Ma Ahenni Nneɛma Nnya Nkɔso Denam Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom So
1 Yɛte wiase bi a ho a wɔde bɔ afɔre honhom nnim koraa mu. Ɛnnɛ, nnipa pii nsusuw afoforo a wɔbɛboa wɔn ho kɛse biara. Ɛte sɛ nea su a ɛne yɛ a obi yɛ nea ɔpɛ, obi nkutoo ho a osusuw na ɛrekɔ so. Bere a Paulo reka yɛn bere yi ho asɛm no, ɔkae sɛɛ “nipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, adifudepɛfo . . . bonniayɛfo.” (2 Tim. 3:2, TEV) Sɛ Kristofo bɛkɔ so anya Onyankopɔn dom a, ɛsɛ sɛ wɔko tia wiase honhom a enye no.
NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WODE WO HO BƆ AFƆRE
2 Yehowa ne nneɛma pa nyinaa Fibea. (Yak. 1:17) Biribiara a yɛwɔ yɛ ne de. Ɛsɛ sɛ te a yɛte nka sɛ yɛde Onyankopɔn ka no ka yɛn ma yɛde yɛn bere, yɛn dom akyɛde horow, ahonyade ne yɛn nkwa ankasa bɔ afɔre de yɛ n’adwuma. (Fa toto 1 Korintofo 4:7 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom a ɛte sɛɛ ma no wɔ biribiara mu.—Adi. 4:11.
3 Yesu Kristo ne obi a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ ho a wɔde bɔ afɔre mu. Ɔno ankasa anigyede ahorow a ɔde too nkyɛn de yɛɛ Onyankopɔn apɛde no daa nkate a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ n’Agya ani no adi. Ɔde ne ho hyɛɛ Ahenni nneɛma a wɔhwehwɛ mu kɛse. (Yoh. 5:30) Ɔsomafo Paulo nso huu bo a ho a wɔde bɔ afɔre som no na ɔhyɛɛ anuanom a na wɔwɔ Roma no sɛ ‘wɔmfa wɔn nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase mma Onyankopɔn.’—Rom. 12:1.
AKWAN HOROW A WUBETUMI AFA SO ABƆ AFƆRE.
4 Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo yɛ nnipa a wɔde wɔn ho bɔ afɔre. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii agyaw afie ne ahonyade hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Bio nso, afoforo a wɔnyɛ bere nyinaa asɛnkafo mpo fi ayamye mu de wɔn bere, sika, ne wɔn ahoɔden boa ma wosisi mmeae ahorow a eye a wɔsom wɔ hɔ. Yiw, esiane mmarima, mmea ne mmofra a wɔahyira wɔn ho so a wɔde wɔn ho ma nti, ɛnyɛ nea ɛho taa hia sɛ wɔbɛfa adwumayɛfo a wotua wɔn ka bere a wɔresisi Ahenni Asa anaa Betel Afie ahorow no. Wobu adwuma a wɔde wɔn ho ma a ɛte sɛɛ sɛ boa a wɔboa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso, na saa ara na wobu wɔn asɛnka adwuma nso. Wɔn ani sɔ honhom mu nhyira a ɛsom bo a wɔne afoforo benya afi nneɛma ahorow a ɛte sɛɛ a wɔde di dwuma mu no ma enti wɔde Yesu nnyinasosɛm no di dwuma, bere a ɔkae sɛ, “munyaa no kwa, na momfa mma kwa no.—Mat. 10:8.
5 Na yɛn nso ɛ? So yɛwɔ ho a wɔde bɔ afɔre honhom. So ɛresom Yehowa sɛnea yɛn nsɛm tebea horow ma ho kwan? So yebetumi de bere pii ayɛ yɛn ankasa Bible adesua? So yebetumi aboa ayarefo, wɔn a wɔanyinyin, anaa afoforo denam Kristofo ayamye ne ɔdɔ nnwuma a yɛbɛyɛ so? So yebetumi ayɛ nhyehyɛe anya bere pii de aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wɔte yɛn mpɔtam hɔ? So yebetumi atrɛw yɛn som mu ayɛ daa akwampae adwuma? Wɔ afe biara mu no, yɛn mu pii hu sɛ asram a ɛne February, March, April ne May yɛ bere pa a wɔde yɛ akwampaefo boafo dwuma. Bere adu bio. So yɛbɛyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia na ama yenya akwampaefo aboafo wɔ asram yi mu afe yi? Ebetumi aba sɛ obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ yi bɛma yɛahu faako a yebetumi anya nkɔso.—Heb. 13:15, 16.
6 Ho a wɔde bɔ afɔre honhom yɛ su a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu. (Dw. 110:3) Wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbae July a etwaam no mu no, wɔtoo nsa frɛɛ mmarima a wɔwɔ ahoɔden sɛ wonkodi ahiade titiriw bi ho dwuma. Wɔtoo nsa frɛɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo sɛ wɔnkɔyɛ adwuma bere tiaa wɔ ɔmantifi mfa nka asɛmpa no wɔ asasesin no mu nyinaa. Asram anan akyi no, akontaabu daa no adi sɛ nnipa bɛboro 40 agye ɔfrɛ no so. Ebegu bere a wokenkan eyi no na wɔn dodow adu 60. So wubetumi akɔka saa akwampaefo akokodurufo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre yi ho? Mmoa a wohia wɔ ɔmantifi no da so ara yɛ kɛse na ɛyɛ nea yɛhyɛ daa akwampaefo ne anuanom mmarima a anyɛ yiye koraa no wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako no sɛ wɔnkɔnyɛ adwuma wɔ hɔ bere tiaa mfa nka asɛmpa no. Sɛ wo nsɛm tebea bɛma ho kwan ma wode wo ho abɔ afɔre wɔ saa kwan yi so a, ɛnde kyerɛw yɛn fa wo asafo no mu mpanyimfo so ntɛm ara.
7 Bere a yɛrebɛn nneɛma nhyehyɛe yi awiei no, ɛho hia kɛse sɛ yɛma ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde nneɛma ahorow a yɛwɔ bɛbɔ afɔre na ama yɛatumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no mu yɛ den. Biribiara nni hɔ a Satan pɛ sen sɛ ɔbɛdaadaa Yehowa nkurɔfo ma wɔadi wiase no pɛsɛmenkominya kwan no akyi. Ɛmmra sɛ yɛbɛko atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe ahorow a ɛte sɛɛ, na yɛanya odwontofo no honhom no bi, bere a ɔkae sɛ: “Meyi me yam mabɔ wo afɔre: [Yehowa], meyi wo din ayɛ sɛ eye” no.—Dw. 54:6.