Asemmisa Afã
◼ Asiwasi ne amanne kwan so aware yɛ ade koro?
Wɔ Ghana anafo fam afã bi no, nkurɔfo taa ka sɛ wɔkɔ “engagement” (“asiwasi”) bi ase. Wɔka eyi a nea ɛtaa kyerɛ ankasa ne amanne kwan so tiade a ɔbarima no abusuafo kotua ma ɔbea no abusuafo na ama ɔbea no abɛyɛ ɔbarima no yere no. So ɛteɛ sɛ wɔbɛfrɛ eyi asiwasi?
Wɔkyerɛ Engiresi asɛmfua “engagement” (“asiwasi”) anaa asiyere ase sɛ “bɔ a wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho anaa apam a wɔyɛ sɛ wɔbɛware daakye.” Enti nea ɛne saa nkyerɛkyerɛmu yi hyia no, ɔbarima ne ɔbea bi a wɔhyɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔbɛware no yɛ aware nhyehyɛe. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛde besi ɛha yi na wonnii amanne kwan so ahwehwɛde a ɛma aware apam di mũ no ho dwuma. Enti sɛ nnipa baanu a wɔayɛ aware nhyehyɛe no nya nna mu kyɛfa a, na wɔabɔ aguaman.—Heb. 13:4; 1 Tes. 4:3-5.
Ɛnde dɛn ne amanne kwan so aware? Krataa a ɛhyɛ March 1978 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 8 ka sɛ: “Ɛyɛ amanne kwan so ti ade no NYINAA a ɔbea no abusuafo gye wɔ adansefo anim, ne pene a aberante ne ababaa a wɔbɛware no pene so no na ɛma aware nhyehyɛe no di mu. Eyi nyɛ asiwa a wosi, sɛnea ebinom adi mfomso frɛ no no. Ɛyɛ amanne kwan so aware a edi mu. . . . Wobu [nnipa baanu no] sɛ wɔaware, na wɔrentumi ntwa nhyehyɛe no mu (sɛnea sɛ ɛyɛ asiwa a wɔasi ara kwa a anka wobetumi ayɛ no) a wɔnyɛ nea amanne kwan so awaregu hwehwɛ no nyinaa.”
Ɛda adi pefee sɛ wobu amanne kwan so aware sɛ edi mu, sɛ ɛba sɛ wɔamma ho ɔkasa wɔ Ahenni Asa so anaa “wɔanto ho pon” mpo a; ɛnyɛ asiwasi (engagement).