Bible mu Anigye a Yɛbɛsan Akɔkanyan
1 Wiase no asesã koraa wɔ afeha yi mu. Ɛwom sɛ wɔanya nkɔso wɔ nneɛma pii mu de, nanso sɛnea abusua asetra te no asɛe kɛse. Nnipa ɔpepem pii ma kwan ma nnipa nyansapɛ a ɛsesã bere nyinaa no kyerɛ wɔn kwan. Nanso, Yehowa nkurɔfo nam n’Asɛm a wotie so anya mfaso kɛse. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa anigyefo ma wɔagye atom sɛ Bible no nkutoo na ɛde nokware akwankyerɛ ma wɔ yɛn nnɛ bere yi mu?
2 Sɛ bere a wudii kan kɔɔ hɔ no, mususuw Efesofo 3:14, 15 ho a, saa asɛm yi betumi akanyan n’anigye bio:
◼ “Bere a etwaam no, yesusuw sɛnea abusua asetra Hyehyɛfo no de sɛnea yɛbɛma yɛn abusua asetra ayɛ anigye ho afotu ahyɛ Bible no mã ho. Ehia sɛ yesua Bible no na yɛanya n’afotu mu mfaso.” Kenkan Yakobo 1:5, na ka ho asɛm. Munsusuw ti a ofiewura no dii kan pawee no mu nkyekyem kakraa bi ho. Wɔ nkɔmmɔbɔ no awiei no, fa asɛmmisa bi a wubebua no wo nsrahwɛ a edi hɔ no si hɔ.
3 Sɛ mususuw Mmebusɛm 22:6 ho wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi asi hia a ehia sɛ wɔde Bible no di dwuma wɔ mmofra ntetee mu fi mmofraase pɛɛ so dua denam eyi a wobɛka so:
◼ “Bere a etwa to a mebaa ha no, yɛkenkanee wɔ Mmebusɛm 22:6 sɛ sɛ yɛde ntetee a ehia ma yɛn mma a, mpɛn pii no, sɛ wonyin a wɔremfi ho. Wususuw sɛ ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so de saa ntetee yi ma fi mmofraase pɛɛ?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ nkyekyem 5 wɔ kratafa 115, kenkan 2 Timoteo 3:15, na kyerɛ no sɛ sɛ yebedi nkonim a, ɛsɛ sɛ yɛde saa ntetee no gyina Kyerɛwnsɛm so. Momfa bere tiaa bi nsusuw nsɛntitiriw kakra ho wɔ nkyekyem a edidi hɔ no mu. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne no abɛbɔ nkɔmmɔ bio.
4 Sɛ mobɔɔ ɔhokafo pa a obi bɛpaw ho nkɔmmɔ fii nkyekyem 5 wɔ kratafa 13 mu a, wubetumi aka sɛ:
◼ Yɛbɔɔ hia a ehia sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa wɔ ɔhokafo pa a yɛbɛpaw mu no ho nkɔmmɔ. So wobɛka sɛ Onyankopɔn a yɛbɛbɔ no mpae wɔ asɛm no ho kɛkɛ dɔɔso?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ kratafa 25, na kenkan Luka 14:28, 29. Si hia a ehia sɛ obi bɛma Onyankopɔn Asɛm akyerɛ no kwan wɔ saa asɛm yi mu so dua. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ Yehowa Adansefo reboa nnipa komapafo a wɔwɔ mpɔtam hɔ ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm, ate ase yiye, na wɔde mu afotu adi ɔhaw ahorow ho dwuma. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abɛbɔ nkɔmmɔ bio.
5 Sɛ wugyaw “Nya Abusua Asetra Mu Anigye” kratawa no maa ofiewura bi a na onni adagyew koraa sɛ ɔbɛbɔ nkɔmmɔ a, wubetumi afa saa kwan yi so:
◼ “Bere a mebaa ha nnansa yi no, na wunni adagyew koraa. Migyaw kratawa a wɔato din Nya Abusua Asetra Mu Anigye maa wo. Ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ yɛnam Bible nkyerɛkyerɛ a yɛde bedi dwuma so na ebetumi adi abusua mu haw ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 4 no nsow.” Kenkan Bible kyerɛw nsɛm abien no, na afei bisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm yi a yɛde bedi dwuma no bɛboa ma abusua asetra atu mpɔn?” Bere a ofiewura no abua no, mommom nsusuw afotu a wɔde ma okununom ne ɔyerenom wɔ nkratafa 4 ne 5 no ho. Munsusuw kratawa no nkae ho na fa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no kyerɛ no ɛno akyi.
6 Sɛ wunya anigyefo a, wobɛpɛ sɛ awiei koraa no, wotwe wɔn adwene kɔ nhoma foforo Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no so, na wode fi adesua ase. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya anigye pii wɔ “wɔn a wɔn ho nkokwawee” a wobɛboa ma “wɔahu nyansa” no mu.—Dw. 119:130, NW.