Kristofo Adwene Wɔ Ayi Ho a Yebekura Mu
1 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, owu ayɛ ade a ɛto adesamma mpɛn pii. Nanso kyɛ a owu akyɛ no mmrɛ abasamtu kɛse a ɛde ba wɔn a wɔn biribi awu so no ase. Ɛyɛ awosu sɛ nnipa bedi wɔn dɔfo bi a wɔahwere no ho awerɛhow. Onyankopɔn asomfo adi awerɛhow a ɛte saa de osu ne ntade a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani abere ada wɔn yawdi adi. Ansa na Kristosom reba no, na wofura atweaatam, na ɛtɔ da bi a wɔhyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde di awerɛhow. (Gen. 23:2; Deut. 34:8; 2 Sam. 14:2) Nanso Yehowa asomfo Kristofo nim sɛ owusɔre bɛba ma enti wonni awerɛhow ntra so.—1 Tes. 4:13.
2 Ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ abusua a wɔn biribi awu no nnamfo bɛkɔ akɔsra wɔn akyekye wɔn werɛ wɔ saa amanehunu bere no mu. (2 Kor. 1:3-5) Esiane sɛ afipamfo, amannifo foforo te sɛ mfɛfo adwumayɛfo ne abusuafo a ebia wɔnyɛ Adansefo taa ba ayi no nti, yenya hokwan di Bible mu nokware ahorow ho adanse. Atirimpɔw a ɛyɛ papa foforo a ayi ase ɔkasa betumi adi ho dwuma ne sɛ ɛma yenya nea yebegyina so asusuw sɛnea nkwa yɛ tiawa, ne sɛnea obi nhyehyɛe ne ne dwumadi ahorow betumi aba awiei ntɛm so no ho. Eyi betumi ama obi asusuw sɛnea ɔbɔ n’ankasa bra ho anibere so.—Ɔsɛnk. 7:2.
3 Krataa a ɛhyɛ August 1979 Yɛn Ahenni Som mu no kura “Kristofo Su a Yebeyi Adi Akyerɛ Wɔ Ayi Ase” no ho akwankyerɛ ahorow. Esiane nea 2 Petro 1:12, 13 ka, ne amanneɛbɔ a nsa aka nnansa yi, ne nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ asafo ahorow mu nti, ɛho abehia sɛ yɛsan twe adwene si asɛm yi so na ama yɛakyerɛkyerɛ afã horow bi a ɛhaw adwene mu.
4 Ayi a Anuanom Yɛ: Ɛyɛ abusua a wɔn biribi awu no asɛyɛde koraa sɛ wɔbɛyɛ ayi no ho nhyehyɛe—amu no siesie, tumi nkrataa a ehia sɛ wogye, ne ɛho ka nyinaa a wobetua ne ɔkasafo a wɔbɛpaw ama afunsie ɔkasa no nso. Nokwarem no, asafo no mufo bi betumi aboa abusua a wɔn biribi awu no ma wɔayɛ ahosiesie a ehia no wɔ ɔkwan a ɛne Bible nnyinasosɛm mmɔ abira so. Eyi bɛyɛ nea ɛfata.
5 Nea ɛyɛ soronko koraa wɔ nea yɛaka wɔ atifi hɔ no ho ne sɛ, sɛ ɛho hia ankasa a, asafo no betumi adi Kristoni nokwafo hiani bi a wawu anaa onni abusuafo a wobetumi ayɛ ayi no ho nneɛma no bi ho dwuma. (Fa toto 1 Timoteo 5:9, 10 ho.) Eyi bɛyɛ biribi a asafo no mu mpanyimfo na wobesi ho gyinae. Ɛno mpo no, ɛremfata sɛ wɔbɛdeda funu no wɔ Ahenni Asa no so anadwo mũ no nyinaa, asi pɛ. Wobetumi de funu no akɔ Ahenni Asa no so a atirimpɔw no ne sɛ wɔrekɔma ayi ase ɔkasa. Esiane sɛ owu no ho asɛm trɛw ntɛmntɛm nti, ankorankoro bɛte na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ ayi no ankasa betumi ayɛ nhyehyɛe akɔ. Enti ɛho renhia sɛ wɔde owu no ne afunsie ho nhyehyɛe ho amanneɛbɔ ma wɔ asɛnka agua so wɔ asafo afoforo a ɛnyɛ emu na na owufo no wɔ no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw eyi ho nkrataa kɔma asafo ahorow nso.
6 Sɛ wo biribi wu a, ɛyɛ papa sɛ wobɛkae sɛ Kristofo ayi ma wosie amu no wɔ ɔkwan a ɛne ahotew ho mmara mu ahwehwɛde ahorow hyia na wogye tom wɔ asetra mu no so. Bere koro no ara mu no, ɛma wunya hokwan de ka Bible mu anidaso asɛm no kyerɛ wɔn a wɔaba ase nyinaa. Ani sɔ nneɛma a Kristofo nyɛ mma ɛmmoro so no bere nyinaa. (Fa toto Yesaia 38:18 ho.) Ɛwom sɛ afunsie a “ɛfata” betumi ada obu a na wɔwɔ ma ɔdɔfo a wawu no adi de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ ayi akɛse ho ka nna fam. Afei nso, sɛ na wommu owufo no bere a na ɔte ase no anaa sɛ ɛde ahokyere a ɛho nhia ba wɔn a wawu agyaw wɔn no so a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Yebetumi asusuw saa nsɛm yi ho anya so mfaso bere a yɛresi faako a ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn dɔfo bi a wawu ayi ho nhyehyɛe kodu ho gyinae no.
7 Sɛ́ ebia wɔma ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so, wɔ nea wawu no fie, anaa amusiei no, ɛsɛ sɛ wɔde krataa a wɔhwɛ so ma afunsie kasa a Asafo ti no asiesie di dwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔma gyidi afrafra nhyehyɛe biara hokwan, kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ anuanom ne asɔre foforo bom ma ɔkasa no. (2 Kor. 6:14-18) Wɔtaa ka nea wawu no asetra ho abakɔsɛm kyerɛ wɔ ɔkasa no mu. Esiane eyi nti, ɛremfata sɛ wɔbɛkenkan nea owufo no yɛe wɔ asetra mu a wɔde kae no wɔ asɛnka agua no so aka ɔkasa no ho. (Fa toto Romafo 1:25 ho.) Nea ɛbɛyɛ na yɛamma wɔannya adwene a ɛnteɛ sɛ yɛne awufo di nkitaho no, ɛnsɛ sɛ wɔka nea owufo no yɛe wɔ asetra mu a abusua no kenkan no kyerɛ nea wawu no tẽẽ. Esiane sɛ asafo no na ɛhwɛ ma wɔma afunsie ɔkasa no nti, ɛsɛ sɛ wɔkenkan nea ɔyɛe wɔ asetra mu ho nsɛm biara, sɛ wɔbɛkenkan bi a, ansa na wɔato dwom a wɔde fi ɔkasa no ase no.
8 Afunsie ɔkasa no atirimpɔw ne sɛ wɔde owu ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔnam owusɔre so de awufo bɛsan aba nkwa mu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu bɛma. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ hu sɛ obedi Asafo ti no krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa no so nsɛm akyi, na ɛnsɛ sɛ ɔde nsɛm biara a egyina atoro gyidi horow so hyehyem. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia sɛ ɔbɛma wɔanya adwene sɛ nea wawu no honam fam abusuafo a wɔwɔ adaemone na wɔakum no. Afunsie tiawa di ɔkasa no akyi, bere a ɔka nsɛm tiawa bi na ɔbɔ mpae wɔ amusiei hɔ no.—Mat. 27:59, 60; Gen. 25:9, 10; 49:29-32.
9 Ɛbɛyɛ ayamye sɛ wɔn a wɔrekɔma abusua a wɔn biribi awu no hyɛden no bɛma wɔn nsrahwɛ no ayɛ tiawa na anhyɛ wɔn ma wɔamma wɔn aduan. Sɛ abusua no pɛ a, wobetumi ayɛ saa nsiesiei no ama wɔn a wɔbɛhyɛ wɔn den a wofi akyirikyiri no. Sɛ yɛyɛ ade de kyerɛ sɛ yedwen abusua no ho na amma wɔn ka anyɛ kɛse a, na yɛreda Kristofo dɔ adi. (Gal. 6:2) Sɛ anuanom a wɔahyiam wɔ ofie a wɔyɛ ayi no wom no pɛ a, ɛbɛyɛ nea ɛfata nso sɛ wobeyi ntoboa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛma abusua a wɔn biribi awu no. Ɛsɛ sɛ sɛnea woyi saa ntoboa no ne Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn ahorow hyia. (2 Kor. 9:7) Sɛ nhwɛso no, nea ɛne Mateo 6:1-4 hyia no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔbɛma wɔde ntoboa biara ato gua na ama nnipa akamfo wɔn?
10 Ɛsɛ sɛ Adansefo a wɔkɔ ayi no nneyɛe ne tebea no hyia. Ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ Kristofo nni awerɛhow sɛ afoforo a wonni anidaso no de, nanso ɛte sɛ nea ɛbɛyɛ nea nsɛnkwaa denneennen remfata wɔ ayi ase—te sɛ nea ebia obi wɔ piknik anaa apontow bi ase. Biribiara wɔ ne bere na ayi bere nyɛ bere a wɔbɔ aserehehe. (Ɔsɛnk. 3:1, 4) Ɛyɛ bere a wɔda tema adi ma ɛne afotu yi hyia: “Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.”—Rom. 12:15.
11 Wɔ Yesu asase so som adwuma mu no, ɔne n’asomafo dii awerɛhow mmere horow bi. (Yoh. 11:33-35, 38; Aso. 8:2; 9:39) Nanso, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu anaa n’asuafo no de ayiyɛ ho nneɛma bebrebe a abu so saa bere no dii dwuma. (Fa toto Luka 23:27, 28 ho.) Esiane sɛ Kristofo suasua nhwɛso pa yi nti, ɛda adi bere nyinaa sɛ wɔn awerɛhodi ntra so, ɛkari pɛ, na anidaso ne ahoɔden bunkam so mpo.—Mat. 5:4; 1 Kor. 7:29, 30; 2 Kor. 6:10; fa toto 2 Samuel 12:16, 19-23 ho.
12 Ayi Afoforo: Sɛ Kristofo abusuafo wiasefo, amannifo, anaa mfɛfo adwumayɛfo wu a, wɔtaa da adɔe adi denam denhyɛ a efi komam a wɔkɔma nea wawu no abusuafo no so. Sɛ ebia Kristoni bi ne ne honhom fam anuanom foforo na ɛkɔ ayi a ɛte saa anaa ɛnyɛ ɔne wɔn na ɛkɔ a, ɛsɛ sɛ ɔkae atirimpɔw nti a ɔkɔ no bere nyinaa—ɔkɔboa wɔn a wɔn biribi awu no na wakyekye wɔn werɛ.
13 Wiasefo ayi ase tebea bɛyɛ soronko koraa wɔ tebea a ɛwɔ nea Kristofo yɛ ho nhyehyɛe ase ho. Asabow, adidi ne anigye ntraso taa da adi wɔ wiasefo ayi ase. Asabow yɛ anifere kwan biako a Ɔbonsam nam so sum Kristofo afiri ma wobu bra bɔne, enti ahwɛyiye ho hia. Ɛho behia sɛ Kristoni de nea ɔka ne nea ɔyɛ wɔ ayi no ase nyinaa hyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Kor. 10:31.
14 Ɛwom sɛ ayikɔ di atirimpɔw bi a ɛfata ho dwuma de, nanso ɛho hia sɛ yɛkari pɛ. Bere a wiase yi bɛn n’awiei no, wotu Kristofo fo sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ honhom fam ahode kan. (Mat. 6:33, 34) Sɛ yeyi bere ne sika to hɔ ma ayi daa, nanso sika fam ahokyere nti yentumi ntɔ nsɛmma nhoma a ɛba foforo mma kokoam adesua ne asɛnka a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛkari pɛ sɛ Kristofo? Wotaa toto dapɛn awiei asafo nhyiam horow mu esiane amannifo ayi a wokɔ nti? Sɛ yetu asafo nhyiam horow hyɛ da anaa yɛka ɛne nhyiam foforo bom na yɛanya kwan akɔ ayi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛho hia di kan?—Fa toto Filipifo 1:9, 10 ho.
15 Ayiyɛ Amanne Horow—Asɛm Biara Nni Ho?: Awo, aware, owu, ne nea ɛkeka ho, ho amanne gu ahorow yiye wɔ aman anaa ɔman koro no amantam ahorow mu. Enti mfaso remma so sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma amanne ahorow ahyia. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛka ɔman yi mu ayi ho amanne ahorow no fã biara ho asɛm wɔ krataa yi mu, ma enti nea ɛne Hebrifo 5:14 hyia no, nea ɛsɛ sɛ obi yɛ ne sɛ ‘ɔde n’adwene tumi bedi dwuma ahu papa ne bɔne.’ Nea ɛsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ na ɔkwati ne amanne pɔtee bi mu biribiara a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia. (Deut. 14:1, 2) Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ Kristoni bɔ mmɔden sɛ ɔde Bible mu mmara ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma. Eyi nti, momma yensusuw ɛho nhwɛso kakra bi ho.
16 So Kristoni betumi akɔ “ayi a ɛto so abien”? Wɔ mmeae bi no, abusuafo no yɛ ayipa ho nhyehyɛe wɔ da koro, dapɛn biako, ɔsram biako, anaa afe biako a edi afunsie no akyi mpo. Bere a eyi fii ase no, na wobu eyi sɛ ɛyɛ honhom mu ayi a wɔnam so yi ɔkra no fi baabi a owui no ma onya kwan kɔ asaman koraa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ ɔman no mmeae bi a wonni ayaresabea a wɔkora amu wɔ hɔ no, nea wɔyɛ ne sɛ wosie amu no bere tiaa bi wɔ ne wu akyi na ansɛe. Ɛno akyi no, wɔhyɛ bere bi a abusuafo ne nnamfo betumi ahyiam atua afunsie no ho ka adi ɛho nsɛm ho dwuma. Ebinom frɛ eyi sɛ “ayi a ɛto so abien,” nanso nokwarem no, ɛne ayi no ankasa na ɛyɛ nhyehyɛe pa a ɛboa owufo no abusuafo ma wodi ne wu no ho nsɛm a ɛho hia ho dwuma. Ɛwom sɛ mpɛn pii no Kristoni a ɔkɔɔ afunsie no bi rennya nea obegyina so akɔ ayi a ɛto so abien yi bi de, nanso onua a ɔyɛ obusuani anaa wantumi amma wɔn a wɔn biribi awu no hyɛden afunsie da no betumi asi gyinae sɛ ɔbɛkɔ nea ɛto so abien yi.
17 Ayi a ɛto so abien no ho nhyehyɛe a yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ atifi hɔ no yɛ soronko koraa wɔ “nnadi” no ho. Wɔyɛ nea edi akyiri yi wɔ bere ne bere mu, na nea wɔtaa yɛ ne sɛ wogu nsa wɔ ɔdamoa no so de srɛ obusuani a wawu no nhyira. Esiane sɛ ɛte sɛ nea nnadi yi nni atirimpɔw pa bi ho dwuma na enni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nti, ɛremfata sɛ Kristofo bɛma owu ho ɔkasa afe biara anaa bere ne bere mu de akae wɔn abusuafo a wɔawuwu.—Ɔsɛnk. 9:5, 6.
18 Ayitama ne Amanne Ahorow: Wɔ mmusuakuw bi mu no, wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ akunafo fura ntama soronko bi na wɔtra wɔn awerɛhodi mu afe biako, a wonni hokwan sɛ wɔyɛ nneɛma ahorow pii. Amanne yi ne Kristofo gyidi horow hyia? Ntease wom sɛ Kristoni a wahwere ne dɔfo bi betumi afura ntama ayɛ n’ade sɛ obi a wabotow akosi bere bi. (Fa toto 2 Ahene 6:30 ho.) Nanso eyi yɛ soronko koraa wɔ ntama a wofura no bere tenten, a ebia wɔde bata awufo ho gyidi horow a ɛne Bible nhyia ho. Ebia wɔbɛhwehwɛ sɛ nea wawu no mma ne mmanana nso yi wɔn ti, wɔn asomkaa, mpapoa, ne nea ɛkeka ho, de di nea wawu no ni. Ɛwom sɛ saa amanne a Kristoni renyɛ no betumi ama n’abusuafo wiasefo a wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ no bo afuw no mpo de, nanso sɛ ɔde ne ho hyɛ amanne a wɔde pata wɔn “nananom a wɔawuwu ahonhom” mu a, wobebu no dɛn? Sɛ obi nya eyinom mu kyɛfa bi a, na ɔreda no adi sɛ wɔ ne komam no, ɔda so yɛ atoro som fã. (Adi. 18:4) Sɛ obi beyi ne ti ama onipa a wawu no bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ ogye di sɛ ne kra da so te ase. Adeyɛ a ɛte saa bɛyɛ nyaatwom ade a Yehowa Adansefo bi yɛ. (Hes. 18:4) Kristofo ntumi mfa ahonim pa nni ayiyɛ ho amanne horow a ɛne Bible bɔ abira so, ɛmfa ho sɛnea wɔn awerɛhodi yɛ kɛse.
19 Wɔ wiase nyinaa no, wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible no. Bible mu nokwasɛm bi a wosi so dua ne sɛ awufo nnim hwee, wonhu amane wɔ hell na wonkyinkyin asase so a wobetumi apira afoforo. (Ɔsɛnk. 9:5) Ɔkyerɛkyerɛ yi akyekye nnipa ɔpehaha pii werɛ. Enti nnipa a wɔwɔ mmeae pii nhwɛ kwan sɛ Kristofo yi de wɔn ho bɛhyɛ amanne ahorow a wɔde pata awufo no mu.
20 Ɛnde, sɛ nokware Kristofo pene so sɛ wobedi ayiyɛ amanne ahorow a ɛyɛ gyidihunu akyi esiane sɛ wɔn abusuafo anaa afipamfo hyɛ wɔn nti a, dɛn na ɛbɛba? Afipamfo no renka sɛ ebia Kristofo no nnye nea wɔka nni ankasa, kyerɛ sɛ, ebia wobetumi ama wɔagyae nsɛm mu asiesie wɔ nneɛma foforo mu? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛba saa! Enti, ɛbɛsɛe nnwuma pa pii, na ebetumi ato nkurɔfo hintidua.—Mat. 18:6, 8; 2 Kor. 6:3.
21 Enti, mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu de mmoa biara a ehia bɛma wɔn a wɔn biribi awu no na ama wɔagyina nokware no mu pintinn bere a wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛne Kristosom nhyia no. (Fa toto 2 Korintofo 1:3, 4 ho.) Na sɛ mmoa a ɛte saa nyinaa akyi no, Kristoni bi fi ase di ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia akyi nso ɛ? Mpanyimfo de ayamye bedi ho dwuma abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nea wafom no asiesie n’akwan. (Gal. 6:1; Yak. 5:19, 20; 2 Pet. 3:9) Nanso, sɛ Kristoni no ka sɛ ɔbɛkɔ so afa ɔkwan a ɛne Kristosom nhyia no so a, ɛnde awiei koraa no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne no di sɛnea ɛsɛ na wɔn a wɔhwɛ no adwene antu amfra anaa wɔamfa nneyɛe a ɛnteɛ ammɛhyɛ Kristofo asafo no mu. Obiara a ɔsom ne nananom a wɔawuwu no nyɛ nokware Kristoni bio, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe de bɔ Kristofo asafo no ahotew ho ban.—1 Kor. 5:13.
22 Na ayitama tuntum, nnodowee anaa kɔkɔɔ a wofura nso ɛ? Wɔ mmeae bi no, mfiase no na ntama tuntum a wofura wɔ ayi ase no yɛ nnaadaasɛm a ɛmma ahonhommɔne a wose wɔbɛtetɛw hɔ saa bere no nhu wɔn. Ade koro no ara nti na wɔn a wɔkɔ ayi wɔ aman foforo so fura ntama a ne kɔla yɛ soronko. Sɛ eyi nti na nkurɔfo fura ntama tuntum, nnodowee, anaa kɔkɔɔ wɔ mo mpɔtam hɔ a, ɛnde na ɛremfata sɛ Kristoni befura. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na ayitama a nnipa a na wɔte Kanaan a Yehowa tete asomfo ka ho fura ne atweaatam, ntama tuntum a wɔde abirekyi nhwi nwene.—Gen. 37:34; 2 Sam. 21:10; 1 Sam. 4:12.
23 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aman bi nam gyidihunu so de ntade tuntum dii dwuma wɔ tete no kyerɛ sɛ Kristoni biara ntumi nhyɛ atade tuntum bere a wɔreyɛ ayi? Ɛnte saa ankasa. Sɛ nhwɛso no, na nhwiren a wɔakyekye a abosonsomfo de di dwuma no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ nokware asomfo de di dwuma, sɛ ɛmfa ho hwee na ɛnyɛ saa na wɔte ase nnɛ a. (Aso. 14:13) Saa ara nso na nokwasɛm a ɛne sɛ nhwehwɛmu nhoma ahorow bi ka sɛ kawa a wɔde di dwuma wɔ aware mu no fi abosonsom mu no nkyerɛ sɛ Kristofo ntumi nhyɛ ayeforohyia nkawa.—w72 1/15 kr. 63; w69 1/15 nkr. 58-9.
24 Bible no ka amanne pii ho asɛm, ebi nye mma nokware asomfo, na Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ho hyɛ afoforo mu. (1 Ahe. 18:28; fa toto Rut 4:7 ho.) Ebetumi aba sɛ amanne horow a Onyankopɔn pene so mpo fii ase wɔ ɔsom mu. Bere a Onyankopɔn kaa twam afahyɛ no ho asɛm no, wanka bobesa ho asɛm, nanso eduu afeha a edi kan no mu no, na wɔde bobesa nkuruwa ma di dwuma. Yesu ne n’asomafo no ampow ɔsom mu amanne yi. Wohui sɛ ɛfata, na wodii akyi. (Ex. 12:6-18; Luka 22:15-18; 1 Kor. 11:25) Ɛte saa ara wɔ ayiyɛ mu amanne bi—ɛnyɛ ne nyinaa—ho. Na Misrifo taa hyɛ awufo aduru. Tete agya nokwafo Yosef anka ntɛm ara sɛ, ‘Eyi yɛ abosonsomfo amanne, enti ɛsɛ sɛ yɛn Hebrifo kwati.’ Mmom no, ‘ɔhyɛɛ ne nkoa aduyɛfo sɛ wɔnhyɛ n’agya amu aduru,’ na wɔatumi asie Yakob wɔ Bɔhyɛ Asase a na ɛwɔ akyirikyiri no so. (Gen. 49:29–50:3; wTW91 10/15 kr. 31, nky. 3; fa toto Asomafo no Nnwuma 9:37 ho.)
25 Ɛsɛ sɛ Kristofo kwati nneyɛe a ɛne Bible mu nokware ahorow nhyia. (2 Kor. 6:14-18) Enti ɛsɛ sɛ nokware Kristoni susuw ho sɛ: Amanne bi akyi a medi bɛma afoforo ahu sɛ magye gyidi ahorow anaa nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia atom? Ebia na amanne bi yɛ atoro wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu anaa ɛte saa nnɛ wɔ akyirikyiri baabi. Nanso bere a wonyɛɛ nhwehwɛmu a egye bere pii no, bisa wo ho sɛ: ‘Adwene bɛn na nnipa dodow no ara kura wɔ baabi a mete no?’ (Fa toto 1 Korintofo 10:25-29 ho.) Sɛ wonim no yiye sɛ amanne anaa adwene bi yɛ ɔsom mu atosɛm a, kwati. Nsɛm a yɛaka wɔ atifi hɔ nti, ɛsɛ sɛ Kristoni tumi hu sɛ ɛbɛfata sɛ ofura ayitama tuntum, nnodowee anaa kɔkɔɔ wɔ baabi a ɔte no. Ɛmfa ho ntama kɔla biara a wopaw no, ɛbɛda adi pefee sɛ fura a Kristofo befura no bere tenten remfata koraa.—sh nkr. 70-72; wTW91 10/15 nkr. 30-31.
26 “Mmoa Akuw” Nso Ɛ?: Kristoni betumi akɔdɔm “mmoa kuw” bi? Eyi yɛ ahorow abien, nea edi kan no yɛ nnwuma bi mu yiyedi akuw. Wobetumi ahyɛ odwumayɛni biara sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ emuni, a wɔtew sika fi wɔn akatua mu de tua kuw no ho ka. Atirimpɔw no ne sɛ wɔde mmoa ahorow bi bɛma kuw no mufo bere a wɔwɔ ahokyere mu—wɔyare, wɔn biribi awu, wohyia sikasɛm mu ahokyere, ne nea ɛkeka ho. Nea ɛto so abien, nea ebinom frɛ no “ayi akuw” no, fa owu nkutoo ho. Eyinom yɛ kuw a obi fi ne pɛ mu kɔdɔm a wɔtaa ka kasa koro. Wotwa tow ma emufo no a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛboa wɔn bere a wɔn biribi awu no.
27 Kristoni betumi asusuw ho sɛ: Dɛn nti na mepɛ sɛ meyɛ emuni? Kuw yi muni a mɛyɛ no benya tumi bɛn wɔ me honhom fam yiyedi ne bere a mede yɛ Bible adesua, mede kɔ nhyiam horow, mede kɔ asɛnka, na mede di m’asɛyɛde afoforo ho dwuma wɔ fie no so? Sɛ meyɛ emuni a, dɛn na wɔbɛka sɛ menyɛ? Mehyia sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma mayɛ biribi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia? Ahyehyɛde no atirimpɔw ne Bible mu nnyinasosɛm nhyia? Nsemmisa yi bɛboa Kristoni bi ma wahu sɛ ebia ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahyehyɛde pɔtee bi muni anaa ɛnsɛ sɛ ɔyɛ emuni, a mmoa kuw ka ho.
28 Ɛyɛ awosu sɛ obi bɛkae ne dɔfo bi wɔ nidi mu. Nnipa nkate a ɛfata hwehwɛ sɛ “wosie obi wɔ ɔkwan a ɛfata so.” Nanso, wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kyerɛ wɔn kwan no bɛhwɛ ahu sɛ ɛnyɛ atoro gyidi a ɛne sɛ awufo nim nea wɔreyɛ no na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ ade. (Dw. 146:4) Yesu Kristo ka kyerɛɛ obi a na ɔbɛyɛ ne suani sɛ: “Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!” (Luka 9:60) Ɛwom sɛ na Yesu nkasa ntia ayikɔ koraa de, nanso ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ a ɛma nkwa no di kan. Sɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, dɛn na yɛreyɛ wɔ eyi mu?—Efe. 5:10; fa toto Romafo 12:2 ho.