Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/92 kr. 7
  • Nnianim Nsɛm Betumi Ama Wɔatie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim Nsɛm Betumi Ama Wɔatie
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwinnwen Nea Wubedi Kan Aka Ho
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Ɔkwan Pa A Yɛbɛfa So Asiesie Yɛn Ho Ama Asɛnka
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Ahenni Asɛnka Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 6/92 kr. 7

Nnianim Nsɛm Betumi Ama Wɔatie

1 So wode nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no mu, anaa nea ɛba Yɛn Ahenni Som a ɛba nnansa yi mu no bi redi dwuma? Adawurubɔfo pii rebɔ amanneɛ sɛ wɔnam nnianim nsɛm yi mu nsɛm pɛpɛɛpɛ a wɔde di dwuma no so resow aba pii wɔ wɔn afie afie som adwuma no mu. Afoforo nso ahu sɛ wɔnam bere kakraa bi kɛkɛ a wogyei de siesiee wɔn ho maa asɛnka adwuma no so atumi de wɔn ankasa nsɛm ahyehyɛ nnianim nsɛm a egyina nhoma no mu de a wɔahyɛ ho nyansa no so.

2 Nokwasɛm biako ni, ɛne sɛ sɛ wokae wo nnianim nsɛm no yiye ansa na wode Ahenni nkrasɛm no akɔ obi nkyɛn a, worensuro koraa na wubenya ahotoso kɛse. Nsɛm a wobɛka no bɛda ɔpɛ a efi komam a wowɔ sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ no no adi. Wo ho a wusiesie yiye no ma wo som adwuma no yɛ anigye kɛse, efisɛ nnepa befi mu aba. Nea ehia sen biara ne sɛ yɛbɛma yɛn afɔrebɔ som adwuma no ayɛ nea ɛsen biara a yebetumi de ama.—Heb. 13:15; 1 Pet. 2:5.

3 Enti gye bere fa siesie wo ho. Susuw nnipa ko a ɛda adi sɛ wubehyia wɔn wɔ mo asasesin no mu no ho. Dɛn ne wɔn haw ne wɔn dadwen? Nsɛm a ɛresisi mprempren bɛn na ɛreka wɔn asetra? Bere a woadwen nsemmisa yi mmuae ho no, hwɛ nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 no mu, anaasɛ paw nnianim nsɛm no mu biako anaa nea ɛboro saa fi Yɛn Ahenni Som no mu. Fi wo pɛ mu sakra nsɛm no mu na woatumi de adi dwuma yiye. Ade a edi hɔ a wobɛyɛ ne sɛ wobɛma afoforo ne wo ahwɛ wo nnianim nsɛm no mu bere a wusuasua sɛnea wobɛda no adi no. Ebia eyi bɛhyɛ afoforo no nkuran ma wɔn nso wɔama wɔn nnianim nsɛm atu mpɔn. Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi adi sɛ mobɛhyɛ mo ho mo ho nkuran ne den wɔ nnwuma pa mu.

4 Bere ne mmɔdenbɔ a wode siesie nsɛm a wobɛka akyerɛ wɔ asɛnka mu no so bɛba mfaso. Wubetumi atu mpɔn kɛse wɔ anoboaboa adwuma a ɛyɛ anigye a yɛreyɛ mprempren no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena