Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/92 kr. 8
  • Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn Fa Hyɛ Anigye No Mu Den
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 6/92 kr. 8

Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn

1 Sankɔhwɛyɛ yɛ yɛn som adwuma sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no fã titiriw. (1 Kor. 3:6-9) Ɛho nhia sɛ yɛbɔ hu wɔ nea ofiewura no bɛyɛ ho, efisɛ yɛrekɔ obi a wakyerɛ nokware no ho anigye dedaw nkyɛn. Yɛn ho a yebesiesie no yiye bɛda no adi sɛ yefi yɛn komam kyerɛ onii ko a yɛrekɔ no nkyɛn no ho anigye, bere a yesusuw Bible mu asɛmti a ɛkanyan anigye ho no.

2 Ka biribi pɔtee ho asɛm; bisa anifere kwan so nsɛm.

Wubetumi ahwɛ nea wokyerɛw wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no so abisa sɛ:

◼ “So woasan asusuw Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ese obedi asase no so trenee mu no ho?”

Asemmisa foforo betumi ayɛ:

◼ “So wote nka sɛ mpae a wobɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no kyerɛ biribi kɛse fi bere a yɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ dapɛn a etwaam no mu no?”

W’anim yɛbea ne wo nne a ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ adamfofa su no bɛda anigye a efi komam adi, bere a worebisa nsɛm a ɛtete saa no.

3 Mma Wo Ho Mpere Wo; Tie Nea Ofiewura no Ka No. Sɛ yetie nea ofiewura no ka na yedwen ho yiye ansa na yɛabua a, obehu sɛ yɛkyerɛ ne ho nokware anigye. Wubetumi agyina nea ɔka no so aka Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a ɛfa wo nsrahwɛ a edi kan no ho. Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ ofiewura no biribi, bere biara a wobɛkɔ hɔ no. Sɛ obisa asɛm bi a wonhwɛ kwan a, fa hokwan no yi wo Reasoning nhoma no fa hwehwɛ asɛm a ehia no.

4 Sɛ wode May 1, 1992, “Ɔwɛn-Aban” na ɛmaa no a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Nnaano yɛkaa afe 1914 ho asɛm. Ɔko a efii ase wɔ saa afe no mu no de nsakrae horow baa nniso pii mu. Efi saa bere no, wɔkɔ so yɛ nsakrae pii. Nanso so nsakrae yi bi anaasɛ ne nyinaa adi nnipa ahiade ahorow ho dwuma ankasa, anaasɛ ebetumi de daa asomdwoe aba? [Ma ommua.] Hyɛ sɛnea Yesu kyerɛkyerɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ahenni bi a ebetumi adi ɔhaw akɛse a yehyia nnɛ ho dwuma ho mpae no nsow. [Kenkan Mateo 6:9, 10.] Dɛn na wususuw sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ? [Ma ommua.] Nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma no nso yɛ anigye yiye.” Afei kenkan Daniel 2:44. Ebia wobɛpɛ sɛ wode Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 12 ne 13 mfonini bɛkyerɛ tebea ko a yɛbɛhwɛ kwan wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no. Sɛ wode nsɛmma nhoma foforo ma a, ma nsɛm a wobɛka no ne emu nsɛm no nhyia.

5 Sɛ wo de May 8, 1992, “Awake!,” na ɛmaa no a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Bere a etwa to a mebɛsraa wo no, yɛkaa nnipa a wɔafi wɔn man mu na ama wɔakwati nsisi ne amanehunu no ho asɛm. So wususuw sɛ Onyankopɔn dwen amane a adesamma hu wɔ wɔn yɔnkonom nsam no ho?” Wubetumi agyina mmuae ko a ɔde bɛma no so aka Ɔsɛnkafo 4:1 anaasɛ Dwom 72:12-14 ho asɛm. Afei wubetumi abue “Hwɛ!” brochure no kratafa 15, na woakenkan anaa woabɔ kratafa no mu nkyekyem abiɛsa mu nsɛm mua, na woabisa nkyekyem biara ho asɛm.

6 Momma yɛnkɔ so nkyerɛ afoforo ho anigye, na yɛmma Bible mu nsɛm a ɛkanyan anigye no ntra yɛn adwenem, na yɛn sankɔhwɛ ahorow atu mpɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena