Fa Anigye San Kɔboa Anigyefo
1 Obiara a onya afie afie adwuma no mu kyɛfa pɛ sɛ ɔboa anigyefo. Bere a yɛde saa mmoa no ma no, yenya anigye ne akomatɔyam kɛse. (Fa toto Dwom 126:5, 6 ho.) Eyi hwehwɛ sɛ yesiesie yɛn ho.
2 Ahosiesie no fi ase bere a yɛkyerɛw nsɛm a edi mu gu yɛn afie afie kyerɛwtohɔ krataa no so no. Kyerɛw asɛm a mususuw ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu ne ofiewura no nneyɛe wɔ so. Ebia wobɛpɛ mpo sɛ wokyerɛw sɛnea wopɛ sɛ mufi nkɔmmɔbɔ no ase bere a woasan akɔsra no no.
3 Sɛ nhwɛso no, sɛ wokaa Awurade Mpaebɔ no ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu na afei wode “Nniso” “brochure” no mae a, wubetumi de bere tiaa bi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a atwam no mu no, yɛbɔɔ sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so, ne sɛ yebenya asomdwoe wɔ asetra afã horow nyinaa mu ho nkɔmmɔ. Mesrɛ sɛ hyɛ nea brochure a mede gyaw wo no ka wɔ nhyira afoforo a Onyankopɔn Ahenni de bɛbrɛ adesamma no nsow wɔ kratafa 29.”
4 Sɛ́ na onipa no nnye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ka biribi te sɛ eyi:
◼ “Bere a midii kan baa ha no, yesusuw asɛm a Paulo kae wɔ Hebrifo 3:4, a ɛde nsɛm a ntease wom a ɛbɛma yɛaka sɛ nneɛma nyinaa Yɛfo bi a ɔwɔ nyansa bɛwɔ hɔ ma ho.” San kenkan kyerɛwsɛm no na twe adwene si So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no nkratafa 4 kosi 9 mu nsɛm so, na toa so fi faako a wode asɛm a wudii kan kae no sii no so. Bisa asɛm a wɔabisa no na afei kenkan nkyekyem no, na ma ofiewura no kwan ma ommua asemmisa no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma ɔnkɔfa ne brochure no mmra na mommom nsusuw asɛm no ho.
5 Wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu no, sɛ na ɛte sɛ nea ofiewura no wɔ nea ehia no wɔ honam fam anaa onni bi a, wubetumi asan atwe n’adwene asi So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ kratawa no so bio, na moakenkan nea wɔaka wɔ kratafa 6 no. Bisa ofiewura no sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔtra asase so paradise fɛfɛ bi mu anaa. Nea ɛbɛboa wo bio ma woahu n’anigye no, wubetumi ama waka nsɛmma nhoma a wode redi dwuma no mu mfonini anaa asɛm bi a ɛhyɛ nkuran ho asɛm.
6 Wubetumi afa ɔkwan titiriw yi so de asɛm bi a ebia woasusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu no adi dwuma. Twe adwene si asɛm a wusii so dua wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu no so, na afei ka asɛm koro no ara mu anigyesɛm foforo bi anaa nsɛmma nhoma foforo bi mu de. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mommom nkenkan kyerɛwsɛm bi na ma ofiewura no nka ho asɛm.
7 Ma wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase no ntra w’adwenem. Egye nsrahwɛ pii na woama wanya anigye sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua. Da no adi sɛ wudwen ofiewura no ho denam ne nkyɛn a wobɛsan akɔ ntɛm no so.
8 Asɛmpa a yɛka no de anigye kɛse ba. (Luka 2:10) Sɛ anigyefo yɛ yɛn mmɔdenbɔ no ho biribi a, ɛda adi sɛ eyi de anigye ba. (Fil. 4:1) Momma yennya saa anigye no bi denam anigyefo a yehu wɔn wɔ asɛnka mu a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn akɔboa wɔn no so.