Hyira Yehowa “Daa Nyinaa”
1 Ɛbɔ bi a Ɔhene Dawid hyɛɛ Yehowa na ɛwɔ Dwom 145:2 mu: “Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa.” Yɛn nso yɛwɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ yehyira yɛn soro Agya no na yeyi no ayɛ! Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Dawid nhwɛso no wɔ Yehowa tumidi a yɛbɛkamfo akyerɛ “daa nyinaa” no mu?
2 Yɛmfa Yehowa Ho Anisɔ Nhyɛ Yɛn Koma Mã: Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa no ma nea Yehowa ayɛ, nea ɔreyɛ, ne nea ɔrebɛyɛ ama yɛn no ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Bere a yɛma n’anwonwa nnwuma ho anisɔ a yɛwɔ yɛ kɛse no, ɛbɛka yɛn ma yɛaka ne papayɛ ho asɛm. (Dw. 145:7) Yɛde anigye beyi Yehowa ayɛ bere a ɛfata biara.
3 Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Da Biara Nkɔmmɔbɔ Mu: Bere a yɛne afipamfo, mfɛfo sukuufo, mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo a yehyia wɔn daa bɔ nkɔmmɔ no, yebetumi anya hokwan ne wɔn akyɛ anidaso a yɛwɔ no. Ebia ofipamfo bi bɛka sɛnea basabasayɛ a ɛwɔ mpɔtam hɔ no haw no; nnubɔnenom ne ɔbrasɛe betumi ahaw ɔyɔnko sukuuni bi; ɔyɔnko dwumayɛni bi betumi akyerɛ n’adwene wɔ amammui ho. Yebetumi atwe adwene asi Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ne bɔhyɛ ahorow a ɛkyerɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so mprempren ne saa ɔhaw ahorow yi ano aduru a yebenya awiei koraa no so. Nsɛm a ɛtete saa a wɔka no “ne bere mu” no betumi ayɛ nhyira!—Mmeb. 15:23.
4 Ka Yehowa Ho Asɛm Sɛ Bere Nyinaa Somfo: Obi a ɔwɔ Yehowa ho anisɔ no pɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa dodow biara a obetumi. (Dw. 40:8-10) Wɔ saa kwan yi so no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mereyɛ nea me nsɛm tebea bɛma me kwan nyinaa?’ Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔyɛɛ nsakrae pa no, wɔatumi abɛyɛ daa akwampaefo. Sɛ mprempren nsɛm tebea mma ɛno ho kwan a, yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo? Esiane sɛ Nkaedi bere a ɛreba no yɛ dwumadi kɛse bere nti, March ne April asram no bɛyɛ bere pa a yɛde bɛyɛ pii wɔ yɛn som mu denam akwampae boafo adwuma a yɛbɛyɛ so.
5 Boa Afoforofo ma Wɔne Yɛn Mmom Nhyira Yehowa: Yesu wu Nkaedi ho fã a yɛhyɛ no kae yɛn ntease a enti ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase na yeyi Ne din ayɛ bere nyinaa. Eyi titiriw ne bere pa a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn Bible asuafo nkuran ma wɔbɛka yɛn ho wɔ Yehowa tumidi a yɛbɛka ho asɛm wɔ baguam no mu. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa mpaebɔ nsusuw nea wɔaka wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no nkyekyem 7-9 wɔ nkratafa 173-5 no ho. Sɛ wɔfata a, wonni ntease bi a enti ɛsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase esiane sɛ wɔn ho nkokwawee nti. Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a wɔbɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔyɛ Ahenni ho asɛnka adwuma no. Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no betumi anya akokoduru de aka asɛmpa no a, wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wɔn.—Aso. 4:31; 1 Tes. 2:2.
6 Sɛ yɛbɔ mmɔden hyira Yehowa daa nyinaa a, yɛde mfaso a ɛtra hɔ daa brɛ yɛn ho ne afoforo nso.