Nkɔso a Onyankopɔn Ma Yenya no Ho Ahurusi a Yebedi
1 Ná afeha a edi kan mu Kristofo no yɛ Ahenni asɛnkafo a wɔyɛ nsi. Wodii ahurusi bere a ‘asafo ahorow no dɔe daa’ no. (Aso. 16:5) Asɛm no a wɔkaa no akokoduru so no trɛw kɔɔ Asia, Europa, ne Afrika, na ɛma wonyaa agyidifo pii.
2 Yesu ka siei sɛ nna a edi akyiri no mu no, asɛnka adwuma no bɛtrɛw adu ‘wiase nyinaa ne amanaman nyinaa mu’! (Mat. 24:14) Wɔ 1996 ɔsom afe no mu no, yɛkɔɔ so nyaa nkɔanim nwonwaso ahorow ne adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo ho amanneɛbɔ fii nsase a ɛwɔ wiase nyinaa so. Wɔatew asafo afoforo pii. Saa nkɔso a aba ntɛmntɛm yi ama ɛho abehia sɛ wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa foforo ɔhaha pii na wɔtrɛw baa dwumadibea ahorow bi mu.
3 August 1996 Yɛn Ahenni Som no de adansi adwuma akɛse a ɛrekɔ so wɔ Afrika ho amanneɛbɔ mae. Dwumadi a ɛte saa ara rekɔ so wɔ Latin America nyinaa. Wɔ 1996 ɔsom afe no mu no, Mexico bɔɔ adawurubɔfo dodow a ɛda nsow sen biara 470,098 ho amanneɛ, na sɛ wokyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔyɛɛ Bible adesua ahorow 600,751, na ɛmaa ɛho behiae sɛ wɔtew asafo afoforo 466! Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobewie wɔn baa dwumadibea ntrɛwmu no wɔ 1998 awiei. Nkɔanim a ɛte saa a wɔrenya wɔ aman foforo pii mu no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ teokrase adansi adwuma no gyae.
4 Adansi ho ka kɔ soro wɔ baabiara, na yɛn nuanom a wɔwɔ nsase pii so nni sika ne nneɛma pii a wobetumi de ayi ntoboa. Nanso, esiane nsi kɛse a wɔwɔ ma Yehowa som adwuma nti, akyinnye biara nni ho sɛ wɔrenya honhom fam nkɔso, na wɔredɔɔso. Mmebusɛm 28:27 ma yɛn awerɛhyem sɛ “nea ɔma ohiani no, ɛrenhia no.” Ɔpɛ a yenya sɛ yebetua saa adansi ho ka yi ma yenya honam fam nneɛma “pɛpɛɛpɛ,” na ɛma obiara nya anigye a ɛwɔ ɔma mu ne ahosɛpɛw a ɛwɔ nkɔso a efi Yehowa a yehu mu no mu kyɛfa!—2 Kor. 8:14, 15; Aso. 20:35.
[Kratafa 3 mfonini]
Paraguay Baa Dwumadibea
Ecuador Baa Dwumadibea
Mexico Baa Dwumadibea no a Wɔretrɛw Mu
Dominican Republic Baa Dwumadibea
Brazil Baa Dwumadibea a Wɔatrɛw Mu
[Kratafa 4 mfonini]
Uruguay Baa Dwumadibea a Wɔresi
[Kratafa 4 mfonini]
Ahenni Asa ahorow a ne bo nyɛ den a wosisi wɔ Latin America
1. Brazil
2. Nicaragua
3. Chile
4. Colombia
5. Mexico
6. Brazil
7. Peru
8. Venezuela
9. Mexico