Ɔfã 3—Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso
1 Ná ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ne nuanom bɔ mpae ma no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahoɔden de aka asɛmpa no nnam so. (Efe. 6:18-20) Yɛpɛ sɛ yenya ahoɔden koro no ara bi. Ne saa nti, yɛkyerɛ mmoa a Teokrase Ɔsom Sukuu, a wɔhyɛ nhyiamkɔfo a wɔfata nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem, no de ma no ho anisɔ.
2 Sɛ́ asuafo no, yɛn mu biara nya afotu a ɛboa yɛn ma yetu mpɔn wɔ yɛn kasa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. (Mmeb. 9:9) Yebetumi nso anya mfaso afi afotu a wɔde ma asuafo afoforo a yebetie no mu, na yɛama nea yesua no afa yɛn ho. Sɛ yɛresiesie dwumadi bi a, ɛsɛ sɛ yesua nhoma a asɛm no fi mu no yiye de hwɛ hu sɛ ɛho nkyerɛkyerɛmu a yɛde ma no di mu. Ɛsɛ sɛ nsɛntitiriw ne kyerɛw nsɛm a yɛde di dwuma no fata asɛmti a yɛn asɛm no nyinaa gyina so no ho. Sɛ onipa foforo bi ka dwumadi no ho a, ɛsɛ sɛ mudi kan bobɔ so koraa ansa na moadi ho dwuma wɔ sukuu no mu. Bere a yenya nkɔso no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenkenkan mfi krataa so, na yɛde nsɛm ntiantia mmom di dwuma sen sɛ anka yɛbɛkyerɛw biribiara.
3 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ dwumadi wɔ sukuu no mu nyinaa du hɔ ntɛm, na wɔde wɔn Ɔkasa Ho Afotu kratasin ma sukuu sohwɛfo no, na wɔtra asa no anim nkongua no so. Ɛsɛ sɛ anuanom mmea no di kan ma sukuu sohwɛfo no hu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn dwumadi no ne sɛ́ ebia wobegyina hɔ anaa wɔbɛtra ase. Biako a wɔyɛ wɔ saa kwan yi so no boa ma dwumadi no kɔ so pɛpɛɛpɛ na ɛboa ma wɔn a wɔhwɛ asɛnka agua so no siesie biribiara ansa na dwumadi no adu so.
4 Dwumadi a Ɛto so 2 a Wosiesie: Bible akenkan no atirimpɔw biako ne sɛ ɛbɛboa osuani no ma watu mpɔn wɔ n’akenkan mu. Ɔkwan a ɛkyɛn so bɛn na wobetumi afa so ayɛ eyi? Asɛm no a obi bɛkenkan no den mpɛn pii no ne ɔkwan a ɛsen biara a ɔbɛfa so ama ne ho akokwaw wom. Sɛnea ɛbɛyɛ na osuani no ate nsɛmfua biara a onhyiae da ase na wabobɔ din yiye no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu. Eyi nso bɛhwehwɛ sɛ ohu nea nsɛmfua din bobɔ ho sɛnkyerɛnne a wɔde adi dwuma wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma no mu no kyerɛ.
5 New World Translation no boa ma obi tumi bobɔ din ahorow ne nsɛm a na wɔntaa nhyia a wohu wɔ Bible mu no yiye. Ɛyɛ eyi denam nsɛmfua no mu a ɛkyekyɛ sɛnea wɔbɔ din na ɛde nkyerɛwde so agyiraehyɛde bi ba mu no so. (Hwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” nkratafa 325-6, nkyekyem 27-8.) Sɛ́ ahyɛde no, ɔfã a edi nkyerɛwde so agyiraehyɛde no anim na wosi so dua kɛse. Sɛ ɔfã a wɔahyɛ no agyirae no ba awiei wɔ ɛnne nkyerɛwee (vowel) bi so a, wɔbɔ ɛnne nkyerɛwee no twe mu. Sɛ ɔfã a wɔahyɛ no agyirae no ba awiei wɔ anom nkyerɛwee (consonant) bi so a, wɔbɔ ɛnne nkyerɛwee a ɛwɔ saa ɔfã no mu twa so. (Fa Saʹlu toto Salʹlu ho.) Anuanom bi tie Asafo ti no kasɛt ahorow no de siesie wɔn ho ma wɔn Bible akenkan dwumadi ahorow.
6 Awofo betumi aboa wɔn mma nkumaa ma wɔasiesie akenkan dwumadi no. Nea ebetumi aka eyi ho ne tie a wobetie bere a abofra no rebobɔ so, na afei wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa ma wanya nkɔanim ama no no. Bere a wɔde ama no ma onya kwan ka nnianim asɛm tiawa bi ne awiei asɛm a ɛfata a ɛde nsɛntitiriw no nkyerɛkyerɛmu ma. Ɛno ma osuani no sua sɛnea ɔbɛkasa a ɔnkenkan mfi krataa so.
7 Odwontofo no srɛe wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Awurade, bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.” (Dw. 51:15) Ɛmmra sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no a yɛde yɛn ho hyem no bɛboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ koro yi ara bi.