Yɛ Nhyehyɛe Pa Ma W’abusua
1 Yesu hyɛɛ n’atiefo nkuran wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan.” (Mat. 6:33) Ɔkwampa a wubetumi afa so ahyehyɛ abusua no nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ a mode ɔsom ho nneɛma bedi kan ne sɛ wobɛtra ase ahyehyɛ bere a mode bɛyɛ biribiara. Fa simma kakraa bi hyehyɛ w’ankasa dapɛn dapɛn abusua dwumadi wɔ nhyehyɛe pon a hwee nni so a ɛwɔ kratafa 6 no so. Sɛ́ abusua no, mo mu binom bɛpɛ sɛ wotwa de bɔ nhyehyɛe pon no so. Afoforo nso bɛpɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn nhyehyɛe no wom.
2 Adesua nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛwɔ ase hɔ no betumi aboa wo ma woayɛ wo nhyehyɛe. Wubehu sɛ nneɛma titiriw anan pɛ na ɛwom: (1) asafo nhyiamkɔ, (2) abusua asɛnka adwuma, (3) abusua adesua, ne (4) daa asɛm a mobɛyɛ. Eyinom a wode bɛka mo nhyehyɛe ho no betumi aboa ma “moapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no.” (Filip. 1:10) Nneɛma anan yi ho nyansahyɛ afoforo wɔ kratafa 4-5.
3 Ɛnyɛ dwumadi anan yi nko so na ɛsɛ sɛ mo abusua nhyehyɛe no gyina. Sɛ́ abusua no, sɛ mudi kan siesie mo ho ma nhyiam ahorow bi a, hyɛ no nsow wɔ mo nhyehyɛe pon no so. Sɛ mobom kenkan Bible no fã bi bere a moayɛ daa asɛm no awie anaa wɔ bere foforo mu a, hyɛ no nsow wɔ so. Sɛ motaa yɛ biribi de gyigye mo ani a, mubetumi de ɛno nso aka mo nhyehyɛe no ho.
4 Monyɛ abusua nhyehyɛe no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa abusua no mufo nyinaa. Ɛwom wom a, munsusuw sɛnea ɛreyɛ adwuma no ho, na sɛ ebehia a, moayɛ mu nsakrae.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 3]
Abusua Nhyehyɛe Nhwɛso
Anɔpa Awia Anwummere
Kwasida Daa Asɛm
Baguam Ɔkasa ne
Ɔwɛn-Aban Adesua
Dwoda Daa Asɛm Abusua Adesua
Benada Daa Asɛm Asafo
Nhoma Adesua
Wukuda Daa Asɛm
Yawda Daa Asɛm Teokrase
Ɔsom Sukuu
ne Ɔsom
Nhyiam
Fida Daa Asɛm
Memeneda Daa Asɛm
Abusua Asɛnka
Adwuma
(Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da)
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6]
Abusua Nhyehyɛe
Anɔpa Awia Anwummere
Kwasida
Dwoda
Benada
Wukuda
Yawda
Fida
Memeneda
..................................................................
Daa Daa Daa Daa Daa Daa Daa
Asɛm Asɛm Asɛm Asɛm Asɛm Asɛm Asɛm
Baguam Teo- Asafo Abusua Abusua Abusua Abusua
Ɔkasa krase Nhoma Adesua Asɛnka Bible Ahome-
ne Ɔsom Adesua Adwuma Akenkan gye
Ɔwɛn- Sukuu
Aban ne
Adesua Ɔsom
Nhyiam