-
So Wokae?Ɔwɛn-Aban—1991 | August 15
-
-
ade titiriw nti a Onyankopɔn hyɛɛ mogya ho mmara no ne sɛ ne di bɛma wɔayare, na mmom mogya kyerɛ biribi titiriw ma Onyankopɔn.—6/15, nkratafa 8-9.
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo awofo ne mmofra betumi ahyɛ gye a ebia wobegye mogya a abofra bi pow sɛ obegye no atom no mu den?
Ɛwom sɛ onnii mfe a mmara kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin de, nanso ɛsɛ sɛ Kristoni abofra tumi kyerɛkyerɛ nea ogyina so wɔ ɔsom mu pow mogya no mu pefee. Awofo betumi ne wɔn mma no asuasua nea wɔbɛka no na ama wɔn ho akokwaw wɔ wɔn ankasa gyidi a wɔkyerɛkyerɛ mu no mu.—6/15, kratafa 18.
◻ Ɔkwan bɛn so na wohyiraa mmea kɛse wɔ Yesu asase so ɔsom adwuma no mu?
Yesu fii adwuma a ɛde awerɛkyekye, anidaso, ne nidi foforo brɛɛ mmea a wofi mmusua nyinaa mu ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mmea honhom mu nokware ahorow a emu dɔ. (Yohane 4:7, 24-26) Wɔ ne som adwuma no mu no, ɔpenee so ma mmea som no bere a okyinkyin asase no so no. (Marko 15:40, 41)—7/1, nkrafata 14-15.
◻ Akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe bɛn na awofo ahu sɛ wɔfa so kyerɛkyerɛ wɔn mma a etu mpɔn?
Ɛyɛ papa sɛ awofo de mfatoho ahorow di dwuma ma wɔn mma nkumaa koma kɔn dɔ Kristofo nokware ahorow, na ebia wobetumi de nsemmisa a wɔasusuw ho yiye adi dwuma de ahu nea wɔn mma a wɔn ani afi no redwen ho ankasa. (Fa toto Mateo 17:24-27 ho.)—7/1,kratafa 26.
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi adɔe akyi?
Adɔe su ma Onyankopɔn ne afoforo ani gye yɛn ho. Ɛma ahɔhoyɛ su nya nkɔso. na ɛma yedwen afoforo ho kɛse. Ɛhyɛ abusua no mu ne Kristofo asafo no abusuabɔ mu den. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.—7/15. kratafa 22.
◻ Dɛn nti na wobetumi adaadaa Kristoni wɔ fekubɔ mu? (1 Korintofo 15:33)
Ebia obi bɛda ne ho adi sɛ ɔwɔ adamfofa so na n’ani gye nnipa ho, nanso sɛ onnwen Yehowa adwuma ho anaa onnye Bible no nni sɛ Kristoni no a, ɔnyɛ ɔyɔnko pa. Dɛn ntia? Efisɛ n’asetra gyina nnyinasosɛm foforo so, na nneɛma a ebia ɛho hia Kristoni no nkyerɛ biribi titiriw mma no.—7/15, kratafa 23.
◻ Dɛn nti na Atemmu Da yɛ bere a anidaso wom?
Atemmu Da yɛ bere a ne tenten yɛ mfirihyia apem. Onyankopɔn ankasa na ɔbɛhwɛ so, na Ne Ba Yesu Kristo a Onyankopɔn apaw no no ayɛ Ɔtemmufo. Eyi bɛyɛ bere a ɔde ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam ma ɛbɔɔ n’asefo no bɛma adesamma (1 Korintofo 15:21, 22)—8/1, nkratafa 5-7.
-
-
So Wunnye Ntom sɛ Wowɔ Bɔne Su Horow?Ɔwɛn-Aban—1991 | August 15
-
-
So Wunnye Ntom sɛ Wowɔ Bɔne Su Horow?
“MIHU mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ. Na me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.”—Romafo 7:21-23.
Egyee ahobrɛase na ɔsomafo Paulo gyee nea ɛwɔ atifi hɔ no toom. Nanso, ɛdenam saa a ɔyɛe so no, ɔboae ma amma ne su horow a ɛnyɛ pɛ no anni ne so.
Ɛte saa ara wɔ nokware Kristofo fam nnɛ. Bere a yebenyaa Bible mu nokware ho nokware nimdeɛ no, yɛyɛɛ nsakrae a ɛho hia wɔ yɛn asetra mu, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yehowa gyinapɛn hyia. Nanso, yɛda so ara wɔ bɔne su horow, “efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) So yefi nokwaredi mu gye tom sɛ yɛwɔ su horow pɔtee bi a enya yɛn so nkɛntɛnso? Anaasɛ yennye ntom sɛ yɛwɔ saa su horow no, na ebia yɛka sɛ ‘Ebia eyinom yɛ ɔhaw ma afoforo, nanso ɛnyɛ me?’
Obi ho a ɔdaadaa saa no betumi adi no awu. Ebia Bible mu mfatoho bi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea ɛho hia sɛ yegye yɛn bɔne su horow tom, na yedi ho dwuma.
Nea Enti a Gye a Wunnye Ntom Bedi Wo Awu
Bible mmere mu no, na wɔde afasu bɔ nkurow pii ho ban. Na apon—a wɔtaa de nnua yɛ no—yɛ kurow no mu afasu no fã a ɛnyɛ den pii; enti na wɔbɔ ho ban sen biara. Na emufo yɛ apon a wɔfa mu wɔ asomdwoe bere mu a wohia no nkutoo. Wɔtaa de nnade kata nnua apon ho, na ogya ansɛe no. Wosi aban hyɛ afasu no mu na ama awɛmfo a wɔde wɔn tra mu no atumi ahu atamfo a wɔreba no wɔ akyiri.
Afei susuw ho: Dɛn na ebesi, sɛ kurow bi mufo nnye ntom sɛ kurow no apon nyɛ den, ma enti wɔammɔ ho ban sɛnea ɛsɛ a? Ɛrenyɛ den mma atamfo asraafo sɛ wɔbɛhyɛn kurow no mu, na wɔadi so nkonim.
Saa na ɛte wɔ yɛn fam. Yehowa nim yɛn mu biara mmerɛwyɛ. “Na enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” (Hebrifo 4:13) Ebia Satan nso ahu bɔne su bi wɔ yɛn mu, ebia ɛyɛ nokware no a yekyinkyim no, yɛn bo a efuw ntɛmntɛm, yɛn ani a egye ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ho, honam fam ade dodowpɛ, ahantan, anaa biribi foforo. Sɛ yennye ntom sɛ yɛwɔ bɔne su horow a, yɛma ɛyɛ mmerɛw yiye ma Satan sɛ ɔde ntua bɛba yɛn gyidi so. (1 Petro 5:8) Ebetumi adi yɛn so bere a akɔnnɔ bɔne piapia yɛn tra su horow ara kwa na ɛma yɛyɛ bɔne no. (Yakobo 1:14, 15) Ehia sɛ yɛyɛ te sɛ Paulo, na yɛde nokwaredi gye ‘mmerɛwyɛ biara’ a ebia yɛwɔ no tom.
Hyɛ Wo Ho Den!
Sɛ yehu bɔne su horow na afei yɛanyɛ ho hwee a, ɛbɛyɛ nea mfaso nni so. Eyi bɛyɛ te sɛ ɔbarima bi a ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu, ohu mmeae a ehia sɛ osiesie, na ɔdan ne ho kɔ a ɔnyɛ nsiesiei a ehia no. (Yakobo 1:23-25) Yiw, ehia sɛ yɛyɛ ade de bɔ yɛn ankasa ho ban na bɔne su horow amma yɛanyɛ bɔne. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
Bible mmere mu no, na wɔntaa nto afasu mfa nkurow ketewa, “nkurowa” ho. (Numeri 21:25, 32; Atemmufo 1:27; 1 Beresosɛm 18:1; Yeremia 49:2) Na saa nkurow yi mufo betumi aguan akɔ kurow a wɔato afasu atwa ho no mu bere a atamfo abɛtoa wɔn no. Enti na nkurow a wɔato afasu atwa ho ahyia no yɛ guankɔbea ma nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no.
Bible no ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ aban dennen, guankɔbea, ne ɔfasu a yebetumi aguan akɔ mu akonya ahobammɔ. (Mmebusɛm 18:10; Sakaria 2:4, 5) Enti Yehowa titiriw na ɔbɔ ne nkoa ho ban. Mpae a yɛbɛbɔ no daa ho hia yiye. (1 Tesalonikafo 5:17) Mmoa foforo no ne Bible no. Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma so no, yebetumi asua nneɛma a yɛyɛ mmerɛw wom no ho ade titiriw. Ebia yɛbɛpaw nsɛm a egyina Bible so a ɛka yɛn mu biara ‘mmerɛwyɛ’ ho asɛm no, na yɛasan ahwehwɛ mu mpɛn pii.
Afei nso, te sɛ aban dennen mu awɛmfo no, yebetumi ahu ɔtamfo no wɔ akyiri, na yɛayɛ ho ade. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam kwati a yɛbɛkwati tebea horow a ebia yebehyia sɔhwɛ anaa nhyɛso wom no so. Sɛ nhwɛso no, obi a ɔrebɔ mmɔden na wannom nsã antra so no de nyansa bɛkwati mmeae a nsã nya nyɛ den wɔ hɔ anaa wɔhyɛ ho nkuran mpo no.
Eyi nyinaa gye mmɔdenbɔ. Nanso, sɛ na
-