Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/1 kr. 25-28
  • Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Ahwehwɛde
  • Ho a Wɔde Bɔ Afɔre mu Nhyira Horow
  • Akwan a Wɔfa so De Ho Bɔ Afɔre
  • Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ma Ahenni Nneɛma Nnya Nkɔso Denam Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wɔn Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Honhom A Wubenya
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/1 kr. 25-28

Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!

NA ROLFa yɛ odwumayeni a wobu no sɛ ne ho hia yiye. Bere a osii gyinae sɛ ɔbɛpɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ na ama watumi ayɛ Kristofo som adwuma no pii no, n’adwumawura penee so ntɛm ara. Enti Rolf tumi yɛɛ akwampae adwuma no mfe pii. Nanso, da koro adwumam hɔ tebea sakrae. Na Rolf ayɛ n’adwuma yiye araa ma wɔmaa no dibea sɛ adwumakuw no aguadi so panyin. Na akatua a ɛsõ ne hokwan a obenya de anya nkɔanim pii ka dibea yi ho. Nanso na ɛrenyɛ yiye sɛ ɔde ne bere fã bɛyɛ adwuma no bio.

Na Rolf wɔ ɔyere ne mma baanu a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn, na sika a obenya bi aka ho no ho bɛba mfaso. Nanso, ɔpow adwuma no, na ɔkɔpɛɛ adwuma foforo a ɛbɛma watumi adi ne honhom fam ne sikasɛm mu asɛyɛde ahorow nyinaa ho dwuma. Gyinaesi yi maa Rolf adwumawura no ho dwiriw no. Bere a n’adwumawura no hui sɛ akatua a ɛso sen kan de no a ɔde bɛhyɛ no bɔ mpo bɛyɛ ɔkwa no, ɔkae sɛ: “Mitumi hu sɛ merentumi ne wo gyidi nni asi.”

Yiw, na Rolf wɔ gyidi bi. Nanso na ɔwɔ su foforo bi​—ho a wɔde bɔ afɔre honhom. Honhom a ɛte sɛɛ ho yɛ na wɔ yɛn wiase a emufo yɛ nea wɔn ankasa pɛ yi mu. Nanso ebetumi de asetra kwan a mfaso ne anigye wom aba. Dɛn ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom? Dɛn na ɛkyerɛ? Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so akura mu?

Bible mu Ahwehwɛde

Afɔrebɔ kyerɛ sɛ wubegyaa biribi a ɛsom bo mu anaasɛ wode bɛma. Afɔrebɔ ayɛ ɔsom kronn fã fi bere a ɔdansefo nokwafo Habel “de ne nguan mu mmakan” bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn no. (Genesis 4:4) Mmarima gyidifo, te sɛ Noa, ne Yakob nso yɛɛ saa. (Genesis 8:20; 31:54) Na mmoa afɔrebɔ nso yɛ Mose Mmara no fã a ehia. (Leviticus 1:2-4) Nanso, wɔ saa Mmara no ase no, wɔtuu asomfo fo sɛ wɔmfa wɔn nneɛma a eye sen biara no mmɔ afɔre. Na wonni hokwan sɛ wɔde aboa a wadi dɛm bɔ afɔre. (Leviticus 22:19, 20; Deuteronomium 15:21) Bere a Israelfo awaefo buu saa mmara yi so no, Onyankopɔn kaa wɔn anim sɛ: “Na sɛ mode aboa apakye bi [bɛbɔ afɔre a, muse]: ‘Ɛnyɛ bɔne biara.’ Fa kɔma w’amrado. So n’ani bɛsɔ wo, anaa ɔde abodwo begye wo anaa? . . . So megye mo nsam ma m’ani agye ho?”​—Malaki 1:8, 13, New World Translation.

Wɔde afɔrebɔ nnyinasosɛm no dii dwuma wɔ Kristofo ɔsom mu nso. Nanso, esiane sɛ na Kristo atua agyede bo no nyinaa nti, Onyankopɔn mpene mmoa afɔrebɔ so bio. Enti, dɛn na Kristofo betumi de abɔ afɔre a ɛsɔ n’ani? Paulo kyerɛw wɔ Romafo 12:1 sɛ: “Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborɔhunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Sɛ anka wɔde mmoa a wɔawuwu bɛbɔ afɔre no, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ankasa ho ma sɛ afɔre a ɛte ase​—wɔn ahoɔden, wɔn agyapade, ne wɔn dom akyɛde. Na sɛnea na ɛte wɔ Israel no, Yehowa rempene “apakye” afɔrebɔ anaa nea emfi koma nyinaa mu so. Ɔhwehwɛ sɛ n’asomfo de wɔn ade a eye kyɛn so bɛma no, sɛ wobefi wɔn koma, ɔkra, adwene, ne ahoɔden nyinaa mu asom no.​—Marko 12:30.

Enti, ho a wɔde bɔ afɔre honhom gye pii sen sɛ obi de ne ho bɛhyɛ nhyiamkɔ ne Kristofo ɔsom adwuma no mu dwumadi ho nhyehyɛe bi a wayɛ mu ara kɛkɛ. Ɛkyerɛ sɛ obesi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde a nea ebegye biara mfa ho. Ɛkyerɛ sɛ wasiesie ne ho sɛ obehu ahokyere ne ɔhaw ahorow mu amane. Yesu kae sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Kristoni mfa n’ankasa nkɔso anaa honam fam nneɛma ho botae ahorow nyɛ nea ɛho hia no titiriw. N’asetra mu ade titiriw ne sɛ ɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne Ne trenee kan. (Mateo 6:33) Wasiesie ne ho sɛ sɛ ɛho hia a, ɔbɛma “n’asɛndua so,” ahu ɔtaa, animguase, anaa owu mu amane!

Ho a Wɔde Bɔ Afɔre mu Nhyira Horow

Sɛ obi hu nneɛma a anibere wom a ebetumi aba yi a, ebia obesusuw ho sɛ so ho a wɔde bɔ afɔre so wɔ mfaso koraa anaa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn na wɔpɛ sɛ wohu sɛ wodi ne din ni no fam de, ɛte saa ampa. (Mateo 22:37 ) Susuw nhwɛso a edi mũ a Yesu yɛe no ho hwɛ. Ansa na ɔreba asase so no, na ɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ soro sɛ honhom abɔde. Nanso, sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asuafo no, ɔnhwehwɛ ‘nea ɔno ankasa pɛ, na mmom Onyankopɔn a ɔsomaa no no apɛde.’ (Yohane 5:30) Enti ɔpenee so “yii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.”​—Filipifo 2:7, 8.

Afɔrebɔ ahorow a ɛte sɛɛ anyɛ ɔkwa. Esiane sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde “ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo” nti, na obetumi atua agyede bo no, na nnipa a wɔtɔ sin atumi anya nkwa a owu nnim wɔ soro, anaa daa nkwa wɔ asase so. (Yohane 3:16; 15:13; 1 Yohane 2:2) Ɛdenam ne mudi mu a okurae yiye no so nti, ɔmaa woyii Yehowa din ayɛ kɛse. (Mmebusɛm 27:11) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa hyiraa no wɔ ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no ho! “Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.”​—Filipifo 2:9.

Nokwarem no, na Yesu ne Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro. So Onyankopɔn de akatua ma wɔn a wɔbɔ afɔre ahorow ma no no nso? Yiw, tete ne nnɛyi nyinaa nhwɛso ahorow da eyi adi. Susuw Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Moabni bea Rut ho no ho hwɛ. Ɛda adi sɛ ɛnam ne kunu a ɔyɛ Israelni no so na ɔtee Yehowa ho asɛm. Ne kunu no wu akyi no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae. So ɔbɛkɔ so atra abosonsom asase a wɔwoo no wɔ hɔ no so, anaasɛ ɔne n’asebea Naomi a wabɔ aberewa no bɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so? Rut paw sɛ ɔne n’asebea no bɛkɔ, ɛwom sɛ na nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔde n’awofo nkyɛn tra ne ebia sɛ ɔbɛsan aware bio ho anidaso no bɛbɔ afɔre de. Nanso, na Rut abehu Yehowa na ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔne ne nkurɔfo a wapaw wɔn bɛsom no no kanyan no ma ɔne Naomi kɔe.

So Rut nyaa ne ho a ɔde bɔɔ afɔre sɛɛ no so akatua? Yiw, onyaa so akatua! Bere bi akyi no, asasewura bi a wɔfrɛ no Boas waree no, na Rut woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Obed, na ɛno ma ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nanabea.​—Mateo 1:5, 16.

Onyankopɔn nkoa a wɔde wɔn ho bɔ afɔre nnɛyi nso anya nhyira horow saa ara. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1923 mu no, William B. Brown, a wonim no yiye sɛ “Bible” Brown, fii ne fie wɔ West Indies sɛ ɔrekofi asɛnka adwuma no ase wɔ Afrika Atɔe Fam. Na ne yere ne ne babea ka ne ho. Akyiri no ɔkɔɔ Nigeria, faako a na asɛnka adwuma no afi ase resow aba. “Bible” Brown, a Amerikani bibini bi a wɔfrɛ no Vincent Samuels ne Ɔdansefo foforo bi a ɔno nso fi West Indies a wɔfrɛ no Claude Brown ka ne ho, yɛɛ adwuma a ɛho hia kɛse wɔ adwuma no mfiase bere mu wɔ Afrika Atɔe Fam.

Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛboro 187,000 na wɔsom wɔ Sierra Leone, Liberia, Ghana, ne Nigeria, a ne nyinaa yɛ asasesin ahorow a “Bible” Brown ne n’ahokafo no fii adwuma no yɛ ase wɔ hɔ. Ansa na “Bible” Brown rewu wɔ 1967 mu no, ɔkae sɛ: “Anigye ben ara na ɛyɛ sɛɛ yi, sɛ wuhu sɛ mmarima ne mmea reyɛ osetie ma Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no!” Yiw, onyaa nhyira kɛse wɔ ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no mu.

Akwan a Wɔfa so De Ho Bɔ Afɔre

Akwan a yebetumi afa so ada honhom koro no ara adi no bi ne nea ɛwɔ he? Biako ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ afie afie ɔsom dwumadi no mu dapɛn biara bere nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Ebia saa a yɛbɛyɛ, titiriw bere a yɛayɛ adwuma abrɛ wɔ dapɛn bi mu no nna fam. Ebehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛyɛ bere nhyehyɛe pa. Nanso emu anigye no dɔɔso sen ɔhaw biara a yebehyia no. Wubetumi anya hokwan aboa obi ma wabɛyɛ “Kristo nhoma . . . wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom [na ɛkyerɛwee], ɛnyɛ abo apon so, na mmom koma nam apon so.”​—2 Korintofo 3:3.

Ɛdenam ahwɛyiye a wɔde ‘tɔɔ bere a ɛfata’ fii ebia honam fam adwuma anaa anigyede mu so no, ebinom atumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. (Efesofo 5:16) Pii yɛ wɔn bere nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na anyɛ yiye koraa no, wɔatumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma no pɛnkoro afe biara. Afoforo nso tumi kɔ so yɛ akwampaefo aboafo toa so anaasɛ wɔsom sɛ daa akwampaefo. Afɔrebɔ foforo a yebetumi asusuw ho ne sɛ yebetu akɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ. Mpɛn pii no eyi hwehwɛ sɛ wɔyɛ asetra mu nsakrae akɛse, wogyina ɔhaw ahorow ano, sua amammerɛ afoforo. Nanso nhyira horow a ɛwɔ afoforo pii a wɔboa wɔn ma wɔanya daa nkwa mu no ma afɔrebɔ a ɛtete sɛɛ no yɛ nea ɛso wɔ mfaso.

John Cutforth a ofi Canada no ankasa hui sɛ eyi te saa. Bere a owiee adesua wɔ Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu no mu no, wɔmaa no dwumadi wɔ Australia sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Onua Cutforth kae sɛ ɔkae sɛ: “Ɛhɔnom ne fie ntam kwan ware yiye! So metumi asan akɔ Canada akohu m’awofo ne me nnamfo ansa na Harmagedon aba? Na ɔkwan koro pɛ a mɛfa so ahu ne sɛ mɛkɔ.” Onua Cutforth kɔe, na wannu ne ho wɔ n’afɔrebɔ no ho. Akyiri mfe mu no, okofii adansedi adwuma no ase wɔ Papua New Guinea, faako a ɔda so ara de nnamyɛ resom, na ɔde mfe 50 asom wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu no. Ɔkae bere bi sɛ: “Yehowa akwankyerɛ akyi a wubedi bere nyinaa, ne dwumadi biara a obebu no sɛ ɛfata sɛ ɔde ma wo a wubegye atom no bɛma woanya anigye, ahotɔ ne nnamfo pii.”

Ɛyɛ ampa sɛ nsɛm tebea horow te sɛ apɔwmuden, sikasɛm, ne abusua mu asɛyɛde ahorow betumi atew nea wubetumi ayɛ no so; yɛn nyinaa rentumi nsom sɛ akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo. Nanso, bɔ mmɔden sɛ wode wo ho bɛhyɛ nhyiamkɔ ne asɛnka adwuma no mu yiye sɛnea wubetumi, a womma ɔhaw nketenkete te sɛ wim tebea a ayɛ basaa nsiw wo kwan. (Hebrifo 10:24, 25) Ebia wubetumi de bere pii abɔ afɔre de asua Onyankopɔn Asɛm no wɔ kokoam. Mmusua bi yɛ saa denam bere a wɔde hwɛ TV so dwumadi ahorow no so a wɔtew, a ebia dapɛn biara wɔpaw anwummere bi a “wɔnhwɛ TV” anaa sɛ́ wonni TV koraa mpo. Ɛdenam bere a wobɛpɛ ama kokoam adesua so no, “ayeyi afɔre” a wode ‘bɔ no abodin wɔ baguam’ wɔ nhyiam ase ne asɛnka adwuma no mu betumi ayɛ afɔrebɔ a ɛsom bo kɛse.​—Hebrifo 13:15.

Kae sɛ, asɛnka adwuma no abɛn n’awiei. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de n’atemmu bɛba wiase a emufo yɛ aniberefo na wɔyɛ nea wɔpɛ yi so. (Sefania 2:3) Sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn dom a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho kame. Ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn nipadua si hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani.’ (Romafo 12:1) Honhom a ɛte saa no bɛma yɛanya anigye ne ahotɔ kɛse. Ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani agye kɛse wɔ yɛn som adwuma no mu. Na ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn koma ani agye!​—Mmebusɛm 27 :11.

Enti kɔ so kura ho a wɔde bɔ afɔre honhom mu! Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo ho bɛma de aboa afoforo ne Ahenni nneɛma nkɔso. Paulo tu fo sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.”​—Hebrifo 13:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛasesa ne din no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ebia bere a yebenya ama kokoam adesua na asɛnka adwuma no bɛhwehwɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre; nanso ɛso wɔ akatua

[Mfonini wɔ kratafa 28]

W. R. Brown ne John Cutforth nyaa wɔn ho a wɔde bɔɔ afɔre no mu nhyira kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena