Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January ne February: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara “Literature Order Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ nhyehyɛe a ɛfata na wodi afe yi Nkaedi no Benada, April 2, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ ɛho hia sɛ asafo biara bɛyɛ n’ankasa Nkaedi de, nanso eyi rentumi nyɛ yiye bere nyinaa. Faako a asafo pii na wohyiam wɔ Ahenni Asa bi so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ beae foforo a wobehyiam wɔ hɔ saa anwummere no. Ɛnsɛ sɛ ade sa dodo ansa na wɔafi Nkaedi no ase na anyɛ den amma anigyefo foforo sɛ wɔbɛba. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔma bere nhyehyɛe no bobɔ so na ama wɔanya bere akyia ahɔho ansa na afahyɛ no afi ase anaa bere a wɔapɔn no, na wɔatumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakɔ so de honhom fam mmoa ama ebinom, anaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔbae nyinaa betumi ahyehyɛ wɔn ho nkuran. Bere a mpanyimfo no asusuw nneɛma nyinaa ho fefeefe awie no, ɛsɛ sɛ wosi nhyehyɛe a ɛbɛboa ma wɔn a wɔba Nkaedi no anya afahyɛ no mu mfaso akosi ase ho gyinae.
◼ Wɔbɛma 1996 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no Kwasida, April 21. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “Yɛn Ho a Yɛremma Ɛmma Asɛm Wɔ Awo Ntoatoaso Kɔntɔnkye Mu.” Wɔde ɔkasa krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛmena mo. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn anaa wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 21 adu.
◼ Efi March rekɔ no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Asafo a Edi Nokware Wɔ Kristo Akanni Ase.”
◼ Efi April 29, 1996 no, nhoma a wobesua wɔ asafo nhoma adesua ahorow ase ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu.
◼ Wɔrekae asafo ahorow a wɔyɛɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma mu Ɔsom Boayikuw no sɛ wɔmfa “Unassigned Territory Appointment” Letter (S-91) a wɔahyehyɛ awie no mmena Asafo ti no ntɛm ara wɔ ɔsatu titiriw no awiei.
◼ Nhoma Afoforo a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa (Nnwom Nhoma Ketewa), Kingdom Interlinear Bible, New World Translation Bible (Deluxe), Reading Aid, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, Your Youth—Getting the Best Out of It. Ewe: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn ne Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma. Twi: Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm.