Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/95 kr. 3-6
  • 1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 7/95 kr. 3-6

1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw

1 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ honhom fam apontow ase, sɛ ebia yɛbɛkɔ wɔ asafo nhyiam, amansin nhyiam, da koro nhyiam titiriw, anaasɛ ɔmantam nhyiam horow ase! Dɛn ntia? Fekuw a yɛne nnipa a wosuro Onyankopɔn bɔ no hyɛ yɛn den, na honhom fam nneɛma a wɔde ma saa mmere no ma yɛkae nneɛma a ɛho hia kɛse no.

2 Yɛatwetwe nnipa mpempem pii aba saa honhom fam nhyiam horow ase wɔ nnansa yi mfe yi mu. Asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no dodow akɔ anim bɛboro ɔha biara mu 50 wɔ 1985 ne 1994 mfe no ntam, afi 49,716 abedu 75,573. Esiane sɛ Yehowa ma anoboaboa adwuma no kɔ so ntɛmntɛm nti, ɔmantam ne amansin nhyiam nso dodow kɔ anim. (Yes. 60:22) Ɔmantam nhyiam horow a yɛyɛe wɔ Ghana baa dwumadibea asasesin mu nnansa yi ara dodow a ɛkɔɔ anim, fi 12 wɔ 1985 mu bedu 20 wɔ 1994 mu, mpo da asafo ahorow a adɔɔso pii no adi. Ɔmantam nhyiam horow yi ho nhyehyɛe ne ɛho dwumadi ho adwuma reyɛ kɛse. Esiane sɛ yehyiam na ama yɛanya honhom fam dwumadi a wɔasiesie ama apontow yi mu mfaso nti, nyansa wom sɛ yɛbɛma honam fam nneɛma ho nhyehyɛe a yɛyɛ no ayɛ mmerɛw.

3 Nneɛma Foforo a Wɔbɛyɛ: Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa behyira yɛn bere a yɛkɔ yɛn anim nkakrankakra no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ wama ne nkurɔfo nyansa ne ntease honhom a wohia no. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yesu Kristo nam akoa nokwafo kuw no so akyerɛ nneɛma kwan yiye ma adi Yehowa atirimpɔw ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. (Mat. 24:​45-47; Kol. 1:​9, 10) Efi 1995 ɔmantam nhyiam ne 1996 amansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw so no, yɛrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri bio. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa n’aduan ne n’anonne mmra. Yɛbɛkɔ so ayɛ yɛn mprempren ɔkwantiaa so aduanma ho nhyehyɛe no wɔ amansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw ase akosi October 1995. Ebia w’ani begye ho sɛ wubehu sɛnea nsakrae yi ho bɛba yɛn mfaso. Ebia nsakrae a yɛayɛ wɔ nnansa yi mfe no mu ho nsɛm a edidi so yi bɛkae wo mfaso a ɔmantam nhyiam ase nnwuma a wɔama ayɛ mmerɛw no ama yɛanya dedaw no yiye.

4 Bere a Atwam mu Nsakrae a Ɛmaa Nnwuma Yɛɛ Mmerɛw: Ansa na yɛde ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe horow a wɔama ayɛ mmerɛw, te sɛ nea ɛfa aduanma, adwuma a wotu ho ma yɛ, ne dabere ho redi dwuma no, na ɛho hia sɛ anuanom mpempem pii kɔyɛ adwuma a edi ɔmantam nhyiam anim pii. Esiane nhyɛso a da biara da asetra de ba yɛn nuanom so ne nneɛma pii a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ ne nkɔanim a ahyehyɛde no kɔ so nya nti, ɛho behiae sɛ wɔyɛ nsakrae de ma adwuma no yɛ mmerɛw. Bio nso, esiane sɛ yɛmaa yɛn aduanma ho dwumadi yɛɛ mmerɛw wɔ Ghana wɔ 1978 mu nti, anuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii a na wɔyɛ adwumaden bere a na dwumadi no rekɔ so na ama wɔama yɛanya aduan no, tumi tiee dwumadi no bi. Wɔ 1987 mu no, yɛde aduanma ho nhyehyɛe a wɔasan ama ayɛ mmerɛw bio dii dwuma wɔ yɛn ɔmantam ne amansin nhyiam ase. Hwɛ nsakrae pa a na eyi yɛ, ɛmaa adwuma no yɛɛ mmerɛw kɛse na ɛma yenyaa kwan de yɛn adwene sii ɔmantam nhyiam no mu honhom fam nneɛma so, na adwumayɛfo no tumi tiee dwumadi no nyaa mu anigye kɛse. (Deut. 31:12) Anokwafo a wɔde mfe pii asom wɔ nokwaredi mu a wɔwɔ yɛn mu no kae saa nkɔanim yi yiye, na wɔakyerɛ akwankyerɛ a yenyae no ho anisɔ. Nanso nnwuma foforo bɛn na yebetumi agyae na ama nnipa pii atumi anya honhom fam dwumadi no mu mfaso akosi ase?

5 Nsakrae Horow a Yɛhwɛ Kwan: Wɔ mfe a wɔnoaa nnuan a ɛho adwuma nyɛ den maa yɛn mu no, wohui sɛ “nneɛma kakraa bi” na “ehia” ampa. (Fa toto Luka 10:​38-42, NW, ho.) Nanso, sɛ yɛhwɛ wɔn a wɔba no dodow ne sɛnea nneɛma kakraa bi a yebehia no dodow te a, ɛda so ara yɛ nneɛma a ɛdɔɔso a adwuma ne ɛka kɛse nso ka ho. Afei nso, na yehia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama atoto nneɛma aboa nhyehyɛe ahorow no. Ná ɛsɛ sɛ yɛkɔtotɔ nnuan pii kora so. Ná ɛsɛ sɛ Asafo ti no yi sika pii ma wɔde yɛ adwuma a edi ɔmantam nhyiam anim​—nea wɔde yɛ titiriw ne sɛ wɔde totɔ nnuan kora so​—na ɛma sika a wohia kodi nneɛma yi mu asram pii. Na ɛsɛ sɛ lɔre fa nnuan ne aduannoa nneɛma kuntann, twa akwansin pii koyi gu hɔ. Eyi nyinaa ama yɛatua ɛka kɛse a ɛhaw Asafo ti no yiye. Esiane sɛ yɛresan ama nnwuma no ayɛ mmerɛw bio nti, yɛrensɛe saa bere ne sika yi. Afei nso, ɛbɛma anuanom pii agyae adwuma kɛse a wɔyɛ no asram pii de siesie wɔn ho ma aduanma no.

6 Adwuma a wɔn a wofii wɔn pɛ mu tuu wɔn ho mae yɛe wɔ saa mmeae no som bo kɛse na yɛn ani sɔ yiye. Nanso, esiane sɛ yɛresan ama adwuma no ayɛ mmerɛw bio nti, nnipa ɔhaha pii a wotu wɔn ho ma totɔ nnuan, na wɔnoa ma yɛn no betumi de wɔn bere ayɛ Ahenni ho nneɛma foforo a ɛho hia, a fekubɔ a wobenya mu anigye akosi ase wɔ ɔmantam nhyiam no ase ka ho. Seesei wɔn a na wotu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ Aduanma Dwumadibea no betumi de wɔn bere aboa wɔ dwumadibea afoforo, te sɛ Ahɔhogyebea ne Ahotew dwumadibea. Eyi bɛma adwuma no ayɛ hare ama obiara, na ɛmma nnipa pii nyɛ adwuma nkosi ɔdasum, ahemadakye, anaasɛ bere a dwumadi no kɔ so no, sɛnea na ebinom yɛ wɔ Aduanma Dwumadibea no.

7 Nhyehyɛe Ahorow no a Yɛbɛboa: Asafo ti ani sɔ boa a mo anuanom mmarima ne mmea fi “koma mũ nyinaa” aboa ɔmantam nhyiam horow nhyehyɛe a aduanma ka ho wɔ mfe a atwam no mu no. (1 Be. 29:9) Eyi aboa wɔ akwan pii so. Ama yɛatumi agye nsase ne adan pa a wɔde yɛ nhyiam tua ho ka, abɔ apata, na yɛatua ɔmantam nhyiam ho ka afoforo. Ama wɔn a wɔba nhyiam no atra nhyiambea hɔ nso wɔ bere tiaa a yɛde gye yɛn ahome awia no mu atumi atotɔ nnuan a anhaw wɔn, anya ahoɔden foforo, na afei wɔatra hɔ atie honhom fam dwumadi no. Na akyinnye biara nni ho sɛ ayamye ne mmoa a anuanom mmarima ne mmea de ama wɔ ntoboa a woyi wɔ nsiesiei yi ho no bɛkɔ so. Wɔde akyerɛ wɔn anisɔ wɔ ɔkwampa so.​—Mmeb. 11:25; Luka 16:9.

8 Aduan a Wuhia Ho Dwuma a Wubedi: Nanso, esiane nsakrae afoforo yi nti, ɛho behia sɛ ankorankoro ne mmusua a wɔtete nkurow akɛse mu ankasa de honam fam nnuan a wohia wɔ awia ahomegye bere no mu ba. Yebu honhom fam dwumadi no mu mfaso pa no sɛ ɛsom bo yiye. Nyansa nnim sɛ yɛbɛma honam fam aduan ayɛ ade a ɛho hia dodo. Ɛho hia sɛ obiara ‘hu nneɛma a eye koraa’ wɔ eyi mu. (Fil. 1:​9, 10a) Wɔatumi ayɛ Yehowa nkurɔfo ɔmantam nhyiam akɛseakɛse nnansa yi wɔ Poland, Russia, ne Ukraine, ne mmeae foforo nso a wɔanyɛ aduanma ho nhyehyɛe biara. Afei nso, ɔman yi mu amansin bi de nnɔkɔnnɔkɔwade nkutoo ayɛ wɔn amansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw esiane baabi a wɔwɔ nsɛm tebea nti. Wɔ nsɛm yi biara mu no, nhyiamfo no de wɔn aduan a wobedi awia kɔe. Yebehu sɛ sɛ yɛde awia aduan a emu nyɛ duru nkutoo ba a, ɛbɛboa ma yɛn adwenem ada hɔ, na yebetumi anya awia dwumadi no mu mfaso akosi ase. Nea ɛne eyi hyia no, ɛsɛ sɛ obiara de aduan a ɛho adwuma nyɛ den na ahoɔden wom ba. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu maa nnipakuw aduan no, ɔde nneɛma abien pɛ na ɛmae, abodoo ne mpataa. (Mat. 14:​16-20; hwɛ Luka 10:42a nso.) Esiane ɛno ne awia ahomegye bere a wɔama ayɛ tiawa ne mmeae a yɛyɛ nhyiam akɛseakɛse no nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛde nea ebetumi afata na eye ho nyansahyɛ bi bɛma.

9 Esiane sɛ yɛnyɛ aduanma ho nhyehyɛe a na yɛyɛ wɔ ɔmantam nhyiam ase no bio nti, wɔn a wɔbɛkɔ no nam nhyehyɛe pa so betumi ne wɔn abusua adidi anɔpa wɔ fie anaa wɔ kurow no mu adidibea bi. Sɛ wohome anadwo sɛnea ɛsɛ a, ɛsɛ sɛ wutumi sɔre ntɛm hwehwɛ nea wuhia a wubedi anɔpa na woadu nhyiam no ase ntɛm paa ne nhyiamfo foforo anya fekubɔ mu anigye. Nhyehyɛe foforo no mu mfaso foforo ne sɛ ɛho renhia bio sɛ wɔn a wotu wɔn ho ma bɛda nhyiam no ase a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛsɔre ahemadakye anoa aduan ama nhyiamfo no.

10 Awia ahomegye bere no bɛyɛ tiawa kakra asen ɔmantam nhyiam a atwam no ase de. Nanso, ɛbɛma yɛanya hokwan ara adi aduan bi a emu nyɛ duru, na yɛanya bere nso ne afoforo abɔ fekuw. Ɛnyɛ den sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtete nhyiam kurow no mu anaasɛ wɔbɛn hɔ a wɔsan kɔ fie da biara anwummere no bɛnoa aduan kakraa bi ama abusua no muni biara ma wabedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi bɛyɛ te sɛ awia aduan a emu nyɛ duru a mmofra de kɔ sukuu, ebia bodobodo a wɔde akade bi ahyehyɛ mu, nnuaba bi, ne anonne bi anaasɛ ɛmo. Nnipa pii de awia aduan a ɛte saa kɔ wɔn honam fam adwumam.

11 Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛyɛ asɛnnennen ama wɔn a womfi nhyiam kurow no mu no, efisɛ ɛho behia sɛ wodi kan yɛ wɔn awia aduan ho nhyehyɛe bi. Ebia wo ne nkurɔfokuw a wo ne wɔn tu kwan no betumi de nneɛma te sɛ mprɛte ne nkuruwa afi fie aba. Ebia ebinom behu sɛ nnuan bi te sɛ kwadu ne aborɔbɛ bɛso wɔn di, na wobetumi de eyi nso afi fie aba. Mubetumi atɔ aduan foforo biara a muhia wɔ awia biara ahomegye bere mu no wɔ ɔmantam nhyiam no ase mmeae a wɔtontɔn nnɔkɔnnɔkɔwade a ɛho adwuma nyɛ den no. Nokwarem no, yenim sɛ ɛdefa nkurow nketewa mu ɔmantam nhyiam horow ho de, aduan a emu nyɛ duru a ɛwɔ baabi a wɔtɔn nnɔkɔnnɔkɔwade no nkutoo renso wɔn, efisɛ nhyiamfo no pii ntumi nsan nkɔ fie da biara. Esiane eyi nti, wɔbɛtɔn aduan biako a ɛho adwuma nyɛ den da biara wɔ ɔmantam nhyiam horow a wɔbɛyɛ wɔ nkurow nketewa mu no ase.

12 Yɛsrɛ akae wo sɛ NNOA ADUAN WƆ AHƆHODAN MU gye sɛ mukaase ketewaa bi wom a wɔde yɛ saa. Asiane wom na mmara mma kwan sɛ wobɛyɛ saa, na ebetumi ama nkekae ne ngo asɛe ɔdan no mu nneɛma mu. Eyi ma hua a ɛyɛ den sɛ wɔbɛma afi dan no mu tra hɔ nna pii. Eyi nyinaa ma ɛyɛ den sɛ wɔde ahɔhodan no bɛma obi foforo a wɔmmɔ ka nsiesie hɔ mma ehua no mfi hɔ. Ɛno nti na nyansa wom sɛ wubesusuw ho atɔ nnuan a wɔanoa dedaw te sɛ dɔkono ne nam, anaa nnuan a wɔato te sɛ bodobodo, meat pie, ne keeki. Saa nnuan a wɔayɛ dedaw yi a wobɛtɔ no remma wonnoa aduan wɔ ahɔhodan mu anaa dabere foforo.

13 Esiane sɛ nhyiambea hɔ bɛyɛ Ahenni Asa kɛse ankasa wɔ ɔmantam nhyiam no mu nti, nyansa wom nso sɛ yɛmma hɔ mmɛyɛ te sɛ baabi a wogye wɔn ani wɔ awia ahomegye bere no mu. Na sɛnea yennidi bere a asafo nhyiam horow kɔ so wɔ Ahenni Asa so no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yedidi anaa yɛnom anonne bi bere a ɔmantam nhyiam dwumadi no kɔ so no. Wɔremma kwan ma yɛmfa nnuan ne anonne nnaka akɛseakɛse anaa nnuan nkɛntɛn a wokura mma atiefo no mu wɔ ɔmantam nhyiam no ase. Ebetumi de asiane aba na yentumi mfa nsisi kwan mu anaa nkongua so. Ebia krataa anaa rɔba bag bɛyɛ papa ama nnuan a emu nyɛ duru a yebehia wɔ awia ahomegye bere no mu no. Sɛ ɛho hia a, yebetumi de agu nnuan ne anonne adaka ketewaa bi a yebetumi de ahyɛ akongua ase na ɛnyɛ nea yɛde besi so mu aba. Nanso, wobetumi de nneɛma a ɛtete saa no ahyɛ wɔn abusua kar to atom de asi faako a wɔde kar sisi no.

14 Ɛho hia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye nso wɔ nneɛma a wɔde anonne gu mu a yɛpaw sɛ yɛde bɛba nhyiambea hɔ no ho. Yebetumi de anonne a ɛyɛ hyew agu flask mu aba.

15 Mfaso Foforo: Nokwarem no, yebetumi ahu nyansa a ɛwɔ nhyehyɛe ahorow a wɔasakra mu saa no mu. Yɛn nyinaa betumi de yɛn adwene nyinaa asi honhom mu mfaso horow a yebenya no so​—atirimpɔw ankasa nti a yehyiam no. Wɔde mfaso horow yi ma wɔ fekubɔ a yenya mu anigye ne dwumadi no ankasa nso mu. Enti sɛ anka yebefi nhyiambea hɔ awia ahomegye bere no mu akɔhwehwɛ aduan no, hwɛ mfaso a ɛbɛba so sɛ yɛde biribi bɛba. Eyi betumi ama yɛanya fekuw a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bɔ no mu anigye, na ɛmma awia dwumadi no biara mpa yɛn ti so.

16 Esiane sɛ ebinom nya honhom fam ahoɔden wɔ awia dwumadi no akyi nti, ebia wɔbɛkɔ so anya Kristofo fekubɔ mu anigye na wɔabɔ nneɛma pa a yesuae no ho nkɔmmɔ bere a wɔne wɔn abusua ne nnamfo di aduan bi a emu yɛ duru wɔ wɔn dabere anaa kurow no mu adidibea bi no. Ebia afoforo bɛtɔ biribi wɔ aguadidan a wɔtɔn nnuan wom mu. Ebia wɔn a wɔsan kɔ wɔn ankasa afie mu bɛpaw sɛ wobedi wɔn anwummeduan wɔ hɔ, sɛnea wɔyɛ nna foforo a wɔyɛ honam fam adwuma anaa wɔkɔ asɛnka no.

17 Nokwarem no, yenya honhom fam aduan a yedi wɔ amansin ne amantam nhyiam ase, faako a yenya nhoma foforo, nkyerɛkyerɛ ne afotu pa mu anigye no. Obiara kae nhyira horow yi ne anigye a ɛne sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo hyiam no. Mmebusɛm 10:22 ka sɛ: “[Yehowa] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.” Eyi te saa efisɛ sɛ Yehowa nkurɔfo no, ɛnyɛ honam fam nneɛma ne ahotɔ nti na yɛkɔ ɔmantam nhyiam horow. Yɛde adwempa a ɛne sɛ yebenya mfaso a ɛsen biara wɔ honhom fam na ehyiam, na Yehowa tua yɛn ka pii wɔ honhom a yɛda no adi no ho.​—1 Tim. 6:​6-8; Heb. 11:6.

18 Saa mmere a wɔhyɛ yɛn nkuran yi nso ma yɛkae nkɔanim a honhom mu otwa adwuma no renya no. (Yoh. 4:​35, 36) Yesaia ti 54 nnianim asɛm no ka kyerɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no sɛ onsiesie ne ho mma nkɔanim a ɛyɛ anigye. Yɛrebenya nkɔso, ntrɛwmu ne ahoɔden foforo sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no: “Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo trabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntapehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim. Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum.” Nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi mmamu ama nokware som atrɛw kɛse sɛnea yehu nnɛ no.​—Yes. 54:​1-4.

19 Ɛda adi ampa sɛ ɛyɛ atɛmpa sɛ yebedi ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe a wɔama ayɛ mmerɛw bio yi so na yɛn nyinaa atumi anya honhom fam dwumadi a wɔasiesie no mu anigye bere a nneɛma pii ntwetwe yɛn adwene no. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa behyira eyi nso so, efisɛ ɛbɛma yɛadi nkɔso foforo ho dwuma yiye. Bere a yɛde yɛn adwene si nea yehia so no, yebetumi anya nna a yɛayɛ ho nhyehyɛe sɛ yebenya fekubɔ a ɛyɛ anigye ne honhom fam nneɛma pa no mu anigye. Yefi komam bɔ mpae sɛ Yehowa nhyira yɛn mmɔdenbɔ nyinaa so bere a yɛkɔ so hyiam didi wɔ ne pon so no.​—Fa toto Deuteronomium 16:​14, 15 ho.

[Kratafa 6 adaka]

Aduan Ho Nhyehyɛe a Wɔnyɛ mu Mfaso Horow

◼ Yɛyɛ adwuma kakraa bi ansa na dwumadi no afi ase, bere a ɛrekɔ so ne bere a aba awiei, ɛma yenya fekubɔ kɛse

◼ Yensiesie aduanma ho nneɛma biara

◼ Nnipa pii tumi de wɔn adwene nyinaa si honhom fam dwumadi so

◼ Yenya wɔn a wotu wɔn ho ma pii ma wɔboa dwumadibea afoforo

◼ Yenya bere pii ma teokrase nneɛma foforo

Nneɛma a Wɔhyɛ Nyansa sɛ Fa Bra Wɔ Awia Ahomegye Bere Mu

◼ Awia nnuan a emu nyɛ duru, nea ɛho adwuma nyɛ den, na ɛma ahoɔden

◼ Nnuan a emu yɛ hare, nnuan a wɔato, nnuaba

◼ Sɛ ɛho hia a, nnuan ne anonne nnaka nketewa

◼ Anonne a ɛmmow, nnuaba anonne, anaa toa mu nsu

MFA Mma Ɔmantam Nhyiam Ase

◼ Mmosa

◼ Nnuan ne anonne nnaka akɛseakɛse ne nkɛntɛn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena