Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/96 kr. 3-4
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 12/96 kr. 3-4

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

September 2 besi December 23, 1996 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Elisabet yɛ Yuda abusua no muni te sɛ ne busuani Maria. [11, it-1 kr. 719 nky. 3]

2. “Apataa kɛse” biara nni hɔ a ebetumi amene onipa mũ no nyinaa. (Yona 1:​17) [11, si kr. 153 nky. 4]

3. Ná Epafras ne Epafrodito nyinaa yɛ ɔsomafo Paulo ahokafo. [13, 14, it-1 kr. 731 nky. 4-5]

4. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 9:​24, 25 no twe adwene si Yesu awo so. [6, kl kr. 36 nky. 8]

5. Ebed-melek, Etiopiani piani no na ɔboa yii Yeremia fii Malkia abura a na atɛkyɛ wom no mu. [3, it-1 kr. 672 nky. 9]

6. Henok anhu owu efisɛ wɔfaa no anikann kɔɔ soro. (Gen. 5:​24) [12, it-1 kr. 729 nky. 10]

7. Ná Hosea nkɔmhyɛ no fa Yuda mmusuakuw abien ahenni no ho titiriw. [5, si kr. 144 nky. 8]

8. Ahwehwɛde a edi kan na ama obi atumi asom wɔ Amantam Adansi Boayikuw no mu ne sɛ ɔbɛyɛ obi a onim dan si yiye na ɔwɔ ho nimdeɛ. [3, jv kr. 326 nky. 1]

9. Sɛnea Sefania 3:9 kyerɛ no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ biako wɔ wiase foforo no mu efisɛ wɔn nyinaa bɛka kasa koro​—Hebri. [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 89 6/1 kr. 30.]

10. Elihu yɛɛ ne ho sɛ adamfo pa denam Hiob afã a ogyinae so. [7, it-1 kr. 710 nky. 3-4]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔfrɛ beae titiriw a asafo ahorow hyiam wɔ wiase nyinaa no Ahenni Asa, na na ɛhe na ɔdan a wodii kan maa no saa din yi wɔ? [2, jv kr. 319 nky. 2]

12. Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na Hebrifo baasa no kae a ɛda no adi sɛ na osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no nnyina ɔsoro ahobammɔ ne ogye a wobenya so? (Dan. 3:​16-​18) [4, si kr. 141 nky. 19]

13. Kyerɛwsɛm bɛn na ɛka baabi a wɔbɛwo Mesia no? [12, si kr. 156 nky. 6]

14. Dɛn nti na ahoɔdenne a wɔyɛ wɔ Yesu din mu no nyɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ anaasɛ ɔpene so? [13, kl kr. 46 nky. 6-7]

15. Dɛn nti na Yehowa Adansefo mmɔ mpae sɛ Onyankopɔn mfa akodi ne aduankɔm mmra awiei seesei ara, na onsiw ɔtaa nyinaa ano? [1, jv kr. 317 nky. 4]

16. Akwan bɛn so na Ɔhemaa Ester daa ahosodi adi? [16, it-1 kr. 761-2 nky. 13]

17. Ɛwom sɛ na Eli yɛ ɔsɔfopanyin wɔ Israel de, nanso ne mmerɛwyɛ bɛn na ɔkɔɔ so daa no adi wɔ ne mmabarima no ho, na dɛn na ɛbaa wɔn so? (1 Sam. 2:​12, 29, 34) [6, it-1 kr. 706, nky. 13-14]

18. Ná hena na Dawid reka ne ho asɛm wɔ Dwom 52:​2, 3 no, na dɛn nti na na ɔtan saa nipa yi saa? [1, it-1 kr. 644 nky. 2-3]

19. Wɔ Hagai 2:9 no, na asɔrefie bɛn na ɛyɛ “akyiri de no,” na na nea ɛwɔ he ne “kan de no,” na dɛn nti na na “akyiri de no” anuonyam sõ sen “kan de no”? [17, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 6/1 kr. 30.]

20. Ná dɛn na Hosea 14:2 rehyɛ Israelfo no nkuran sɛ wɔnyɛ, na ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ma saa nkɔmhyɛ no nya mmamu nnɛ? (Heb. 13:15) [7, Dapɛn biara Bible akenkan; see wTW 94 9/15 kr. 10 nky. 1-2.]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Odiyifo ․․․․․․․․ frɛɛ ․․․․․․․․ mogyahwiegu kurow bere a ․․․․․․․․ wiee adwuma a Onyankopɔn de maa no wɔ hɔ akyi bɛyɛ mfe 200 no. [11, 14, si kr. 154 nky. 10, kr. 160 nky. 10]

22. Ehia sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ․․․․․․․․ mu, na yɛma koma a gyidi ne ɔdɔ ayɛ no mã kanyan yɛn; ɛsɛ sɛ yɛsom no ․․․․․․․․ nso denam N’asɛm a yebesua so. [12, kl kr. 45 nky. 4]

23. Odiyifo ․․․․․․․․ kyerɛɛ Ɔhene ․․․․․․․․ sɛ ɔmma ɔne ․․․․․․․․ adiyifo 450 no nhyiam, na nea efi mu bae no daa no adi sɛ Yehowa ne Nokware Nyankopɔn no, na obua ․․․․․․․․. (Yak. 5:​16, 17) [8, it-1 kr. 711 nky. 1-2]

24. Kristofo nhwɛso a Yudani bea ․․․․․․․․ ne ne babarima ․․․․․․․․ yɛe no kyerɛ sɛ wɔn a wɔte afie a ․․․․․․․․ mu no betumi atete wɔn mma yiye ma wɔasuro Yehowa. [17, it-1 kr. 767 nky. 7]

25. Adanse ahorow abiɛsa a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia no ne (1) ․․․․․․․․, (2) ․․․․․․․․, ne (3) ․․․․․․․․. [5-8, kl kr. 34-8 nky. 6-​10]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Amos (8:​11; 9:​2, 3; 9:​11, 12) ase a afeha a edi kan mu sodikuw tee no boaa wɔn ma wohui sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔbɛboaboa wɔn a wɔnyɛ Israelfo no ano aba Kristofo asafo no mu. (Aso. 15:​13-19) [10, si kr. 150 nky. 16]

27. Bere a Yehowa frɛɛ (Amos; Yoel; Habakuk) no, na ɔnyɛ odiyifo anaa odiyifo ba, na mmom na ɔyɛ nguanyɛnfo ne obi a ɔtew (nkeresia; borɔdɔma; ngodua) aba. [9, si kr. 148 nky. 1]

28. Owusɔre a edi kan a wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔsomafo bi yɛe no sii bere a (Yohane; Petro; Paulo) kɔɔ Yopa konyan (Dorka; Lidia; Eutiko) fii awufo mu no. [2, it-1 kr. 646 nky. 7-8]

29. Wɔ “awerɛkyekyefo” baasa no mu no, (Bildad; Elifas; Sofar) kasae pii, na ɛda adi sɛ na ɔwɔ nkɛntɛnso sen biara, a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔno nso na (ɔwɔ sika sen wɔn nyinaa; onim nyansa sen biara; wanyin sen wɔn nyinaa). [9, it-1 kr. 713 nky. 17]

30. Wɔtoo (Yosef; Ismael; Yakob) nuabarima a na ɔne no yɛ nta no din Esau efisɛ na (ɔyɛ abakan; ɔyɛ ɔbɔfo; ne ho wɔ nhwi pii), na akyiri yi obenyaa edin (Nimrod; Edom; Baal) fii asɛdua kɔkɔɔ abom a ɔtɔn n’abakan de gyei no mu. [15, it-1 kr. 759 nky. 1]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim: 2 Ahe. 2:​23, 24; Sef. 2:3; Fil. 2:​25-​30; Yak. 1:​26, 27; 1 Yoh. 2:​15-​17

31. Nea ɛbɛyɛ na yɛn som asɔ Onyankopɔn ani no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea wiase nneyɛe nguu ho fĩ nko, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea nneɛma a Onyankopɔn bu no sɛ ɛho hia nyinaa ka ho nso. [17, kl kr. 51 nky. 20]

32. Sɛ mmofra ankyerɛ obu amma Yehowa nokware asomfo a, ɔde ho asodi to wɔn so. [10, it-1 kr. 715 nky. 1]

33. Ɛbere ne akwanhyia to Yehowa asomfo anokwafo mpo. [14, it-1 kr. 731 nky. 5]

34. Sɛ́ nokware Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛkwati nneyɛe a ɛda wiase bɔne a yɛwom no honhom adi. [15, kl kr. 50 nky. 17]

35. Yɛrentumi mmu Onyankopɔn mmɔborohunu ­animtiaa. [16, si kr. 165 nky. 11]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena