Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/95 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 7/95 kr. 2

Asemmisa Afã

◼ Henanom na wobetumi ama wɔakenkan nkyekyem no wɔ Asafo Nhoma Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase?

November 1977 ne October 1980 Yɛn Ahenni Som no kaa biribi faa wɔn a wɔfata sɛ wɔkenkan ho. Sɛ anuanom mmarima a wɔagye asubɔ wɔ hɔ a, wɔn na wɔde wɔn di dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔpaw wɔn fi mpanyimfo a wɔfata, asafo mu asomfo, ne asafo no mu mmarima foforo a wɔagye asubɔ mu. Ehia sɛ wɔn a wɔpaw wɔn no tumi kenkan ade a wɔn ano mfomfom, na wotumi si adwene a ɛwom so dua sakrasakra wɔn nne wɔ baabi a ehia. Ɛsɛ sɛ wɔda anigye ne kasa su ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Theocratic Ministry School Guidebook no ti 6 no adi. (Fa toto Nehemia 8:8 ho.) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ mu nso.

Esiane sɛ nhoma adesua no sua sen asafo nhyiam afoforo nti, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wobenya onuabarima a wagye asubɔ a ɔfata ma wakenkan. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, adesua sohwɛfo no ankasa betumi akenkan nkyekyem no, anaasɛ obetumi ama onuawa bi a wagye asubɔ a ɔfata a onim akenkan paa aboa. Sɛ onuawa bi kenkan a, ɛho renhia sɛ ɔkata ne ti, efisɛ ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ na ɔde ma. Nanso, sɛ wankata ne ti so, na ɛbɛma wayɛ basaa a, ɛnde obetumi akata so.

Wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no, ɛda adi yiye sɛ anuanom mmarima a wɔfata wɔ hɔ a wobetumi akenkan. Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no di kan hyehyɛ akenkanfo no din, na ɔde bɔ amanneɛbɔ pon no so bere tenten. Ɛyɛ mpanyimfo kuw no nyinaa asɛyɛde sɛ wɔbɛpaw wɔn a wɔbɛma wɔakenkan ade wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no. Sɛ onua bi akenkan nye a, ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no kɔ ne nkyɛn de afotu ne mmoa a ayamye wom kɔma no. Wobetumi akɔ so ayɛ nsakrae wɔ akenkanfo no mu bere biara a ɛho behia, na ama akenkan no atu mpɔn kɛse. Sɛ woyi onua bi din fi mu a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ no nea enti a aba saa ne su horow a ehia sɛ ɔbɔ mu mmɔden na ama wafata bio.

Sɛ́ ɔrekenkan ama kuw ketewa bi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase anaa asafo mũ no nyinaa wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no, ɛsɛ sɛ nea wɔde hyɛ ne nsa no bu hokwan a wanya no aniberesɛm. (1 Tim. 4:13) Ɛsɛ sɛ ɔde ahotoso kasa, na ɔde ahokokwaw kenkan no wɔ ɔkwampa a ɛbɛma ɔde “trenee ne nokware nsɛm” ato gua so.—Ɔsɛnk. 12:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena