Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/00 kr. 1
  • So Wowɔ Ahofama Honhom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ Ahofama Honhom?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Ahenni Nneɛma Nnya Nkɔso Denam Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wɔn Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Honhom A Wubenya
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Pa Wo Ho Akyi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 4/00 kr. 1

So Wowɔ Ahofama Honhom?

1 Ɛsɛ sɛ nea Yesu Kristo fi ne pɛ mu yɛ maa adesamma no ka yɛn nyinaa ma yeyi yɛn yam koraa de yɛn ho nyinaa ma. Kyerɛwnsɛm no tu fo sɛ: “Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom no.” (Rom. 12:1) Wo mu a wobɛhwehwɛ bere ne bere mu no bɛma woahu sɛ ebia woreda honhom a ɛte saa adi sɛnea wo bere betumi ama wo kwan a.

2 Denam Bible Mu Nimdeɛ a Wubenya So: So wowɔ bere a wode kenkan Bible na wusua no daa? So wudi nhyehyɛe a ɛte saa so? So ɛyɛ a wusiesie wo ho ansa na woakɔ asafo nhyiam ahorow? Sɛ woyɛ abusua ti a, so wo ne w’abusua no mufo yɛ Bible adesua daa? Sɛ wubetumi ayɛ eyinom a, ɛsɛ sɛ wode bere a wode hwɛ television anaa wode tra kɔmputa ho, anaa wode yɛ nneɛma foforo no bɔ afɔre. Nanso, hwɛ hia a ehia sɛ wode bere kakraa bi bɛbɔ afɔre bere a wunim sɛ Onyankopɔn Asɛm a wubesua no bɛma woanya daa nkwa no!—Yoh. 17:3.

3 Denam Wo Mma a Wobɛtete Wɔn So: Bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ obi fi ase nya ahofama honhom no ne ne mmofrabere mu. Ma wo mma nhu sɛ agodie wɔ ne bere na adwuma ne teokrase dwumadi nso wɔ ne bere. (Efe. 6:4) Ma wɔnyɛ fie nnwuma a ɛho hia no bi. Yɛ nhyehyɛe na ama woatumi ne wɔn akɔ asɛnka daa. Yɛ nhwɛso pa na ama akwankyerɛ a wode ma no adi mu.

4 Denam Mmɔden a Wobɛbɔ Wɔ Asafo no Mu So: Sɛ asafo no mufo nyinaa fi wɔn pɛ mu boa wɔn ho wɔn ho na wɔda ahofama adi wɔ dwumadi bi mu a, ɛma asafo no yɛ den. (Heb. 13:16) So wubetumi ayɛ pii wɔ Ahenni ho asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu? So wubetumi aboa ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na ebia wode wɔn atra kar mu aba adesua?

5 Ansa na Yesu de ne desani nkwa rebɛbɔ afɔre no, otuu n’asuafo no fo sɛ wɔmma Ahenni nneɛma ho nhia wɔn, na wɔmfa nni kan wɔ wɔn asetram. (Mat. 6:33) Sɛ yɛda ahofama honhom a ɛte saa adi a, yɛn ani begye paa bere a yɛresom Yehowa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena