KRISTOFO ABRABƆ
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ No Daa No, Worenya So Mfaso Anaa?
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ No Daa anaa Daa Asɛm ka nneɛma a yɛyɛ a ɛma yɛbɛn Yehowa no ho. Ɛyɛ a, woyɛ? Sɛ wontaa nyɛ a, wubetumi de aka wo nhyehyɛe ho anaa? Anuanom pii taa yɛ wɔn de anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi adwinnwen ho wɔ da no mu. (Yos 1:8; Dw 119:97) Kyerɛwsɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho da biara a ɛwɔ Daa Asɛm no mu no, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse? Ɛyɛ a, kenkan nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm no ho, na hwɛ sɛ wubehu nea enti a wɔkyerɛw saa asɛm no anaa. Afei, dwinnwen ho hwɛ sɛ wubenya asɛm bi a esii wɔ Bible mu a ɛne kyerɛwsɛm a woresusuw ho no hyia. Wuwie a, hwɛ sɛnea wubetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu no abɔ wo bra. Sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm boa yɛn bere a yɛresisi gyinae ahorow a, yebenya so mfaso pii, na ebesi yɛn yiye.—Dw 119:105.
Anuanom a wɔsom wɔ Betel ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no bom yɛ wɔn Daa Asɛm anɔpa biara. Nnansa yi, ɛyɛ a wɔtaa de Daa Asɛm a wɔyɛ no bi gu JW Broadcasting® so. Sɛ wokɔ PROGRAM NE DWUMADI AHOROW afã hɔ a, wubehu bi wɔ hɔ. Woahwɛ bi pɛn? Akyɛ anaa nnansa yi ara? Ɛtɔ da a, wutumi hu sɛ nea wosusuw ho wɔ Daa Asɛm no bi mu no, ɛno ara na na wuhia. Sɛ nhwɛso no, sɛn na Lot asɛm no betumi aboa wo bere a woresisi gyinae ahorow no?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MONNNƆ WIASE (1YO 2:15) NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nneɛma bɛn na meyɛ wɔ da no mu a ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa Asɛm da me koma so?