Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/96 kr. 7
  • Wo Din a Wode Bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Din a Wode Bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Afe 2015 Teokrase Ɔsom Sukuu no Bɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 12/96 kr. 7

Wo Din a Wode Bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu

1 Teokrase Ɔsom Sukuu no atete Yehowa Adansefo asomfo ɔpepem pii wɔ asɛmpa no ho. Yɛn mu bebree kae sɛnea na yɛbɔ hu na yɛte nka sɛ yɛmfata bere a yedii kan de yɛn ho hyɛɛ sukuu yi mu no, na seesei yegye dwuma a adi wɔ nkɔanim a yɛanya wɔ honhom fam sɛ akasafo ne Onyankopɔn Asɛm no ho akyerɛkyerɛfo mu no tom anigye so. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 4:13 ho.) So wode wo din ahyɛ sukuu soronko yi mu?

2 Hena na obetumi de ne din ahyɛ mu? Wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no nyinaa, a wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba asafo nhyiam horow ka ho, betumi akyerɛw wɔn din, sɛ wommu bra a ɛne Kristofo nnyinasosɛm bɔ abira nkutoo a.—Yɛn Som Adwuma, nkratafa 73, 98-9.

3 Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 1997: Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi nhyehyɛe ma 1997 no fa Bible nkyerɛkyerɛ ne emu nnipa pii, ne ahyehyɛde no abakɔsɛm ho. Nea ɛka yɛn kasa ne nkyerɛkyerɛ a ɛma etu mpɔn ho no, yesua biribi fi honhom fam ademude pii a ɛwɔ nneɛma a yesua no dapɛn biara mu no mu. (Mmeb. 9:9) Sɛ yesiesie yɛn ho ma sukuu no, de dapɛn dapɛn Bible akenkan ka ho, na yɛkɔ daa a, yebetumi anya honhom fam mfaso pii afi dwumadi no mu.

4 Wɔ 1997 mu no, Bible akenkan Dwumadi a ɛto so 2 no mu dodow no ara yɛ ntiatiaa sen mfe a atwam no de. Sɛ osuani no resiesie ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔde bere to n’akenkan no ho yiye, na afei ɔhwɛ bere dodow a obetumi anya afi simma anum a wɔde ama no no mu de adi ne nnianim ne awiei nsɛm no ho dwuma. Eyi bɛma osuani no atumi de ne bere no adi dwuma yiye, na ama watu mpɔn wɔ n’akenkan ne sɛnea ɔkasa a ɔnhwɛ krataa so no mu.—1 Tim. 4:13.

5 Wɔde bɔnnɔ so adansedi aka sɛnea wobetumi ahyehyɛ Dwumadi a ɛto so 3 a egyina Nimdeɛ nhoma no so no ho. Enti, onuawa bi betumi apaw sɛ ɔbɛhyehyɛ dwumadi yi sɛ sankɔhwɛ, ofie Bible adesua, anaa bɔnnɔ so adansedi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so si nkyerɛkyerɛ a wɔbɛma atu mpɔn so dua titiriw, na ɛnyɛ sɛnea wɔbɛhyehyɛ dwumadi no.

6 Sɛ́ ebia wunya hokwan ma ɔkyerɛkyerɛ kasa, Bible mu nsɛntitiriw, anaa osuani dwumadi no, wubetumi akyerɛ anisɔ a wowɔ ma Teokrase Ɔsom Sukuu no denam wo dwumadi a wubesua abobɔ so, ayɛ no ahotoso mu anigye so, adi wo bere so, atie sukuu sohwɛfo no afotu de adi dwuma, na woabɔ mmɔden ayɛ wo dwumadi bere nyinaa so. Saayɛ so na wo din a wode bɛhyɛ sukuu no mu no bɛyɛ nhyira ama wo ne wɔn a wɔba no nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena