Da Biara Da Honhom Fam Aduan—Ɛho Hia ma Kristofo Abusua
1 “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mat. 4:4) Hwɛ sɛnea nsɛm yi yɛ nokware! Sɛnea yehia honam fam aduan da biara no, saa ara nso na ehia sɛ yedi honhom fam aduan da biara. Asafo ti no atintim Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no na aboa yɛn ma yɛasua Onyankopɔn Asɛm daa. Sɛ Kristofo abusua no, so muyi bere si hɔ da biara de susuw daa asɛm no ho?
2 Ɛsɛ sɛ Awofo Yɛ Nhwɛso: Sɛ yenni adagyew a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetu kyerɛwsɛm no ho a yebesusuw no ahyɛ da, a yesusuw sɛ yebetumi ayɛ no bere foforo. Nanso, sɛ awofo ani ku wɔn mmusua honhom fam ahiade ho a, wɔbɛhwehwɛ bere, yiw, wobenya bere da biara de ayɛ saa bere a abusua no mufo nyinaa ahyia no. (Mat. 5:3) Ɛnyɛ daa asɛm no nko na wobedi anim ne wɔn mma akenkan, na mmom Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm mu nsɛntitiriw a wobesi so dua, na wɔasusuw sɛnea wobetumi de asɛm no ne afotu no adi dwuma no ho nso. Ampa, ebia ebegye mmɔdenbɔ ne sua a wobesua ne yɛ na ama ne yɛ aka wɔn hɔ de, nanso mfaso a wobenya no fata. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:11, 12 ho.) Enti, awofo, monyere mo ho sɛ mobɛyɛ nhwɛso pa!
3 Monhwehwɛ Bere a Eye: Bere bɛn na eye sen biara sɛ abusua no mufo nyinaa behyia abom asusuw daa asɛm no ho, na wɔamma anyɛ bisibasaa? Bible mu kyerɛwsɛm bi a wobesusuw ho de afi da no ase so wɔ mfaso. Wɔ Betel ne asɛmpatrɛwfo afie a ɛwɔ wiase nyinaa no mu no, wɔde anɔpasom, a daa asɛm no a wɔde bere tiaa bi susuw ho ka ho na efi da no ase. Eyi boa anuanom no ma wɔhyɛ da no ase wɔ ɔkwampa so, na wodwen Yehowa nkae nsɛm ho da biara.—Dw. 1:1, 2; Fil. 4:8.
4 Kristofo mmusua nso betumi anya Bible mu nsɛm a wosusuw ho anɔpa no mu mfaso saa ara. Ebetumi aboa mmofra ma wɔadi nneɛma a ebetumi de wɔn honhom fam yiyedi ato asiane mu a wohyia wɔ sukuu no ho dwuma. Sɛ bere bi abusua no mufo nyinaa ntumi ntra ase nsusuw daa asɛm no ho a, awofo no betumi ayɛ nhyehyɛe foforo, na honhom fam aduan a ɛho hia yi ampa wɔn ti so. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛsɛ sɛ agya no kɔ adwuma ansa na mmofra no asɔre anɔpa a, ebia ɛna no betumi de bere bi adi dwuma ne mmofra no asusuw kyerɛwsɛm no ho. Ɔkwan foforo so no, mmusua bi yɛ nhyehyɛe susuw kyerɛwsɛm no ho anwummere, efisɛ saa bere no na wɔn nyinaa hyia. Abusua biara betumi ayɛ bere nhyehyɛe a ɛne wɔn nsɛm tebea hyia sen biara.
5 Da biara da honhom fam aduan ho hia ma Kristofo abusua. Ɛsɛ sɛ mubu daa asɛm no ho a mubesusuw no sɛ adeyɛ a ɛho hia yiye. (Fil. 1:10) Bible mu kyerɛwsɛm bi a yebesusuw ho da biara da no bɛboa yɛn ma yɛakura Yehowa trenee nnyinasosɛm ne mmara mu denneennen. Boa a abusua no muni biara bɛboa no bɛma nhyehyɛe yi ayɛ nea mfaso wom sen biara ama wɔn nyinaa.