Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Bible Adesua Mu
1 Nokware no ma abusua asetra tu mpɔn paa na enya atirimpɔw, nanso Yehowa som mu nkonimdi mma kwa. Egye bere ne mmɔdenbɔ na wɔahyehyɛ abusua a ɛyɛ den honhom fam. Ɛho hia kɛse sɛ abusuafo bom yɛ adwuma na eyi atumi ayɛ yiye. Asɛm a yɛakyekyem abiɛsa yi fã a edi kan yi bɛka sɛnea mmusua betumi de biakoyɛ ayɛ adesua nhyehyɛe pa.
2 Denam Bible a Yɛbɛkenkan no Da Biara So: Mmebusɛm 24:5 ka sɛ “ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden.” Nimdeɛ a obi nya bere a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara no ma onya ahoɔden a ohia na ɔde ako atia Satan ntua a ɔde ba ne honhom fam yiyedi so no. (Dw. 1:1, 2) So mobom kenkan Bible no da biara sɛ abusua? Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe no wɔ “Bible Akenkan Nhyehyɛe a Wɔde Aka Ho” ma dapɛn biara wɔ afe no mu. Nea abusua hia na wɔde adi eyi ho dwuma ara ne simma du da biara. Mompaw bere a eye te sɛ anɔpa a moredidi, bere a moadidi awie anwummere anaa ansa na mobɛda anadwo, na momfa nkenkan Bible na munsusuw daa asɛm no ho mfi Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ no mu. Momfa eyi nka mo abusua no da biara da nhyehyɛe ho.
3 Denam Adesua a Mobɛbom Ayɛ no Dapɛn Biara So: Ɛsɛ sɛ abusua Bible adesua yɛ abusua no dapɛn nhyehyɛe fã titiriw. Ɛsɛ sɛ abusua muni biara boa ma adesua no kɔ so denam wɔn pɛ mu a wobefi anya mu kyɛfa no so. Sɛ abusua ti no repaw nea wobesua, da ne bere a wɔde bɛyɛ adesua no, ne bere tenten a wɔde bɛyɛ a, ɛsɛ sɛ osusuw abusua no ahiade ho. Momfa abusua adesua no nni kan wɔ dapɛn no nhyehyɛe mu. Mommma nsɛm a ɛho nhia pii nntwitware mu.—Fil. 1:10, 11.
4 Ná agya bi a nkurɔfo a ɔne wɔn yɛ adwuma taa frɛ no wɔ telefon so wɔ fie no yi telefon ahama no fi mu bere a wɔreyɛ abusua adesua no. Sɛ wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no ba fie hɔ a, ɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛtra adesua no mu anaa wɔntwɛn nkosi sɛ wobewie. Agya no sii ne bo sɛ ɔremma biribiara ntwitware abusua adesua no mu. Eyi kaa ne mma no paa, na n’adwuma no nso kɔɔ so yiye.
5 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ abusuafo bɛyɛ biako wɔ honhom fam nneɛma mu! Nokwaredi a yɛde bɛbɔ mmɔden anya abusua Bible adesua no mu kyɛfa akosi ase no de Yehowa nhyira ba.—Dw. 1:3.