Ɔsom Nhyiam Ma June
Dapɛn a Efi Ase June 1
Dwom 72
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.
20 min: “Ɔwɛn-Aban no a Yɛde Bɛma wɔ June Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw a wɔada no adi wɔ ebiara kratafa 2 atifi hɔ no ho nkɔmmɔbɔ ka ho. Wubetumi de akwan afoforo a wɔbɛfa so de ama ho nyansahyɛ a egyina nsɛmma nhoma a mode bɛma wɔ asɛnka mu dapɛn yi so ama. Wɔnam nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde bɛsan akɔ onipa no nkyɛn no so betumi adi anigye a odii kan daa no adi no ho dwuma.
15 min: “Nnianim Nsɛm Betumi Ama Wɔatie.” Wo ne atiefo nsusuw asɛm no ho. So wɔde nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛba nnansa yi mu, a wɔayi mu fã kɛse no ara afi Reasoning nhoma no mu no bi adi dwuma ahwɛ? Nnianim nsɛm bɛn na wɔahu sɛ etu mpɔn sen biara wɔ mo asasesin no mu? Bere bɛn na adawurubɔfo siesie wɔn nnianim nsɛm na wosua ma asɛnka? Yɛ nnianim nsɛm ntiantiaa abien anaa abiɛsa a atu mpɔn wɔ mo hɔnom ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 8
Dwom 9
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn.” Wo ne atiefo nsusuw asɛm no mu nsɛntitiriw ho, na ebia fa sankɔhwɛ a wɔyɛɛ no nnansa yi ara a ɛma wɔkɔɔ so nyaa anigye ho osuahu tiawa ka ho. Fa simma asia kosi awotwe a etwa to no yɛ sɛnea Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo bi boa adawurubɔfo baanu anaa baasa ma wɔasiesie wɔn ho akɔsra anigyefo a wohuu wɔn nnansa yi ara wɔ mo asasesin no mu ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, fa sankɔhwɛ ankasa a adawurubɔfo no bɛyɛ akyiri yi yɛ ɔyɛkyerɛ no.
25 min: “1992 ‘Hann Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no ho. Ɛsɛ sɛ nhyiam ho nsɛm sohwɛfo di ho dwuma. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw. Kanyan Tamale nhyiam no ho anigye. Asafo ahorow a wɔwɔ nnipa a wɔadi dɛm no betumi asi nkyekyem a ɛfa ahiade atitiriw ho no so dua.
Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 15
Dwom 202
10 min: Asafo mu nkaebɔ, a sika akontaabu ne ntoboa a nsa aka ho nsɛm ka ho. Kamfo asafo no wɔ sika a wɔde boa mo asafo no ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho. Ka asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no awiei ho asɛm, na hyɛ obiara nkuran sɛ onnya mu kyɛfa.
20 min: “Hyɛ Honhom Fam Botae Horow Akyidi ho Nkuran.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, bisabisa ɔdawurubɔfo a ɔyɛ nhwɛso pa, a bere a na ɔyɛ abofra no odii nkuranhyɛ a wɔde maa no sɛ onni honhom fam botae horow akyi no ho dwuma no nsɛm. Wɔhyɛɛ no nkuran dɛn? Sɛ moresusuw nkyekyem 7 ho a, kyerɛ mfaso horow a awofo ne mmofra nyinaa benya bere a wɔahwehwɛ Young People Ask nhoma no atiri 22, 38, ne 39 mu no.
15 min: “Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!” Ɔpanyin ma nkuranhyɛ ɔkasa a egyina February 1, 1992, Ɔwɛn-Aban nkratafa 25-28 so.
Dwom 213 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 22
Dwom 220
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Nsɛmma nhomakra ɔsatu mu osuahu ahorow (ɛsɛ sɛ onua a odi nsɛmma nhomakra ho dwuma wɔ asafo no mu boa ma wudi kan nya eyinom).
15 min: Bɔ Wo Ho Ban Wɔ Ɔwae Ho. Ɔpanyin ne ɔdawurubɔfo a wɔte ɔpon ho ntam nkɔmmɔbɔ. Ɔdawurubɔfo kyerɛkyerɛ mu sɛ ohyiaa obi wɔ asɛnka mu a na ɔkenkan awaefo nhoma. Ɔdawurubɔfo ka kyerɛ ɔpanyin sɛ ɔte nka sɛ ofiewura no de adwempa na ebisaa nsɛm a obisae no. Ɔdawurubɔfo annye awaefo nhoma a ofiewura no de maa no no, nanso ɔbɛpɛ sɛ ɔbɔ mmɔden bua ofiewura no nsemmisa no. Ɔpanyin kamfo ɔdawurubɔfo wɔ ne su ne ne nneyɛe pa no ho. Sɛ anka wobesusuw nea awaefo akyerɛw anaa wɔaka ho mmom no, nyansa wom sɛ wɔde adwene besi nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nneɛma ho sɛnea wɔaka wɔ Reasoning nhoma no mu no so. Ɔpanyin ka kyerɛ ɔdawurubɔfo sɛ ommue ne Reasoning nhoma no mu, na wɔbom susuw nkratafa 34-7 ho. Ɛsɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no yɛ anigye na ɛhyɛ nkuran bere a wosusuw nea ɔwae kyerɛ, asɛmti ketewaa biara, ne kyerɛw nsɛm atitiriw a wɔapaw ho sɛnea bere ma kwan no. Fa nsɛm a ɛma denhyɛ ne nkuranhyɛ a yɛwɔ sɛ yesua ho nsɛm pa wie. Wɔne ofiewura no nsusuw nkrasɛm a ɛma denhyɛ ho. Sɛ okura adwempa a, obehu sɛnea nokware no te ankasa ne adwene a ɛnteɛ a awaefo kura no ntam nsonsonoe. Sɛ yɛpow awaefo nsusuwii ne nhoma a, yɛda nokwaredi ma Yehowa ne n’ahyehyɛde a aniwa hu no adi.
20 min: “Da Biara Da Honhom Fam Aduan—Ɛho Hia ma Kristofo Abusua.” Nsemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 29
Dwom 159
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: Afã Biara a Kristofo Nni Mu a Wokura wɔ Wiase a Emu Apaapae Mu.” Ɔpanyin boa ɔdawurubɔfo foforo ma ɔte sɛnea ɔde Reasoning nhoma no mu nsɛm bebua afã biara a nokware Kristofo nni ho nsemmisa no ase: (1) Nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ Kristoni ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm ne dwumadi ahorow mu ho. (rs, kratafa 273) (2) Wɔn a wonim wɔn sɛ Kristofo a wodi kan no nhwɛso. (nkratafa 273-4). (3) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahenni yɛ ade a ɛho hia Kristofo titiriw? (nkratafa 152-6). Si sɛnea ehia sɛ wɔde anifere bua nsemmisa a ɛte saa no so dua.
20 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe anaa momma August 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 29-30 mu asɛm a ɛne “So Wunnye Ntom sɛ Wowɔ Bɔne Su Horow?” no sɛ ɔkasa.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.