Nsusuw sɛ Wuntumi Nyɛ—Sɛnea Wubenya Bere Ayɛ
1. Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ afoforo?
1 Ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ afoforo efisɛ wonni adagyew. Egye bere na yɛatumi ne obi asua Bible no. Yehia bere a yɛde besiesie yɛn ho ama adesua no, ne bere a yɛde bɛyɛ, na yɛaboa osuani no ma wadi akwanside a ohyia so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɔde ne kra mae de boaa Tesalonikafo no ma wohuu Yehowa. (1 Tes. 2:7, 8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Bible adesua bere mpo a yenni adagyew?
2. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma?
2 Yehowa Som Gye Bere: Nokwasɛm ne sɛ, egye bere na obi atumi asom Yehowa. Sɛ nhwɛso no, yegye bere daa kɔ adesua ne asɛnka, kenkan Bible no na yɛbɔ mpae. Ɔwarefo a onni adagyew ani gye sɛ obenya bere ama ne hokafo. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde anigye ‘tɔ’ bere som no! (Efe. 5:15-17; 1 Yoh. 5:3) Sɛnea Yesu kyerɛe no, ade a ɛho hia paa wɔ yɛn som mu ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yesusuw eyi ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagye asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua no atom.
3. Sɛ yɛn tebea mma yentumi nni nhyehyɛe a yɛayɛ ama asɛnka no so a, ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ Bible adesua?
3 Na sɛ adwuma, ɔyare anaa teokrase dwumadi ahorow bi mma yentumi nni yɛn bere nhyehyɛe so nso ɛ? Adawurubɔfo a ɛtɔ bere bi a wotu kwan no yɛ wɔn Bible adesua wɔ telefon anaa Intanɛt so. Wɔn a wɔtaa yare ma enti wontumi nni wɔn bere nhyehyɛe so no ma wɔn a wɔne wɔn sua ade no ba wɔn fie ma wɔne wɔn sua ade. Ebinom yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo a ɔrenni wɔn huammɔ si wɔn ananmu kɔyɛ adesua no bere biara a wɔn ankasa ntumi nkɔyɛ no.
4. Nhyira bɛn na Bible adesua a yɛyɛ no ma yenya?
4 Paulo bere ne n’ahoɔden a ɔde boaa afoforo ma wosuaa nokware no ma onyaa anigye kɛse. (Aso. 20:35) Bere a osusuw aba a adwuma a ɔyɛe wɔ Tesalonikafo no sow ho no, ɔdaa Yehowa ase. (1 Tes. 1:2) Sɛ yɛamma adagyew a yenni no ansiw yɛn kwan sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua a, anigye ne akomatɔyam a yenya wɔ asɛnka mu no bɛyɛ kɛse.