Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Yɛde The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no bɛka New World Translation ho ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1984 reba a ebia mo asafo no wɔ. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Survival Into a New Earth ama. February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! Wubetumi nso de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ebi wɔ mo asafo no mu adi dwuma.
◼ Wɔrekae asafo ahorow a wonnya nkraa 1997 Calendar of Jehovah’s Witnesses, 1997 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa 1997 ne 1996 Engiresi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔaka abom no sɛ wɔnyɛ saa. Saa nhoma ahorow yi yɛ nhoma a wɔnkra ngu hɔ, na ɛsɛ sɛ wɔkra ma wɔn a wohia bi nkutoo.
◼ Monhwɛ nhu sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara wɔ January 1. Afe asɛm no ne: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde.”—Dwom 143:10, NW.
◼ Wɔremmue Betel Memeneda, January 25, 1997. Yɛsrɛ mo, obiara nnkɔ hɔ.
◼ Ɛbere aso sɛ yɛsan hyehyɛ “Medical Directive Card” ne “Identity Card” no foforo January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔasan ahyehyɛ wɔn ankasa “Medical Directive Card” foforo ne “Identity Card” ama wɔn mma nkumaa biara a ebia wɔwɔ no.