March Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase March 4
Dwom 1
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: “Hyira Yehowa ‘Daa Nyinaa.’” Nsemmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 2-5 sɛnea bere bɛma kwan. Fa akwampae boafo ne daa akwampae adwuma no ho nkuranhyɛ pa ma.
20 min: “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu Nhoma no a Yɛde Bɛma.” Fi anigye mu hyɛ nyansa sɛ wɔmfa nhoma foforo no mma nkurɔfo, titiriw wɔn a wɔkyerɛɛ anigye bere bi a atwam no. Mommɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho nkɔmmɔ, na ma wɔnyɛ eyinom biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 11
Dwom 164
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
20 min: “Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso—Ɔfã 3.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛw wɔn din, na wonyi wɔn yam nyɛ wɔn dwumadi ahorow. Kyerɛ ɔkwan a wɔfa so bobɔ edin ahorow a ɛwɔ Bible mu wɔ Engiresi kasa mu sɛnea ɛwɔ “All Scripture” nhoma no nkratafa 325-6, nkyekyem 27-8 no mu fann. Afei nso kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɔ “ch” nkyerɛwde a ɛwɔ edin ahorow mu no ma egyigye wɔ anom te sɛ “k.” (Gye sɛ Rachel na wɔmma “ch” no mpue papa.) Bɔ Luka 3:23-38 no fã bi wɔ Asafo ti no kasɛt so (sɛ ebi wɔ hɔ a), na ma atiefo nkenkan wɔn Bible nni akyi, fa yɛ ɔkwan a wɔfa so bobɔ din no ho mfatoho.
15 min: Monyɛ Nneɛma Mmom sɛ Abusua. Agya ne n’abusua bɔ nkɔmmɔ wɔ hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nneɛma bom a egyina September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-19 so no ho. Fa adwene si abusua adesua ne asuafoyɛ adwuma no so. Da sɛnea nnɛyi mmusua mu retete esiane sɛ wonnya bere pii mma wɔn ho na wonni biribi a wɔbom yɛ koraa nti no adi. Ɛyɛ nhyira ma Kristofo abusua no sɛ wɔbɛbom asua Onyankopɔn Asɛm na wɔayɛ Kristofo som adwuma no. Si hia a ɛho hia sɛ agya no bɛyɛ saa nneɛma yi ho nhyehyɛe pa na ɛna no nso ne no ayɛ biako no so dua. Ɛsɛ sɛ mmofra kyerɛ honhom fam dwumadi ahorow ho anigye, ne wɔn awofo bom yɛ adwuma. Abusua no bɛyɛ biako na ahyɛ wɔn den ma wɔagyina wiase nneyɛe ho nhyɛso horow a ɛreyɛ kɛse no ano.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 18
Dwom 6
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne nkurɔfo sua ade no hyɛ afoforo a wɔrenya nkɔso kɛse wɔ wɔn Bible adesua mu no nkuran ma wɔyere wɔn ho bɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Awofo nso betumi aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ adawurubɔfo. Ka ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa ho nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no nkratafa 97-100 no ho asɛm.
15 min: Ka 1996 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no mu Nsɛntitiriw. Abusua bi bɔ yɛn wiase nyinaa adwuma no ho nsɛm a ɛyɛ anigye a epue wɔ nkratafa 3-5 ne 33 ho nkɔmmɔ. Wogye tom sɛ da biara da wɔbɛbɔ mmɔden abom akenkan Yearbook no nkratafa dodow bi bere a wɔasusuw Bible kyerɛwsɛm a wɔde ama wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu ho awie no.
20 min: “San Kɔ Wɔn a Wɔkyerɛɛ Anigye no Hɔ.” Ka nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho asɛm, na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ sankɔhwɛ ahorow a botae no ne sɛ obefi Bible adesua ahorow ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.
Dwom 44 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 25
Dwom 5
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” ho asɛm. Kyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ yɛkɔ. (Hwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 25-27.) Ka nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde bɛboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, ne wɔn a wɔyɛ foforo a wɔbɛba bi no. Ka nhyehyɛe a wɔayɛ ama asɛnka adwuma kɛse wɔ dapɛn a ɛreba no mu ho asɛm. Afei nso ka asɛm a ɛne sɛ, “Faako a Woyi Ahɔhoyɛ Adi Kyerɛ Wɔn a Wonnim Wɔn,” a ɛwɔ October 8, 1995 Nyan! no kratafa 22 no ho asɛm.
15 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Kyerɛ nneɛma a ɛka yɛn ma yeyi adɔe adi, sɛnea wɔada no adi wɔ January 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-17 no.
15 min: “Ahosiesie—Ade a Ɛde Nkonimdi Ba.” Nsemmisa ne mmuae. Kyerɛ sɛ yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa wɔ April ne May mu. Yɛ ahosiesie saa bere yi denam nsɛmma nhoma a wubegye bi aka nea wugye daa no ho, nkratasin a wɔhyehyɛ de kra a wubegye bi, ne nhyehyɛe a wobɛyɛ de wo ho ahyɛ asafo no Nsɛmma Nhoma Ɔsatu mu a botae no ne sɛ wobɛma nkurɔfo akra bi no so.
Dwom 7 ne mpaebɔ a wɔde wie.