Yɛ a Yɛbɛyɛ Yɛn Som Adwuma a Egye Nkwa no ma Asow Aba
1 Ná ɔsomafo Paulo sakra sɛnea ɔka asɛmpa no kyerɛ mu na ama ‘watumi agye ebinom nkwa.’ (1 Kor. 9:19-23) Saa ara nso na sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ yebehu nneɛma a ofiewura no ani gye ho, na yɛyɛ krado sɛ yɛbɛsakra yɛn nkɔmmɔbɔ mu ma ɛne n’ahiade ahorow ahyia a, yɛbɛsow aba pii wɔ yɛn som adwuma no mu. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ den bere a yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! anaa yɛn brochure ahorow no mu biako ma no.
2 Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi de w’ankasa wo nsɛm aka biribi te sɛ eyi de afi ase sɛ:
◼ “Nnipa pii aba mu bu wɔ da a ɛda adi sɛ wiase nniso ahorow ntumi mfa yɛn mmere yi mu ɔhaw ahorow ano aduru a ɛyɛ papa mma no ho. Ebinom mpo ka sɛ ɔhaw ahorow a wohyia no fi wiase nniso ahorow no. So wususuw sɛ yebetumi anya nniso bi a ebetumi adi yɛn ahiade nyinaa ho dwuma sɛnea ɛsɛ? [Twɛn ma ommua.] So wunim sɛ yɛwɔ nniso bi a nea ɛbɛyɛ biara ebeyi ɔhaw ahorow a yehyia no nyinaa afi hɔ ho nokware bɔhyɛ wɔ hɔ?” Tie mmuae a ofiewura no de bɛma no yiye. Yɛ krado sɛ wubegyina nea ɔbɛka no so adan akɔ nsɛm pii a yɛka kyerɛ no biako so. Nanso kwati nsɛm a ɛfa amammuisɛm ho.
3 Sɛ ɛda adi wɔ nsɛm a ofiewura no ka mu sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a, ɛnde yebetumi abisa sɛ ebia ɔbɔ “Yɛn Agya a wowɔ soro” anaa Awurade Mpae a wɔbɔ no bi. Sɛ obua sɛ yiw a, yebetumi atĩ mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm no mu aka akodu baabi a ese “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mat. 6:9, 10) Eyi kyerɛ sɛ da bi wɔbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ asase so ha. Afei wubetumi atwe adwene asi Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa brochure bi a ɛka eyi ho asɛm mu asɛm bi a ɛfata, te sɛ asɛm a ɛwɔ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba no kratafa 3 no so.
4 Sɛ ofiewura no nyɛ hwee a ɛkyerɛ sɛ ogye Onyankopɔn di a, wubetumi atwe n’adwene asi Hebrifo 3:4 so, na afei woabue So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no kratafa 4. Kenkan nkyekyem 1 ne 2 na bisa asɛm a wɔabisa wɔ kratafa no ase hɔ no. Anaa wubetumi de nsɛmma nhoma bi a aba foforo mu asɛm bi a ɛfata atoa so.
5 Sɛ ɛte sɛ nea ofiewura no wɔ nea ehia no wɔ asetra mu a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw nea Bible no ka fa nniso daakye ho no ho anibere so?” Afei yebetumi de Reasoning nhoma no nkratafa 154 ne 155 no mu nsɛm no adi dwuma, na yɛaka ɛhɔnom nneɛma awotwe nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no biako anaa nea ɛboro saa ho asɛm tiawa. Sɛ ofiewura no da anigye adi a, fa So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no di dwuma, fi ase fi nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 2 fa toa nkɔmmɔbɔ no so.
6 Wo nsrahwɛ a edi kan no rensow aba nwie, sɛ woankanyan ofiewura no akɔnnɔ amma nsrahwɛ foforo a. Enti, hwɛ sɛ wubebisa anigyesɛm bi na hyɛ bɔ sɛ, sɛ wosan ba a, wubebua.
7 Paw atifi hɔ nsɛm no mu nea wote nka sɛ wubetumi aka no yiye. Sakra nyansahyɛ ahorow yi mu ma ɛne w’asasesin mu tebea nhyia. Hu brochure ahorow, nkratawa, ne nsɛmma nhoma a wode bedi dwuma no mu nsɛm na ama woatumi asakra wo nkɔmmɔbɔ no mu ntɛm ma ɛne ofiewura no ahiade ahorow ahyia. Ɛmmra sɛ “asɛmpa no nti,” yɛn nyinaa de nsiyɛ besiesie nsɛm a yɛka kyerɛ no na yɛnam saayɛ so atumi ayɛ nkwagye som adwuma no ma asow aba.—1 Kor. 9:23.