Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu
1 Wɔka Nyan! atirimpɔw pefee wɔ nea ɛba biara kratafa 4: “Nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa nhyehyɛe foforo a asomdwoe wom a ɛbɛba ansa na awo ntoatoaso a ehuu nsɛm a esisii 1914 mu no atwam akɔ no ho no mu awerɛhyem.” Ɛda adi sɛ ɛfata sɛ yɛkyekyɛ nsɛmma nhoma a ɛte saa no dodow biara a yebetumi wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma mu!
2 Nyan! yɛ ade a eye kyɛn so a yebetumi afa so akanyan wɔn a ebia wɔnkyerɛ honhom mu nneɛma ho anisɔ. Bere a worekenkan nea ɛbɛba biara no, hwehwɛ nsɛm pɔtee a wubetumi aka akyerɛ afoforo. Adawurubɔfo binom kyerɛw nsɛm ntiantia wɔ wɔn ankasa wɔn de mu, na sɛ wɔde saa Nyan! no bi rebɛkɔ asɛnka a, wɔsan hwehwɛ nsɛm ntiatiaa no mu na ama wɔanya nsɛm pɔtee bi a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka akyerɛ ofiewuranom.
3 Yebetumi apaw asɛm pɔtee bi afi Nyan! a yɛde redi dwuma no mu asɛm bi mu de afi yɛn nkɔmmɔbɔ no ase.
Wɔ nsrahwɛ a edi kan mpo mu no, wubetumi akanyan nsɛmma nhoma kra ho anigye wɔ mo nkɔmmɔbɔ no awiei denam ka a ebia wobɛka sɛ:
◼ “Nyan! mu asɛm yi kyerɛkyerɛ asɛm no mu kɔ akyiri.” Afei kenkan asɛm biako anaa abien a woadi kan apaw, na toa so sɛ: “Sɛnea wutumi hu no, emu asɛm yi yɛ anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan saa asɛm yi ne nsɛm afoforo a ɛyɛ ne bere mu de a ɛwɔ saa Nyan! yi mu no. Sɛ ɛte saa a, m’ani begye ho sɛ mɛboa wo ma woakra ɛno ne nsɛmma nhoma a ɛka ho Ɔwɛn-Aban no.” Sɛ ofiewura no ampene so a, wubetumi ama no nsɛmma nhoma nkorɛnkorɛ na wayɛ nhyehyɛe asan akɔsra no. Hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔ hɔ sɛnea mohyehyɛe no.
4 Sɛ ofiewura no kyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye pefee a, yebetumi atwe adwene asi kyerɛwsɛm bi a ɛfa nna a edi akyiri yi ho so, te sɛ 2 Timoteo 3:1-5. Ɛno akyi no, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakanyan n’anigye wɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no mu no, yebetumi akenkan Ɔwɛn-Aban a aba foforo no kratafa 2 tee afi faako a efi ase sɛ: “Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw . . . ” no. Ɛno akyi no, ma no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no bi.
5 Wɔ nsasesin a ɛte sɛ nea ɛhɔfo ani gye ɔsom ahorow pɔtee bi ho no, sɛ anka wode nsɛmma nhoma bedi dwuma no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ saa mpɔtam ha no, yehyia nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow bi a ɛyɛ soronko wɔ yɛn de no ho. Hwehwɛ a adesamma hwehwɛ Onyankopɔn no ama wɔafa akwan horow pii so. [Kenkan Asomafo no Nnwuma 17:26, 27.] So wugye tom sɛ nkurɔfo taa di wɔn awofo som akyi, sen sɛ wɔn ankasa bɛhwehwɛ Onyankopɔn? [Ma ommua.] Ɛno ho asɛm na saa nhoma yi, Mankind’s Search for God ti biako ka. [Si asɛm a ɛwɔ nkyekyem 12 a ɛwɔ kratafa 8 no so dua.] Sua a wubesua ɔsom afoforo ho nsɛm pii bebue w’adwenem ma woanya nimdeɛ. Saa nhoma yi kyerɛkyerɛ wiase yi mu ɔsom atitiriw no asefi, wɔn nneyɛe, ne wɔn nkyerɛkyerɛ mu.” Sɛnea bere bɛma kwan no, fa atiri a wɔahyehyɛ wɔ nhoma no mu ne emu mfonini biako anaa abien kyerɛ ofiewura no.
6 Bere a yɛkɔ afie afie no, momma yɛnkae sɛ yɛwɔ nnwinnade a ɛsen biara wɔ wiase no abien a yɛde bɛboa nkurɔfo ma wɔanya honhom mu nkɔso, a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Ɛmmra sɛ yɛbɛkanyan ofiewuranom anigye wɔ nsɛmma nhoma ahorow yi mu na yɛde ama wɔ hokwan biara a yebenya mu.