Onyankopɔn Asɛm De Akwankyerɛ Ma
1 “Yɛte wiase a emu haw dɔɔso dodo na ano aduru yɛ kakraa bi mu. Nnipa ɔpepem pii di kɔm daa. Nnubɔne a wɔnom aka nnipa bebree hɔ. Mmusua pii mu repaapae. Nsɛm amanneɛbɔfo ka mogyafra ne basabasa a wɔyɛ abusuafo ho asɛm bere nyinaa. Wɔresɛe mframa a yɛhome ne nsu a yɛnom no nkakrankakra. Ne nyinaa akyi no, wodi yɛn mu pii nsɛmmɔne.”
2 Saa na The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no fi ase. Ne nnianim nsɛm no ne nnɛ tebea no hyia mpo sen bere a wɔkyerɛw nhoma no mfe ason ni no. Ɛho hia sɛ nkurɔfo hu sɛ Onyankopɔn Asɛm de akwankyerɛ ne ɔhaw a wohyia no nyinaa ano aduru ma. Yɛbɛbɔ mmɔden aboa nkurɔfo wɔ December mu denam New World Translation no ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no a yɛde bɛma wɔn so. Nokwasɛm ne sɛ, nhoma a yebegyaw ama obi kɛkɛ no nkyerɛ sɛ obegye Onyankopɔn akwankyerɛ atom. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra no a botae no ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Sɛ yɛbɔ mmɔden saa a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ yebenya mmoa. (Mat. 28:19, 20) Nsɛm a yɛka kyerɛ ho nyansahyɛ ahorow bi ni:
3 Sɛ wuhyia panyin a, wubetumi afa saa kwan yi so:
◼ “Mepɛ sɛ mibisa sɛ: Bere a wusua no, ɔkwan bɛn na na nkurɔfo fa so ne wɔn ho wɔn ho di nsɛm? [Twɛn ma ommua.] Tebea no asesa kɛse nnɛ, anaa ɛnte saa? Wususuw sɛ dɛn na ama nsakrae no aba? [Twɛn ma ommua.] Nokwarem no, Bible nkɔmhyɛ na ɛrenya mmamu. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.] Sɛnea wiase te nnɛ a Bible ka ho asɛm pɛpɛɛpɛ akyi no, ɛhyɛ bɔ sɛ wiase pa bi bɛba nnansa yi ara. Ne saa nti yɛrehyɛ obiara nkuran ma wakenkan Bible no. Wohyɛɛ no nsow sɛ New World Translation Bible yi mu nsɛm a mekenkanee no mu da hɔ?” Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔde Engiresi kasa a wɔka no nnɛ na ɛkyerɛwee, na ɛma wɔte Bible no ase yiye. Fa The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no kyerɛ no, na twe adwene si ti 10, a ɛkyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ foforo a yɛahu ne mmamu mu no so. Fa Bible no ne nhoma no ma no.
4 Sɛ wosan kɔ panyin bi a womaa no Bible ne nhoma no bi nkyɛn a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnaano a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yegye toom sɛ sɛ yɛde nnɛyi asetra toto sɛnea na asetra te mfe kakraa bi a atwam ni no ho a, tebea no asɛe. Nanso, mepɛ sɛ mekyerɛ wo sɛ Bible ma yɛn anidaso sɛ wiase a ɛkyɛn so koraa bɛba daakye. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ eyi yɛ Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn nkuran ma yɛhwehwɛ nsɛm foforo a Bible no ka mu.” Bue God’s Word nhoma no ti 14 na kenkan nkyekyem 3-4. Kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no yɛ ofie Bible adesua a ontua hwee.
5 Sɛ wo ne abofra rebɔ nkɔmmɔ a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi: Sɛ́ abofra no, wote nka sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi ama woanya daakye ho adwempa? Wuhu daakye dɛn? [Twɛn ma ommua.] Anigyesɛm ne sɛ, nnyinaso pa wɔ hɔ a enti yebetumi anya daakye ho adwempa. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Esiane sɛ ɛsonsono nkurɔfo adwene wɔ Bible ne mu nsɛm ho nti na yɛatintim saa nhoma yi, The Bible—God’s Word or Man’s? Hyɛ nea ɛkyerɛ sɛ ɛno nti yɛnkenkan Bible no nsow. [Kenkan nkyekyem 16-17 wɔ nkratafa 10-11.] Sɛ yenya begye di sɛ nea Bible no ka yɛ nokware a, ɛma yebenya daakye ho anidaso a edi mũ. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan saa nhoma yi a, m’ani begye ho sɛ megyaw biako ama wo.”
6 Sɛ wosan kɔsra abofra bi a ogyee “God’s Word” nhoma no bi a, wubetumi aka eyi de afi w’asɛm no ase:
◼ “Bere a woka ma metee sɛ daakye ho asɛm hia wo no, m’ani gyee ho. Kae sɛ mede Bible mu asɛm bi a ɛhyɛ bɔ sɛ yebenya daakye a anigye ne ahobammɔ wom kyerɛɛ wo. Foforo ni. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Nhoma a mede maa wo no kyerɛ pefee sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛnyɛ onipa de. Saa nokwasɛm no kura ntease ahorow bi a emu dɔ. Hyɛ ɛnonom nsow. [Kenkan nkyekyem 1-2 wɔ nkratafa 184-5.] Sɛ wopɛ a, m’ani begye ho sɛ me ne wo besua Bible no a wuntua hwee.” Twe adwene si mfaso horow a ɛwɔ New World Translation no so na fa ma no.
7 Obi a onhu baabi a ɔnkɔhwehwɛ akwankyerɛ a ɔde begyina asetram haw ahorow ano no ani begye saa asɛm yi ho:
◼ “Yɛte bere a ɛreyɛ ayɛ sɛ obiara hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den mu. Nnipa pii kɔhwehwɛ akwankyerɛ fi afotufo ahorow ahorow hɔ. Ebinom hwehwɛ mmoa fi nyankonnekyerɛfo hɔ. Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya afotu pa a yebetumi de adi dwuma ankasa? [Twɛn ma ommua.] Bible no ka nokwasɛm bi a ehia sɛ yɛn nyinaa hu.” Kenkan Yeremia 10:23. Bue The Bible—God’s Word or Man’s? no kratafa 187, na kenkan nkyekyem 9. “Saa nhoma yi bɛboa wo ma woahu sɛnea wobeyi yɛn haw nyinaa afi hɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. Wobɛpɛ sɛ wokenkan?” Fa nhoma no ma na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no.
8 Sɛ wokaa hia a onipa hia akwankyerɛ ho asɛm wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so bere a woreyɛ sankɔhwɛ no sɛ:
◼ “Bere a yehyiaa nea edi kan no, yegye toom sɛ, sɛ yebetumi agyina asetram haw ahorow ano a, yehia Onyankopɔn akwankyerɛ. Ɛdefa ɛno ho no, migye di sɛ w’ani begye nsɛm a etwa to a ɛwɔ nhoma a mede maa wo no mu no ho. [Kenkan nkyekyem 12-13 wɔ God’s Word nhoma no kratafa 189.] Ɛbɛyɛ me anigye sɛ me ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee, na mayɛ krado seesei ara sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ no.”
9 Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so bere a yɛboa mpanyin ne mmofra nyinaa ma wohu mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm ne emu akwankyerɛ so wɔ yɛn asetram no.—Dw. 119:105.