Hyɛ Honhom Fam Botae Horow Akyidi Ho Nkuran
1 Ɛmmae pɛn sɛ mmofra pii anya Ahenni no ho asɛmpaka no mu kyɛfa saa da! Ɔpedudu pii regye afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no atom: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.” Dɛn na ɛkanyan mmofra yi ma wonya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa, na dɛn nti na wɔn mu pii de wɔn ho hyɛ akwampae adwuma no mu?
2 Akyinnye biara nni ho sɛ pii resuasua aberantewa Timoteo a ɔda nsow no abrabɔ. Ne maame ne ne nenabea kyerɛkyerɛɛ no honhom fam nneɛma fi ne mmofraase, na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ onni honhom fam botae horow akyi. (2 Tim. 3:14, 15) Enti, bere a hokwan no buei sɛ ɔtrɛw ɔsom mu hokwan ahorow a ɔwɔ no mu no, na ɔfata, na na wasiesie ne ho.—Aso. 16:1-3.
3 Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ mmofra pii nkuran ma wɔadi honhom fam botae horow akyi? Nhyɛase bɛn na ɛsɛ sɛ wɔto? Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma anya nokware no ho anisɔ, na aboa ma wɔde botae horow a ɛbɛtra hɔ akyɛ asisi wɔn anim?
4 To Kyerɛwnsɛm Mu Nhyɛase: Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu sɛ nea wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma no fi Yehowa hɔ, na ama wɔn mma ‘ahu nyansa akɔ nkwagye mu.’ (2 Tim. 3:15) Momfa nsiyɛ mmɔ mmɔden sɛ mobɛma wɔanya Onyankopɔn Asɛm, Bible, no ho anigye kɛse. Eyi hwehwɛ sɛ mo ne wɔn yɛ daa Bible adesua a wɔte ase yiye a ebedi wɔn ahiade ho dwuma, na mode wɔn kɔ nhyiam daa. Sɛ mmofra benya gyidi a emu yɛ den a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadi honhom fam botae horow akyi a, ɛsɛ sɛ wonya wɔn ankasa kokoam adesua nhyehyɛe, na wɔn ankasa ne Yehowa hyehyɛ abusuabɔ.—1 Tes. 5:21; Heb. 11:1.
5 Sɛ Kristofo mmofra awofo ne asafo no mufo afoforo a wɔn ho akokwaw yɛ nhwɛso pa, na wɔda “Yehowa anigye” adi a, mmofra no bedi honhom fam nneɛma akyi ntɛmntɛm. (Neh. 8:10, New World Translation) Sɛ yɛda anigye adi a, yɛn nyinaa betumi aboa mmofra ma wɔahu sɛ nokware Kristosom ho ahwehwɛde nyɛ den.—1 Yoh. 5:3.
6 Akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ne ahwɛfo akwantufo a wɔne mmofra pii ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu anaasɛ wɔahyɛ wɔn nkuran no anya saa mmofra no so nkɛntɛnso kɛse. Awofo betumi aboa denam bere nyinaa adwumayɛfo a wɔyɛ nhwɛso pa a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn aba wɔn fie ma wɔabedidi anaasɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn wɔ mmere afoforo mu ma wɔne wɔn anya Kristofo fekubɔ no so. Yesu Kristo de mmofra a wɔma wɔn ani ku wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so ho nhwɛso a ɛsen biara mae.—Marko 10:13-16.
7 Botae Horow a Wɔde Besisi Hɔ: Sɛ awofo de akwankyerɛ pa ma a, mmofra taa sisi honhom fam botae horow ma wɔn ho wɔ wɔn mmofraase pɛɛ. Sɛ mmofra si honhom fam botae a wɔpɛ sɛ wodu ho, sɛ ebia akwampae adwuma, wɔbɛsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse, Betel anaasɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma, ne ade ho gyinae pɛ a, awofo ne afoforo a wɔn ho akokwaw betumi de anigye ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayere wɔn ho adu wɔn botae no ho, na wɔde nyansahyɛ ahorow a eye ama wɔn de ahyɛ wɔn mpamden.
8 Asafo biara te sɛ abusua. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ani gye ho sɛ ɔbɛboa mmofra ma wɔakɔ so anantew nokware no mu, na wɔanya honhom fam nkɔso. Yebetumi ayɛ saa denam ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no so dua a yebesi na yɛahyɛ wɔn nkuran sɛ wonni honhom fam botae horow akyi no so.