Wɔn Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Honhom A Wubenya
1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo asomfo nkuran sɛ ‘wɔmfa wɔn nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne wɔn nyamesom a emu wɔ adwene no.’ (Rom. 12:1) Paulo fi ne pɛ mu de ne ho bɔɔ afɔre na onyaa akatua pii wɔ ne som kronn no mu. Bere a yɛde nneɛma a ɛho hia yɛn bɔ afɔre ma Ahenni no nneɛma no, yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya Yehowa nhyira.—Mal. 3:10; Aso. 20:20.
2 Yehowa asomfo ada wɔn ho a wɔde bɔ afɔre adi bere nyinaa wɔ wɔn asetra mu. Susuw afɔre horow a ebia Noa de n’ahoɔden bɔe de pam adaka a ɛsõ yiye a ebetumi akora ɔno, n’abusuafo a wɔbɛn no ne mmoa no so wɔ nsuyiri no mu no ho kakra hwɛ! Na bere a ɔreyɛ saa adwuma kɛse no, na nea ɛka ne ho a ɔde abɔ afɔre no ho ne som a ɔbɛsom sɛ “trenee kafo” no.—2 Pet. 2:5.
3 Susuw Abraham ho ankasa a ɔde bɔɔ afɔre no ho hwɛ. Sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no Abraham gyaw ne fi bere a wadi mfirihyia 75 na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so. (Heb. 11:8-10) Ɛhyɛ nkuran nso, sɛ yɛkae nnipa a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre te sɛ Yesaia, Yeremia ne Hesekiel a wonyaa nsasesin a emu adwumayɛ yɛ den no. (Hes. 2:4, 7) Nanso eyinom nyinaa de wɔn ho mae somee mfe pii, a na wɔwɔ awerɛhyem sɛ wobenya Yehowa nhyira. Saa ara nso na nnɛ, Yehowa asomfo yɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ho nyinaa ahyɛ asɛnka adwuma no mu sɛnea wobetumi, sɛ́ ɛyɛ baabi a ɛware anaasɛ nea ɛbɛn.
4 Esiane sɛ yɛanya asram anan wɔ ɔsom afe foforo no mu dedaw nti, ɛyɛ bere a eye sɛ yɛhwɛ nneɛma pa a afi afɔre horow a yɛbɔe no nyinaa mu aba na yɛhwɛ nea yɛn ani da so sɛ yɛbɛyɛ wɔ 1982 ɔsom afe yi mu. Mpɛn pii no eye sɛ woankasa wode botae horow sisi w’anim. Sɛ nhwɛso no, so ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma ɔsram biako anaasɛ nea ɛboro saa ɔsom afe yi? So ná woresusuw daa akwampaefo adwuma no a wode wo ho bɛhyem ho? Ebia ɛdenam afɔre ahorow a ɛho hia a wobɛbɔ so no, ɛrenkyɛ na eyi atumi ayɛ yiye ama wo. Anaasɛ, so woreyɛ nhyehyɛe sɛ wode bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no daa? Sɛ saa a, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wode wo nhyehyɛe ahorow no di dwuma!—Efe. 5: 15-17.
NNEƐMA PA BƐN NA WOATUMI AYƐ?
5 Bere a mususuw nea mo mu biara atumi ayɛ ho no, ɛsɛ sɛ mutumi hu baabi a moanya nkɔso pa. Sɛ nhwɛso no, so Asɛm ho nimdeɛ a wowɔ no anya nkɔanim? So wo ne Yehowa renya abusuabɔ denam aseda a wode ma no daa, na wohwehwɛ ne hɔ mmoa no so? So worekyerɛ anisɔ kɛse ama adesua horow no denam kɔ a wokɔ daa ne wo ho a wudi kan siesie yiye so anaa? So woma mmuae daa de hyɛ afoforo den anaa? Sɛ wo nsɛm tebea ahorow ma kwan a, so wode bere pii yɛ asɛnka adwuma? Anaasɛ woatumi ama wosom adwuma no anya nkɔso wɔ akwan horow pii so? Sɛ woatumi ayɛ eyinom mu biako anaasɛ nea ɛboro saa a, wowɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ woma w’ani gye.
6 Yɛn nsa aka osuahu ahorow a ɛyɛ anigye afi wɔn a wɔafi ase renya nsɛmma nhoma adwuma no mu kyɛfa daa wɔ Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan wɔ ɔsram no mu no hɔ. Mpanyimfo a wɔwɔ asafo biako mu hui sɛ ɔsram a edi kan a wofii saa nhyehyɛe yi ase no, asafo no maa nsɛmma nhoma a ɛboro 1,000, bere a bere bi a atwam no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛyɛ efi 550 kosi 600 pɛ.
7 Ɔkwampaefo biako a na ɔntaa nyɛ asɛnka adwuma Kwasida yɛɛ nsakrae wɔ ne bere nhyehyɛe mu na watumi akɔ bi Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu. Kwasida a edi kan a ɔkɔe no, ɔmaa nhoma abien na ɔne nnipa baanu a wɔyɛ adwuma wɔ dapɛn no mu a Kwasida nkutoo na obenya wɔn na ɔne wɔn asua ade fii Bible adesua ase. Yehowa hyiraa mmɔden a ɔbɔe de ne ho bɔɔ afɔre no so kɛse.
ASƐNKA ADWUMA NO A WOBƐTRƐW MU
8 Wokae nyansahyɛ ahorow fɛfɛ a ɛwɔ September 1981 Yɛn Ahenni Som no mu a ɛfa wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa a yebenya ho no? Wɔn a wɔde saa nyansahyɛ ahorow yi adi dwuma no anya nhyira, sɛnea wɔn a wonya nsɛmpa a nsɛmma nhoma no kura daa nya no. Nokwarem, bere, mmɔdenbɔ ne biribiara a wɔde bɔ afɔre no de mfaso horow kɛse ba!
9 Akwan afoforo wɔ hɔ a yɛnam so da yɛn ho a yɛde bɔ afɔre adi. Sɛ yɛtaa de dɔnhwerew biako pɛ na ɛyɛ asɛnka adwuma a, so yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn kwan ma yɛde simma aduasa anaa nea ɛboro saa aka ho? Sɛ yetumi de bere pii yɛ asɛnka adwuma a, yebehyia nnipa pii a wɔwɔ asɛm no ho anigye na yɛde nhoma pii bɛma, na yɛn ani bɛgye nea yɛatumi ayɛ no ho. Bere pii a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no nso bɛma yɛn ho akokwaw pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Yebetumi ada yɛn ho adi nso sɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ afɔre denam asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya wɔ wiase no ahomegye nna ahorow no mmom sen sɛ yɛde da mũ no nyinaa begye yɛn ani anaasɛ yɛde bɛyɛ yɛn ankasa nneɛma afoforo.
10 Wɔ akwan horow pii so no ɔsom afe a etwaam no yɛɛ soronko esiane Yehowa nhyira a na ɛwɔ ne nkoa mmɔden a wɔbɔe de wɔn ho bɔɔ afɔre no so nti. Momma yensusuw nkɔso foforo a yebenya wɔ yɛn som a yɛde ma Yehowa wɔ 1982 ɔsom afe yi mu no ho yiye mprempren. Momma yɛmfa ahotoso nhwɛ Ne nhyira kwan wɔ yɛn adwuma no so.