Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma December: “Let Your Kingdom Come.” January: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. February: Wubetumi de Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ama. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma no nkra bi wɔ wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no so.
◼ Yɛrekae asafo ahorow a wonnya nkraa 1996 Calendar of Jehovah’s Witnesses, 1996 Yearbook, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa 1996 ne 1995 Engiresi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔaka abom no sɛ wɔnyɛ saa. Saa nhoma ahorow yi yɛ nneɛma a wɔkra ma ankorankoro, na ɛsɛ sɛ wɔkra ma wɔn a wobisa bi no nkutoo.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmfa ho amanneɛbɔ mma asafo no.
◼ Monhwɛ nhu sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara January 1. Afe asɛm no ne: “Monyɛ Asɛm no Yɛfo.”—Yakobo 1:22.
◼ Ɛbere aso sɛ yɛsan hyehyɛ “Medical Directive Card” ne “Identity Card” foforo January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ “Medical Directive Card” foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” ama wɔn mma nkumaa biara a ebia wɔwɔ no.
◼ Yɛsrɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔawie asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma no kae de wɔn amanneɛbɔ ba ntɛm ara.
◼ Wɔreyɛ awie CD-ROM foforo a ɛyɛ Watchtower Library—1995 Edition ho adwuma. Dwumadi ahorow a wɔasakra mu bɛwɔ eyi mu na wɔde nhoma ahorow a woyii no adi wɔ 1995, 1994, ne 1979-1970 mu bɛka ho. Wɔbɛyɛ bi wɔ German, Italia, ne Spania kasa mu. Asafo ti no bɛkyerɛw krataa bi de ɛho nkyerɛkyerɛmu pɔtee ama asafo ahorow no nyinaa.
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba:
Reasoning From the Scriptures—Engiresi Awufo Ahonhom—Twi
◼ Kasɛt a Ebi Asan Aba:
Preserving Life in Times of Famine
◼ Video Kasɛt Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
To the Ends of the Earth
[Kratafa 7 adaka]
“GOOD NEWS FOR ALL NATIONS”
Wowɔ saa nhomawa yi bi? Ekura asɛm a wɔka kyerɛ wɔ kasa atitiriw 64 no biara mu, na wɔyɛe sɛ ɛbɛboa ma woaka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu nyinaa. Yɛhyɛ ɔdawurubɔfo biara nkuran sɛ onnya n’ankasa de a ɔde bɛyɛ adwuma. Wɔde di dwuma te sɛ Reasoning nhoma no pɛpɛɛpɛ de hwehwɛ nnipa a “wɔayi wɔn ama daa nkwa.”—Aso. 13:48.