (Aso. 2:41; 4:4) Kyerɛwtohɔ ahorow yi ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn asomfo a na wɔwɔ hɔ tete no bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wobebu nneɛma ho akontaa pɛpɛɛpɛ.

2 Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no de ahyɛde ama yɛn sɛ yemmu yɛn asɛnka adwuma ho akontaa ɔsram biara. Nokwaredi a yɛde bedi nhyehyɛe yi akyi no boa ma wotumi hwɛ asɛnka adwuma no so yiye. Nkontaabu betumi ama ada adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ani ku ɔsom adwuma no fã bi ho, anaasɛ ebia adwumayɛfo pii ho behia wɔ beae bi. Wɔ asafo no mu no, asɛnka adwuma ho akontaabu boa mpanyimfo no ma wohu wɔn a wobetumi atrɛw wɔn som adwuma mu ne afei wɔn a ebia wobehia mmoa. Afei Ahenni asɛnka adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ hyɛ Kristofo anuanom no nyinaa nkuran. So woreyɛ wo fam de na ama wɔabu akontaa pɛpɛɛpɛ?

3 W’ankasa Asɛyɛde: Sɛ ɔsram no ba awiei a, so ɛyɛ wo den sɛ wobɛkae nea woyɛe wɔ asɛnka mu? Sɛ saa a, dɛn nti na bere biara a wobɛkɔ asɛnka no, wonyɛ ho kyerɛwtohɔ? Ebinom de kalenda anaa nhoma ketewa a wɔkyerɛw nsɛm wom na edi dwuma. Afoforo de asɛnka akontaabu kratasin a wɔnkyerɛw so hyɛ wɔn ho. Sɛ ɔsram no ba awiei a, fa w’akontaabu ma wo nhoma adesua sohwɛfo ntɛm ara. Anaasɛ, sɛ wopɛ a, wubetumi de w’akontaabu ato adaka a wɔde akontaabu gu mu wɔ Ahenni Asa so no mu. Sɛ wo werɛ fi sɛ wode w’akontaabu bɛma a, hu wo nhoma adesua sohwɛfo no ntɛm ara sen sɛ wobɛtwɛn ma wabebisa wo. Ahonim pa a wode bebu wo dwumadi ho akontaa no da obu a wowɔ ma Yehowa nhyehyɛe ne ɔdɔ mu a wufi susuw anuanom a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wonnyigye nkontaabu na wɔnhyehyɛ no ho no adi.—Luka 16:10.

4 Nhoma Adesua Sohwɛfo Afã: Sɛ́ oguanhwɛfo a n’ani da hɔ na osusuw ne nguan ho no, nhoma adesua sohwɛfo no ma n’ani ku kuw no adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ɔsram no mu nyinaa ho. (Mmeb. 27:23) Sɛ ɔdawurubɔfo bi de anigye ne ahokeka renya asɛnka mu kyɛfa daa sɛnea ɛsɛ a, onim, na sɛ wɔn mu bi nnyaa mu kyɛfa ɔsram mũ no nyinaa a, ɔyɛ ntɛm de mmoa ma. Mpɛn pii no, nea ehia ara ne sɛ ɔde nkuranhyɛsɛm, nyansahyɛ a mfaso wɔ so bɛma, anaasɛ ɔbɛto nsa afrɛ no ne no akɔ asɛnka.

5 Wɔ ɔsram no awiei no, nhoma adesua sohwɛfo no hwɛ hu sɛ wɔn a wɔwɔ kuw no mu nyinaa adi wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wobebu wɔn dwumadi ho akontaa no ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkyerɛwfo no betumi de asafo akontaabu a edi mũ amena baa dwumadibea no ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so asia adu. Bere a ɔsram no awiei rebɛn no, ɛbɛyɛ mmoa sɛ ɔbɛbɔ wɔn nkae na wama wɔn nsa aka akontaabu kratasin no bi wɔ faako a wɔyɛ nhoma adesua no. Sɛ ebinom werɛ fi sɛ wɔde wɔn dwumadi ho akontaabu bɛma a, obetumi de nkaebɔ ne nkuranhyɛ a ɛfata ama.

6 Yɛn asɛnka akontaabu a yɛde bɛma ntɛm no boa ma yenya akontaabu a ɛkyerɛ nea yetumi yɛe wɔ asɛnka mu wɔ ɔsram no mu no pɛpɛɛpɛ. So wobɛyɛ wo fam de denam w’akontaabu a wode bɛma ntɛm ɔsram biara no so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena