Ɔwɛn-Aban no a Yɛde Bɛma wɔ June Mu
1 Wɔaka Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw no ho asɛm tiawa wɔ ebiara kratafa 2 no atifi hɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ ma ɛne saa atirimpɔw a wɔaka no ahyia, na ama yɛaboa nnipa pii sɛnea yebetumi? Wɔ June mu no, yɛbɛbɔ mmɔden yiye sɛ yɛbɛhyɛ wɔn a wɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye no nyinaa nkuran ma wɔakenkan Ɔwɛn-Aban no daa.
2 Yebetumi aka akyerɛ obi a ose ɔyɛ Kristoni no sɛ:
◼ “Yɛrebisa yɛn mpɔtam hafo asɛm bi, na yɛn ani bɛsɔ nea wobɛka wɔ ho no. Esiane sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra, na wɔnyɛ N’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro no nti, so wususuw sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so ha ankasa?” Ma ommua, na afei bue Yesaia 55:10, 11, na ka kyerɛ ofiewura no sɛ ɔnhyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyinaa bɛbam.—rs, kr. 12, nnianim asɛm a ɛto so abien wɔ “Kingdom” ase.
3 Sɛ ofiewura no da anigye adi a, wubetumi atoa so aka sɛ:
◼ “Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no atirimpɔw biako ne sɛ ɛbɛtwe adwene asi Bible nkɔmhyɛ mmamu so. Hyɛ asɛm yi nsow.” Afei twe adwene si May 1 Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a edi kan, “1914—Afe a Ɛmaa Wiase no Ho Dwiriw” no so, na ka sɛ: “Ebia woresusuw sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekyerɛ 1914 ho anigye?’ Hyɛ nea nkyekyem 2 no ka fa 1914 ho wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no nsow.” Afei kenkan saa nkyekyem no. Sɛ munni May nsɛmma nhoma no bi a, wubetumi de April 1 de no a ekura asɛm “Nokware Ahofadi—Ehe na Efi Ba?” no adi dwuma.
4 Wubetumi agyina mmuae ko a ɔbɛma no so de nsɛmma nhoma a aba foforo no bi ama no. Sɛ ɔkenkan yɛn nhoma na ɔkyerɛ ho anisɔ, na ebia ɔka sɛ “Mekenkan mo nsɛmma nhoma daa” a, wubetumi akyerɛkyerɛ sɛnea obetumi akra Ɔwɛn-Aban no ma ne nsa aka bi daa no mu akyerɛ no.
5 Sɛ wopɛ sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ kyɛ a, wubetumi atrɛw saa asɛm no mu ma moakenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3-5 no aka ho, sɛnea wɔada no adi wɔ Reasoning nhoma no mu no.
Wɔ eyi mu no, bere a moakenkan Yesaia 55:10, 11 awie no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛrenkyɛ na Onyankopɔn apɛde ma asase no ho nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ nwonwa abam. Ɛbɛka me ne wo asetra. Wo de tie nea wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 21:3-5 no.” Afei wubetumi akenkan nkyekyem no na moasusuw nhyira horow a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no ho. Da sɛnea Ɔwɛn-Aban no bɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no dawuru adi kyerɛ no.
Wubetumi aka sɛ:
◼ “May 1 de no kura asɛm a ɛne ‘Henanom na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” no Mu?’ Ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea wubetumi atra ase wɔ trenee wiase foforo bi mu wɔ Onyankopɔn Ahenni a yɛkenkan ho asɛm wɔ Adiyisɛm 21 no ase.” Wubetumi de April 1 de no a ekura asɛm a ɛne “So ‘Onipa Wiase Nhyehyɛe Foforo’ no Abɛn?” adi dwuma, sɛ munni May 1 de no bi wɔ hɔ a.
6 Fa Ɔwɛn-Aban no Yɛ Ade a Wubegyina so Ayɛ Bible Adesua: Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔasua nokware no na ama wɔn nso wɔatumi abɛyɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo, na wɔabɔ Yehowa Ahenni no ho dawuru no bi. Enti, sɛ yehu nnipa a wɔn ani gye ho a, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛw wɔn ho asɛm to hɔ na yɛsan kɔsra wɔn ntɛm ara.
7 Bere a yɛnam Ɔwɛn-Aban no so ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo no, ɛmmra sɛ yɛbɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ yɛn adwuma no ho bere nyinaa, na ama yɛahu wɔn a wɔte sɛ nguan na yɛama wɔn aduan.—Yoh. 21:15-17.