Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/93 kr. 8
  • Ma W’ani Nkũ Anigyefo a Wunya Wɔn no Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nkũ Anigyefo a Wunya Wɔn no Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Anigye San Kɔboa Anigyefo
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 10/93 kr. 8

Ma W’ani Nkũ Anigyefo a Wunya Wɔn no Ho

1 Sɛ yɛde yɛn nsɛmma nhoma ahorow ne teokrase nhoma afoforo ma a, yɛnam so de trɛw nkrasɛm a Yesu Kristo bɔɔ ho dawuru no mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛsan akɔsra obiara a ɔkyerɛ anigye.

2 Sɛ wusii Nyan! mu asɛm pɔtee bi a ofiewura no ani gyee ho so dua a, ka ho nsɛm afoforo bere a woasan akɔ hɔ no, na fa wo nkɔmmɔbɔ no gyina kyerɛwsɛm titiriw biako ne ebia nkyekyem biako anaa abien so. Sɛ ɔkɔ so kyerɛ anigye a, da no adi kyerɛ no sɛ Nyan! no so wɔ abusua mũ no nyinaa mfaso. Nea ɛba biara ka nsɛm a egu ahorow, te sɛ nea ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, nkɔso a yɛn ankasa yebetumi anya, sɛnea yebedi nnɛyi nsɛnnennen no ho dwuma, ne nsemmisa a ɛfa mmofra ho no ho. Wubetumi ama ofiewura no ahu sɛ wotumi kra Nyan! na ne nsa betumi aka 24 wɔ afe biako mu.

3 Na sɛ ofiewura no ani nnye Nyan! a aba foforo no mu nsɛm no biara ho nso ɛ? Sɛ́ anka wode nkɔmmɔbɔ no besi hɔ no, wubetumi afa hokwan yi de akyerɛkyerɛ ofiewura no pii afa Yehowa Adansefo adwuma no ho denam asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 206 no a wode bedi dwuma no so.

4 Sɛ womaa “Ɔwɛn-Aban” bere a etwaam no denam 2 Timoteo 3:1-5 a wode dii dwuma, ne asɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma no kratafa 2 no so, na wosan kɔ a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Wɔ nkɔmmɔ a yɛbɔɔ no bere a etwaam mu no, yesusuw nea nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ no kyerɛ no ho. Ɛte sɛ nea nnipa bebree ahwere anigye a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne asetra gyinapɛn ahorow a ɔde ama wɔ Bible mu no ho. Eyi aka su a nnipa da no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no kɛse, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-5 no. So wususuw sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ tebea horow no bɛyɛ yiye daakye?” Bere a woama no abua awie no, wubetumi atwe n’adwene asi 2 Petro 3:13 so. Afei dan kɔ Reasoning nhoma no nkratafa 227-33 so, na si nea Ahenni no bɛyɛ ama adesamma so dua.

5 Wɔ sankɔhwɛ no mu no, ebia wubehu sɛ ofiewura no twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka ne som ho asɛm, na ɔte nka sɛ ɛyɛ kokoam asɛm ankasa. Wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Bere a ɔsom pii wɔ wiase yi a akwantu ne nkitaho a enya nkɔanim daa no ma ɛkɔ so yɛ ketewa no mu no, wɔte nyamesom gyidi ahorow nkɛntɛnso nka wɔ wiase nyinaa, ɛmfa ho sɛ yɛpɛ anaa yɛmpɛ no. Enti, te a nnipa bɛte wɔn ho wɔn ho gyidi horow ase no betumi ama wɔne wɔn a ɛsono wɔn nyamesom gyidi adi nkitaho a mfaso wɔ so. Ebetumi abrɛ nitan a nyamesom gyidi ahorow de ba no binom ase. Wususuw ho dɛn?” Bere a woama ofiewura no abua awie no, dan n’adwene kɔ nhoma Mankind’s Search for God no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no so.

6 Momma yɛmmɔ mmɔden sɛnea yebetumi biara sɛ yɛbɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ nokware no ho anigye nyinaa, na yɛmmoa wɔn ma wɔmfa ɔkwan a ɛde kɔ daa nkwa mu no so.—Yohane 4:23, 24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena