Asɛmmisa Afã
◼ So ɛyɛ mfomso sɛ ɔbea ne barima a wɔnyɛ abusuafo a wɔbɛn anaa awarefo bɛhyɛ dan mu atom?
Amanneɛbɔ a Asafo ti no nsa ka kyerɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea bi a wɔnyɛ awarefo anaa abusuafo a wɔbɛn, te sɛ ɛna, honam fam nuabarima anaa nuabea de reyɛ wɔn su sɛ wɔbɛhyɛ dan mu atom. Ebinom susuw sɛ sɛ ɔbrasɛe bi ankɔ so a, mfomso nni ho sɛ wɔn baanu nkutoo bɛhyɛ dan mu atom. So saa adwene yi teɛ?
Nyansa nnim koraa sɛ ɔbea ne barima a wɔnyɛ awarefo anaa abusuafo foforo a wɔbɛn, nkutoo bɛhyɛ ɔdan koro mu atom, efisɛ ebetumi akowie efĩ anaa ahohwibra mu, titiriw wɔ wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no fam. Ebetumi ama wɔn a wohu no nso adwenem ayɛ wɔn nãã wɔ Adansefo nokwaredi ho anaasɛ ebetumi ato ebinom hintidua mpo. Ɔbea ne barima a wɔbɛda dan koro mu ma ade akye wɔ saa tebea a ɛmfata yi mu no bɛyɛ bɔne a anibere wom a ɛbɛhwehwɛ sɛ mpanyimfo ma asɛnni boayikuw di ho asɛm.—Mmeb. 22:3; Gal. 5:19; Mat. 18:6, 7.
So yebetumi akwati tebea a ɛte saa? Yiw. Mmea ne mmarima bi tɔ asiane mu wɔ saa kwan yi so bere a wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ a anuanom a wodwen wɔn ho de ma wɔn mfiase no so no. (1 Kor. 6:18; Mmeb. 18:12) Afoforo ama kwan ma gye a wogye wɔn ho di dodo ne ahobammɔ a wɔte nka sɛ wɔwɔ asum wɔn afiri. (Fa toto Mmebusɛm 6:27 ho.) Bere a ebinom abow nsa no, wontumi nhyɛ wɔn ho so, na afiri yi wɔn. Ɛnde, hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yebetie afotu a ɛwɔ Hosea 4:11 no: “Aguamammɔ ne nsã ne mmosa sɛe ntease.”
Wotu Kristofo mmarima ne mmea fo daa sɛ ‘wɔn ani nna hɔ na wɔnwɛn’ bere a wɔredi nkitaho no, sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya wɔn. (1 Pet. 5:8) Eyi hwehwɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye daa. Sɛ nhwɛso no, Betel ahyɛde bi hwehwɛ sɛ Betelfo no bue ɔpon no to hɔ bere a wɔne ɔbea anaa barima bi a ɔnyɛ wɔn aware mu hokafo anaa obusuani bi a ɔbɛn wɔn nkutoo wɔ dan mu no. Eyi bɔ wɔn ho ban fi sɔhwɛ ho. (Mat. 6:13) Sɛ nnipa baanu a wɔayɛ aware nhyehyɛe de hokwan no hyiam wɔ mmeae a atew ne ho a, sɔhwɛ no yɛ kɛse. (1 Kor. 10:12) Ɛyɛ nea nyansa wom bere nyinaa sɛ mobɛma obi aka mo ho anaa mubehyia sɛ nnipakuw bere a moayɛ aware nhyehyɛe no. (Mmeb. 28:26) Bere a saa wiase yi kɔ so sɛe wɔ abrabɔ fam no, ɛmmra sɛ yɛn sɛ ankorankoro no, yebekura abrabɔ pa mu de ahyɛ yɛn Agya Kronkron, Yehowa, anuonyam.—Mat. 5:14-16; 1 Pet. 2:12.