Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Dec. 15
“Saa bere yi mu wɔ afe no mu no, nnipa pii susuw Yesu awo ho. So na wunim sɛ yebetumi anya asuade a mfaso wɔ so afi Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa n’awo ho no mu? [Ma ommua. Na afei twe adwene si kratafa 5 so, na kenkan 2 Timoteo 3:16.] Ɔwɛn-Aban yi susuw asuade ahorow yi bi ho.”
Nyan! Dec. 22
“Wususuw sɛ awofo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma nkɛntɛnso a anigyede a basabasayɛ wom renya wɔ wɔn mma so no haw wɔn? [Ma ommua.] Awofo pii de Bible mu asɛm yi yɛ nnyinaso. [Kenkan Dwom 11:5.] Engiresi Nyan! yi boa mmusua ma wɔhwehwɛ asiane ahorow a ɛwɔ kɔmputa so agodie mu no mu.”
Ɔwɛn-Aban Jan. 1
“Sɛ nkurɔfo adɔfo wu anaasɛ ɔyare bɔ wɔn a, wɔtaa bisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma eyi ho kwan?’ Ebia woabisa asɛm koro yi ara pɛn. Bible no ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn te nka ma wɔn a wohu amane no. [Kenkan Yesaia 63:9a.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛma amanehunu agyae mu.”
Nyan! Jan. 8
“So wususuw sɛ ɛsɛ sɛ aban to kasa mu ahofadi ano hye? [Ma ommua.] Na sɛnea yɛkenkan wɔ ha no, sɛ ɛfa ɔsom ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo ho nso ɛ? [Kenkan Asomafo no Nnwuma 28:30, 31.] Wɔde asɛm yi kɔɔ U.S. Asɛnnibea Kunini hɔ nnansa yi ara. Mesrɛ wo sɛ kenkan eyi ho asɛm wɔ Nyan! yi mu.”