Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/06 kr. 3-4
  • Ka “Wiase Hann” No Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka “Wiase Hann” No Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 2/06 kr. 3-4

Ka “Wiase Hann” No Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

1. Hann kɛse bɛn na wɔkaa ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu, na afahyɛ bɛn na ɛtwe adwene si hann yi so titiriw?

1 Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so.” (Yes. 9:2) Wohuu saa “hann kɛse” no wɔ nnwuma a Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo yɛe no mu. N’asɛnka adwuma a ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so ne n’afɔrebɔ no yii nnipa a na wɔwɔ honhom mu sum mu no baa Onyankopɔn hann mu. Saa hann yi na nnipa a ɛnnɛ wɔwɔ sum mu no hia. Awurade Anwummeduan no ma yenya hokwan kɛse twe adwene si “wiase hann” yi so. (Yoh. 8:12) Afe a etwaam no, gyidi a nnipa ɔpepem pii daa no adi no kaa wɔn ma wɔne yɛn tiee Yesu ahyɛde a ɛne sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me” no. (Luka 22:19) Bere a afe yi Nkaedi afahyɛ no rebɛn no, yɛbɛyɛ dɛn atumi atwe afoforo adwene asi hann kɛse a Yehowa ma ɛhyerɛn no so?—Filip. 2:15.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi komam akyerɛ agyede afɔre no ho anisɔ kɛse, na dɛn na ebefi saayɛ mu aba?

2 Fi Komam Kyerɛ Ho Anisɔ: Nkaedi bere ma yenya hokwan a yɛde bedwennwen ɔdɔ kɛse a Yehowa ne Yesu daa no adi wɔ agyede afɔre a wɔbɔ maa adesamma no ho. (Yoh. 3:16; 2 Kor. 5:14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ saa a yɛbɛyɛ no bɛkanyan yɛn koma kɛse ma yɛakyerɛ bere titiriw yi ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa gye bere de yɛ Nkaedi Bible akenkan no na wosusuw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ Daa Asɛm nhoma no mu no. Yehowa su horow a biribiara ne no nsɛ a ɛda adi wɔ agyede nhyehyɛe no mu a yebesusuw ho no ma yɛn ani gye sɛ ɔne yɛn Nyankopɔn. Nea agyede no kyerɛ a yebesusuw ho no ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ne Ba no yɛ kɛse na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Gal. 2:20.

3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ Nkaedi no ho anisɔ?

3 Sɛ yɛkyerɛ Yehowa nkwagye nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn no ho anisɔ kɛse a, Nkaedi no ho anigye a yɛwɔ no bɛda adi ma yɛn Bible asuafo, wɔn a yɛkɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, yɛn abusuafo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn no ahu. (Luka 6:45) Enti, bɔ mmɔden sɛ wobɛto nsa afrɛ nnipa a wɔte saa nyinaa na fa kratasin a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi ase no ma wɔn na akae wɔn. Nea ɛbɛyɛ na anuanom pii ani rempa obiara so no, wɔde wɔn a wɔtaa to nsa frɛ wɔn ba Nkaedi ase no din sie na wɔde nnipa a wobenya wɔn foforo afe biara no ka ho. Nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ na yɛabɔ mmɔden ato nsa afrɛ anigyefo nyinaa no yɛ ɔkwampa a yɛnam so kyerɛ Yehowa Nyankopɔn ‘akyɛde a enni kabea’ yi ho anisɔ.—2 Kor. 9:15.

4. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March ne April mu?

4 Fa Bere Pii Yɛ Asɛnka Adwuma No: So wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no wɔ March ne April mu? Sɛ yɛbɔ mmɔden ka “Kristo . . . anuonyam asɛmpa” no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɔkwan biara so no, Onyankopɔn behyira yɛn. Yehowa a honhom mu hann nyinaa Fi no no ahyɛ sɛ: “Hann mfi sum mu nhyerɛn.” (2 Kor. 4:4-6) Sɛ ɛho hia a, asafo mu mpanyimfo bɛyɛ bere ne mmeae foforo a wobehyiam akɔ asɛnka ho nhyehyɛe na wɔaboa adawurubɔfo ma wɔde bere pii adi adanse. Wobetumi de mmɔnten so adansedi a wofi ase anɔpa tutuutu anaa nsasesin a wɔyɛ nnwuma wom ne telefon so adanse a wodi no awiabere anaa anwummere aka ho. Nea ɛbɛboa ma woayɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu no, fa nnɔnhwerew dodow bi si w’anim na bɔ mmɔden sɛ wubedu ho. Nnipa pii fam no, nea ɛsen biara a wɔbɛyɛ ama Yehowa ne sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu.—Kol. 3:23, 24.

5. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii renya akwampaefo boafo dɔnhwerew a wɔatew so no so mfaso?

5 Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo? Bɛboro mfe ason ni na wɔtew dɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ fi akwampaefo boafo hɔ no so. Nsakrae yi ama nnipa pii de wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu na wɔanya so mfaso ne anigye. Woasɔ ahwɛ? Ebinom de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛyɛ bi afe biara. Wɔ asafo ahorow bi mu no, adawurubɔfo pii bom de wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma yi mu na ɛbɛyɛ asafo no dwumadi titiriw a wɔka ho asɛm afe mũ no nyinaa. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe de wo ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu wɔ Nkaedi bere no mu? Esiane sɛ adapɛn awiei anum na ɛwɔ April mu nti, ɛyɛ bere pa a ebinom betumi de wɔn ho ahyem.

6. Nhyehyɛe a ɛyɛ anigye bɛn na wɔayɛ ama yɛn?

6 So ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no wɔ March anaa April mu? Ebetumi abue hokwan kɛse ama wo. Sɛnea yedii kan bɔɔ ho amanneɛ no, wɔ 2006 ɔsom afe mu no, obiara a ɔbɛsom sɛ ɔkwampaefo boafo wɔ ɔsram a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo no mu no benya kwan akɔ nhyiam a ɔne akwampaefo yɛ no fã a edi kan wɔ dapɛn no mu no bi. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a wɔde bɛma wɔ saa nhyiam yi ase no bɛboa akwampaefo aboafo pii ma wɔabɛyɛ daa akwampaefo. Bio nso, wɔ April mu no, yɛn ani begye sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔaba honhom mu hann no mu denam Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a yɛde bɛyɛ Bible adesua no so. Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wode nhoma no befi Bible adesua ase?

7, 8. (a) Nhyehyɛe bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ akwampaefo boafo? (b) Sɛ abusua mufo nyinaa boa a, mfaso bɛn na ebefi mu aba?

7 Bere a woresusuw nnɔnhwerew 50 a wɔhwehwɛ fi akwampaefo boafo hɔ ho no, si nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi de nnɔnhwerew bɛyɛ 12 aka nokware no ho asɛm dapɛn biara no ho gyinae. Wo ne wɔn a wɔatumi ayɛ bi no nsusuw ho na ka ho asɛm kyerɛ afoforo nso. Ebia eyi bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔabɛka wo ho ma moayɛ. Sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ mpanyin ne mmofra nyinaa yɛ nhyehyeɛ pa a, ɛrennyɛ den mma wɔn sɛ wobedu saa botae yi ho. Bɔ ho mpae. Afei sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ wo nhyehyɛe na fa wo ho hyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu bi!—Mal. 3:10.

8 Mmusua pii ahu sɛ sɛ wɔn nyinaa boa a, anyɛ yiye koraa no, abusua no muni biako betumi adu saa botae yi ho. Abusua bi sii gyinae sɛ emufo baanum a wɔabɔ asu no nyinaa bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma no bi. Mmofra baanu a wɔwɔ abusua no mu a na wonnya mmɔɔ asu no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Mfaso bɛn na abusua no nya fii mmɔden a ɛte saa a wɔbɔe no mu? Wɔkyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ ɔsram a yɛn ani gyei paa, na yehui sɛ biakoyɛ a ɛwɔ abusua no mu no mu ayɛ den. Yɛda Yehowa ase wɔ nhyira nwonwaso a yenyae no ho!”

9. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn kanea ahyerɛn wɔ Nkaedi bere yi mu?

9 So adwuma titiriw a yɛbɛyɛ wɔ March ne April mu no betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛabɛn yɛn soro Agya no kɛse? Dodow no ara begyina mmɔden a yɛbɛbɔ de ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ne Ba no mu den no so, na yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛmmra sɛ yɛne odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi no bɛyɛ adwene: “Mede m’ano mɛkamfo [Yehowa, NW] pii, mɛto ayeyi dwom mama no nnipa bebree mu.” (Dw. 109:30) Yehowa behyira nsi a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ Nkaedi bere yi mu no so. Enti momma yɛn kanea nhyerɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii befi esum mu aba “nkwa hann” mu.—Yoh. 8:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena